Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 26
  • Hiob Di Nyankopɔn Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hiob Di Nyankopɔn Nokware
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Hiob Yɛ Onipa Bɛn?
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Merennyaa Me Mũdi Mu Da!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Wo Ho Wɔ Ɔsɛmpɔw Bi A Ɛho Hia Mu
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 26
Hiob asan asi ne dedaw mu, na ɔne ne yere, ne mma, ne ne nnamfo nyinaa ani agye

ASƐM 26

Hiob Di Nyankopɔn Nokware

SO ƆYAREFO yi ade yɛ wo mmɔbɔ? Wɔfrɛ no Hiob, na ɔbea no yɛ ne yere. Wunim nea ɔreka akyerɛ Hiob? ‘Dome Onyankopɔn na wu.’ Ma yɛnhwɛ nea enti a ɔbɛka asɛm a ɛte saa, ne nea enti a Hiob huu amane saa.

Hiob yɛ gyidini a otiee Yehowa. Na ɔte Us asase a ɛbɛn Kanaan no so. Na Yehowa dɔ Hiob yiye, nanso na obi wɔ hɔ a ɔtan no. Wunim saa nipa no?

Ɔne Satan Ɔbonsam. Kae sɛ Satan ne ɔbɔfo bɔne a ɔtan Yehowa no. Otumi maa Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden, na osusuwii sɛ obetumi ama obiara ayɛ Yehowa so asoɔden saa ara. Na so otumi yɛɛ saa? Dabi. Wo de susuw mmarima ne mmea anokwafo pii a yɛasua wɔn ho ade no ho hwɛ. Wɔn mu baahe na wubetumi abobɔ wɔn din?

Bere a Yakob ne Yosef wui wɔ Misraim akyi no, Hiob ne obi a na ogye Yehowa di sen biara wɔ asase nyinaa so. Yehowa pɛe sɛ Satan hu sɛ ɔrentumi mma nnipa nyinaa mfa ɔkwammɔne so, enti ɔkae sɛ: ‘Hwɛ Hiob. Hwɛ sɛnea odi me nokware.’

Satan kae sɛ: ‘Odi wo nokware efisɛ woahyira no na ɔwɔ nneɛma pa pii. Na sɛ wuyi eyinom fi hɔ a, ɔbɛdome wo.’

Enti Yehowa kae sɛ: ‘Kɔ so. Yi fi hɔ. Yɛ Hiob bɔne biara a wopɛ. Na yebehu sɛ ɔbɛdome me anaa. Hwɛ sɛ wunkum no mmom.’

Yare bɔne a abɔ Hiob no ama ne yere abam abu

Nea edi kan no, Satan ma wobewiaa Hiob anantwi ne ne yoma, na okunkum ne nguan nso. Afei ɔmaa ahum kɛse kunkum ne mmabarima ne ne mmabea 10. Afei Satan de ɔyare bɔne bi baa Hiob so. Hiob huu amane pii. Ɛno nti na Hiob yere ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Dome Onyankopɔn na wu.’ Nanso na Hiob renyɛ saa. Na, nnipa baasa a wɔyɛɛ wɔn ho sɛ ne nnamfo bɛka kyerɛɛ no sɛ wayɛ bɔne bi. Nanso Hiob kɔɔ so dii nokware.

Eyi maa Yehowa ani gyei, na akyiri yi ohyiraa Hiob, sɛnea wutumi hu wɔ mfonini yi mu no. Ɔsaa no yare. Hiob woo mma 10 foforo a wɔn ho yɛ fɛ, na onyaa anantwi, nguan ne yoma a na ɔwɔ no mmɔho.

Wubedi Yehowa nokware daa te sɛ Hiob anaa? Sɛ woyɛ saa a Onyankopɔn behyira wo nso. Bere a asase so nyinaa ayɛ fɛfɛɛfɛ te sɛ Eden turo no, wubetumi atra so daa.

Hiob 1:1-22; 2:1-13; 42:10-17.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena