Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 71
  • Onyankopɔn Hyɛ Paradise ho Bɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Hyɛ Paradise ho Bɔ
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Adɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Asase So?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Nea Enti a Wɔn Fie no Fii Wɔn Nsa
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 71
Paradise a Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no, nnipa bi wɔ hɔ, na wɔn ani agye

ASƐM71

Onyankopɔn Hyɛ Paradise ho Bɔ

SAA mfonini yi betumi ayɛ te sɛ paradise a Onyankopɔn de kyerɛɛ ne diyifo Yesaia no. Yona akyi bere tiaa bi na Yesaia bae.

Paradise kyerɛ “turo” anaa “anigyebea.” So ɛkae wo biribi a yɛahu wɔ nhoma yi mu dedaw anaa? Ɛte sɛ turo fɛfɛ a Yehowa Nyankopɔn yɛ maa Adam ne Hawa no, ɛnte saa anaa? Nanso so asase nyinaa bɛdan paradise da bi?

Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo Yesaia sɛ ɔnkyerɛw paradise foforo a ɛreba ama Onyankopɔn nkurɔfo ho asɛm. Ɔkae sɛ: ‘Habɔdɔm ne oguan bɛtra asomdwoe mu. Nantwi mma ne gyata mma bɛbom adidi, na mmofra nketewa ahwɛ wɔn so. Sɛ abofra di ɔwɔ a n’ano wɔ bɔre ho agoru mpo a, ɔrenyɛ no hwee.’

Nnipa pii bɛka sɛ: ‘Eyi rentumi mma da. Ɔhaw wɔ asase so bere nyinaa, na ɛbɛkɔ so ara.’ Nanso dwen ho hwɛ: Ofie bɛn na Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa?

Onyankopɔn de Adam ne Hawa traa paradise. Esiane sɛ wɔantie Onyankopɔn nti na wɔn fie fɛfɛ no bɔɔ wɔn, wɔbɔɔ akwakoraa ne aberewa na wowui. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de nneɛma a efii Adam ne Hawa nsa no ama nnipa a wɔdɔ no.

Paradise foforo a ɛreba no mu no hwee renhaw adwene anaasɛ ɛnsɛe ade. Asomdwoe a edi mu bɛba. Nnipa nyinaa benya ahoɔden ne anigye. Ɛbɛyɛ sɛnea na Onyankopɔn pɛ sɛ ɛyɛ fi mfiase no. Nanso akyiri yi yebesua ɔkwan a Onyankopɔn nam so de eyi bɛba.

Yesaia 11:6-9; Adiyisɛm 21:3, 4.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena