Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 72
  • Onyankopɔn Boa Ɔhene Hesekia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Boa Ɔhene Hesekia
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wotua Ɔhene Bi Gyidi So Ka
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Nguanhwɛfo Baason, Abirɛmpɔn Baawɔtwe​—Dɛn na Ɛkyerɛ Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • “Ɔbataa Yehowa Ho”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yehowa Bɔfo Bɔɔ Hesekia Ho Ban
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 72
Ɔhene Hesekia de nkrataa a Asiria hene akyerɛw abrɛ no no agu Yehowa afɔremuka anim, na wabu nkotodwe rebɔ Yehowa mpae

Asɛm 72

Onyankopɔn Boa Ɔhene Hesekia

WUNIM nea enti a ɔbarima yi rebɔ Yehowa mpae? Dɛn nti na watrɛtrɛw nkrataa yi mu agu Yehowa afɔremuka no anim? Ɔbarima no yɛ Hesekia. Ɔyɛ kesee fam Israel mmusuakuw abien ahemman no hene. Na ne ho akyere no pii. Dɛn ntia?

Efisɛ na Asiria dɔm no adi kan asɛe kusuufam mmusuakuw 10 no. Yehowa maa kwan ma eyi bae efisɛ na wɔyɛ nnipa bɔne. Na afei na Asiria dɔm no ne mmusuakuw abien ahenni no rebɛko.

Asiria hene no de nkrataa abrɛ Ɔhene Hesekia. Saa nkrataa no na Hesekia atrɛw mu agu Onyankopɔn anim yi. Nkrataa no di Yehowa ho fɛw, na wɔka kyerɛ Hesekia sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ wɔn ase. Eyi nti na Hesekia bɔ mpae sɛ: ‘O Yehowa, gye yɛn fi Asiria hene nsam. Na amanaman behu sɛ wo nkutoo ne Nyankopɔn.’ So Yehowa betie Hesekia?

Hesekia yɛ ɔhempa. Ɔnte sɛ mmusuakuw 10 Israel ahemman no ahemmɔne no, anaa te sɛ n’agya Ɔhene Ahas. Hesekia abɔ mmɔden adi Yehowa mmara nyinaa so. Enti bere a Hesekia bɔɔ mpae wiei no, odiyifo Yesaia kɔkaa asɛm a efi Yehowa nkyɛn kyerɛɛ no, sɛ: ‘Asiria hene remma Yerusalem. N’asraafo no mu biara remmɛn hɔ mpo. Na ɔrentow agyan biako mpo mma kurow no mu.’

Asraafo a wɔwɔ Asiriafo asoɛe no awuwu, na wɔn afanu sam hɔ

Hwɛ mfonini a ɛwɔ ha yi. Wunim asraafo a wɔawuwu yi? Wɔne Asiriafo no. Yehowa somaa ne bɔfo, na anadwo biako okunkum Asiriafo asraafo 185,000. Enti Asiriafo hene no san kɔɔ ne kurom.

Wogyee mmusuakuw abien ahemman no, na nkurɔfo no nyaa asomdwoe kakra. Nanso Hesekia wui no ne ba Manase bedii hene. Manase ne ne ba Amon bɛyɛɛ ahemmɔne. Enti nsɛmmɔnedi bae bio. Bere a Ɔhene Amon ankasa asomfo kum no no, ne ba Yosia bedii mmusuakuw abien ahemman no so hene.

2 Ahene 18:1-36; 19:1-37; 21:1-25.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena