Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 24
  • Yosef Sɔ Ne Nuanom Hwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yosef Sɔ Ne Nuanom Hwɛ
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Werɛ Amfi Yosef Da
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Mɛtumi Agyina Onyankopɔn Ananmu Anaa?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nkwa So A Wɔkora Wɔ Ɔkɔm Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 24
Yosef nkoa a wɔyɛ Misraimfo no akohu Yosef dwetɛ kuruwa no wɔ ne nuanom biako kotoku mu

ASƐM 24

Yosef Sɔ Ne Nuanom Hwɛ

YOSEF pɛe sɛ ohu sɛ ne nuanom mpanyimfo 10 no da so kura atirimɔden adwene. Enti ɔkae sɛ: ‘Moyɛ akwansrafo. Moaba sɛ mobɛhwɛ ɔkwan a mubetumi afa so abɛfa yɛn man yi.’

Wɔkae sɛ: ‘Dabi, ɛnte saa. Yɛn ho nyɛ hu. Yɛn nyinaa yɛ anuanom. Ná yɛyɛ 12. Nanso yɛn mu biako nni hɔ bio, na nea osua koraa no ne yɛn papa wɔ fie.’

Yosef yɛɛ sɛnea onnye wɔn nni. Ɔde wɔn nua a wɔfrɛ no Simeon no kɔtoo afiase, na ɔmaa wɔn a aka no de aduan san kɔɔ fie. Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ moresan aba a, momfa mo nua a osua koraa no mmra.’

Bere a wɔsan kɔɔ fie wɔ Kanaan no, anuanom no kaa nea esii nyinaa kyerɛɛ wɔn papa Yakob. Yakob werɛ howee. Osu kae sɛ: ‘Yosef nni hɔ bio, na Simeon nso kɔ. Meremma momfa me ba Benyamin a ɔyɛ kaakyire no nkɔ.’ Nanso bere a wɔn aduan no fii ase sɛ ɛresa no, na ɛsɛ sɛ Yakob ma wɔde Benyamin kɔ Misraim na wɔatumi anya aduan bio.

Yosef hui sɛ ne nuanom no reba. N’ani gyei sɛ ohuu ne nua kumaa Benyamin. Nanso na wɔn mu biara nnim sɛ saa nipa titiriw yi yɛ Yosef. Afei Yosef yɛɛ biribi de sɔɔ ne nuanom 10 no hwɛe.

Ɔmaa ne nkoa no de aduan hyehyɛɛ wɔn nkotoku no amama. Nanso bere a wonnim no, ɔma wɔhyɛɛ da de ne dwetɛ kuruwa kɔhyɛɛ Benyamin kotoku mu. Bere a wɔn nyinaa siim na wɔkɔɔ kakraa no, Yosef somaa ne nkoa dii wɔn akyi. Wɔkɔtoo wɔn no, nkoa no kae sɛ: ‘Dɛn nti na moawia yɛn wura dwetɛ kuruwa no?’

Anuanom no nyinaa kae sɛ: ‘Yenwiaa ne kuruwa. Sɛ muhu kuruwa no wɔ yɛn mu bi nneɛma mu a, munkum saa nipa no.’

Enti nkoa no hwehwɛɛ wɔn nkotoku no nyinaa mu, na wohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku no mu, sɛnea wuhu wɔ ha no. Nkoa no kae sɛ: ‘Mo nyinaa betumi akɔ, na Benyamin de, yɛne no bɛsan akɔ.’ Dɛn na n’agya mma 10 no bɛyɛ afei?

Wɔn nyinaa ne Benyamin san baa Yosef fi. Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ: ‘Mo nyinaa mubetumi akɔ fie, na Benyamin de, ɛsɛ sɛ ɔtra ha sɛ m’akoa.’

Afei Yuda kasae, na ɔkae sɛ: ‘Sɛ mekɔ fie na abofra no nka ho a, me papa bewu efisɛ ɔpɛ n’asɛm yiye. Enti mesrɛ wo, ma mentra ha sɛ w’akoa, na ma abofra no nkɔ fie.’

Yosef hui sɛ ne nuanom no asakra. Wɔnyɛ atirimɔdenfo sɛ kan no. Ma yɛnhwɛ nea Yosef yɛe afei.

Genesis 42:9-38; 43:1-34; 44:1-34.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena