Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 88
  • Yohane Bɔ Yesu Asu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yohane Bɔ Yesu Asu
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔbɔɔ Yesu Asu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Asubɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yesu Fii Ase Pɛɛ Asuafo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Bɛyɛɛ Mesia No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 88
Yohane abɔ Yesu asu awie, na ɔrefi Yordan Asubɔnten mu apue

ASƐM 88

Yohane Bɔ Yesu Asu

HWƐ aborɔnoma a ɔresian aba ɔbarima no atifi no. Ɔbarima no yɛ Yesu. Afei wadi bɛyɛ mfe 30. Na ɔbarima a ɔka ne ho no yɛ Yohane. Yɛaka ne ho asɛm bi dedaw. Wokae bere a Maria kɔsraa ne busuani Elisabet na abofra a ɔwɔ Elisabet yam no de anigye huruwii no? Na saa abofra a wɔnwoo no no yɛ Yohane. Na dɛn na Yohane ne Yesu reyɛ wɔ ha yi?

Ná Yohane de Yesu ahyɛ Yordan Asubɔnten yi mu bere tiaa bi a atwam ni. Sɛnea wɔbɔ onipa asu nen. Nea edi kan no, wɔde no hyɛ nsu no ase, na wɔma no so bio. Esiane sɛ na eyi na Yohane yɛ nti, wɔfrɛɛ no Yohane Osuboni. Na dɛn nti na Yohane bɔɔ Yesu asu?

Yohane yɛɛ saa efisɛ Yesu baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔmmɔ no asu. Na Yohane bɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔanu wɔn ho wɔ nneɛma bɔne a wɔayɛ ho no asu. Nanso so Yesu yɛɛ bɔne bi pɛn a na ɛsɛ sɛ onu ne ho wɔ ho? Dabi, Yesu anyɛ bɔne da, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn ankasa Ba a ofi soro. Enti biribi foforo nti na ɔkae sɛ Yohane mmɔ no asu. Ma yɛnhwɛ nea enti.

Honhom kronkron a ayɛ sɛ aborɔnoma resian afi soro

Ansa na Yesu reba Yohane nkyɛn no na ɔyɛ duadwumfo. Duadwumfo yɛ obi a ɔde nnua yɛ nneɛma te sɛ apon, nkongua ne ade. Ná Maria kunu Yosef yɛ duadwumfo, na ɔkyerɛɛ Yesu nso. Nanso Yehowa ansoma ne Ba no sɛ ɔmmɛyɛ duadwumfo. Na ɔwɔ adwuma titiriw bi ma no, na na bere adu sɛ Yesu fi ase. Enti sɛnea ɛbɛyɛ na wakyerɛ sɛ afei de ɔrebɛyɛ n’Agya apɛde no, Yesu kae sɛ Yohane mmɔ no asu. So Onyankopɔn ani gyee eyi ho?

Yiw, efisɛ bere a Yesu fii nsu no mu no, nne bi fi soro kae sɛ: ‘Oyi ne me Ba a ɔsɔ m’ani.’ Afei nso, ɛyɛɛ sɛnea ɔsoro abue, na aborɔnoma sian baa Yesu so. Nanso na ɛnyɛ aborɔnoma ankasa. Na ɛte saa ara kwa. Na ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron.

Afei de na nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Yesu susuw ho, enti ɔno nkutoo kɔhyɛɛ baabi adaduanan. Satan kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Satan bɔɔ mmɔden mprɛnsa sɛ ɔbɛma Yesu ayɛ biribi a ɛtõ Onyankopɔn mmara. Nanso Yesu anyɛ saa.

Ɛno akyi no, Yesu san bae na obehyiaa mmarima a wɔbɛyɛɛ n’akyidifo anaa n’asuafo a wodi kan. Ebinom din ne Andrea, Petro (a wɔsan frɛ no Simon), Filipo ne Natanael (a wɔsan frɛ no Bartolomeo). Yesu ne asuafo afoforo yi kɔɔ Galilea mantam mu. Wɔ Galilea no wɔkɔɔ Natanael kurom wɔ Kana. Yesu kɔɔ apontow kɛse bi ase wɔ hɔ, na ɔyɛɛ n’anwonwade a edi kan. Wunim nea ɛyɛ? Ɔmaa nsu dan nsã.

Mateo 3:13-17; 4:1-11; 13:55; Marko 6:3; Yohane 1:29-51; 2:1-12.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena