Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 35
  • Yehowa De Ne Mmara Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa De Ne Mmara Ma
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Wura a Ɛredɛw
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Mose—Sɛnea N’asetra Ka Wo
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 35
Mose regye Onyankopɔn mmara no wɔ Bepɔw Sinai so

ASƐM 35

Yehowa De Ne Mmara Ma

WOFII Misraim no akyi bɛyɛ asram abien no, Israelfo beduu Bepɔw Sinai a wɔsan frɛ no Horeb ho. Saa beae yi ara na Yehowa fi wura a na ɛredɛw mu kasa kyerɛɛ Mose no. Nkurɔfo no traa ha kakra.

Bere a nkurɔfo no retwɛn wɔ ase hɔ no, Mose foro kɔɔ bepɔw no so. Bepɔw no so no Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔpɛ sɛ Israelfo tie no na wɔbɛyɛ ne nkurɔfo titiriw. Bere a Mose sian bae no, ɔkaa nea Yehowa kae no kyerɛɛ Israelfo. Na nkurɔfo no kae sɛ wobetie Yehowa, efisɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ ne nkurɔfo.

Afei Yehowa yɛɛ anwonwade bi. Ɔmaa bepɔw no atifi fii wusiw, na aprannaa boboom. Ɔkasa kyerɛɛ nkurɔfo no nso sɛ: ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim.’ Na ɔhyɛe sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ mosom onyame foforo ka me ho.’

Onyankopɔn de mmara nsɛm akron foforo maa Israelfo. Ehu kaa nkurɔfo no. Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Kasa kyerɛ yɛn, efisɛ yesuro sɛ sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛ yɛn a yebewuwu.’

Akyiri yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Foro bra me nkyɛn bepɔw yi so. Mede abopon abien mɛma wo a makyerɛw mmara nsɛm a mepɛ sɛ nkurɔfo no di so no wɔ so.’ Enti Mose foro kɔɔ bepɔw no so bio. Ɔtraa hɔ awia ne anadwo adaduanan.

Ná Onyankopɔn wɔ mmara pii ma ne nkurɔfo. Mose kyerɛw eyinom. Onyankopɔn san de abopon abien no maa Mose. Onyankopɔn ankasa kyerɛw mmara 10 a ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa no wɔ so. Wɔfrɛ no Mmara Nsɛm Du.

Mmara Nsɛm Du no yɛ mmara a ɛho hia. Na saa ara nso na mmara horow a Onyankopɔn de maa Israelfo no ho hia. Eyinom mu biako ne sɛ: ‘Fa wo koma nyinaa, w’adwene nyinaa, wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Biako nso ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ w’ankasa wo ho.’ Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, kae sɛ eyinom ne mmara a Yehowa de maa ne nkurɔfo Israel no mu akɛse abien. Akyiri yi yebesua Onyankopɔn Ba no ne ne nkyerɛkyerɛ ho ade pii.

Exodus 19:1-25; 20:1-21; 24:12-18; 31:18; Deuteronomium 6:4-6; Leviticus 19:18; Mateo 22:36-40.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena