Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 105
  • Wɔtwɛnee wɔ Yerusalem

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔtwɛnee wɔ Yerusalem
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asuafo No Nyaa Honhom Kronkron
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Pentekoste Reyɛ Adu Hɔ no, Nnipa Pii Huu No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ahoyi a Etwa To, ne Pentekoste 33 Y.B.
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Henanom Din Ne Dɛn Din Mu Na Wɔbɔ Yɛn Asu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 105
Ogya bi a ayɛ sɛ tɛkrɛma sisi asuafo no ti so

ASƐM 105

Wɔtwɛnee wɔ Yerusalem

NNIPA a wɔwɔ ha yi yɛ Yesu akyidifo. Wotiee no na wɔtraa Yerusalem. Na bere a wɔn nyinaa retwɛn no, nnyigyei kɛse bi baa dan mu hɔ. Na ɛte sɛ mframa a ano yɛ den a ɛrebɔ. Na afei ogya tɛkrɛma besisii asuafo no nyinaa atifi. Wuhu ogya a ɛwɔ wɔn mu biara atifi no? Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ?

Anwonwade bɛn ni! Ná Yesu asan kɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro, na wahwie Onyankopɔn honhom kronkron agu n’akyidifo so. Wunim nea honhom no ma wɔyɛe? Wɔn nyinaa fii ase kaa kasa foforo.

Nnipa pii a wɔwɔ Yerusalem tee nnyigyei a ɛte sɛ mframa a ano yɛ den no, na wɔbae sɛ wɔbɛhwɛ nea ɛrekɔ so. Ná nnipa no binom fi aman afoforo so aba ha esiane Israelfo Pentekoste afahyɛ no nti. Na ahɔho yi ho dwiriw wɔn! Wɔtee sɛ asuafo no reka nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn ayɛ ho asɛm wɔ wɔn kurom kasa mu.

Ahɔho no kae sɛ: ‘Nkurɔfo yi yɛ Galileafo. Na ɛyɛɛ dɛn na wotumi ka kasa afoforo a ɛyɛ aman a yefi so bae no mufo kasa yi?’

Afei Petro sɔre gyina kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn. Ɔmaa ne nne so kaa sɛnea wokum Yesu na Yehowa nyan no fii awufo mu no ho asɛm. Petro kae sɛ: ‘Afei Yesu wɔ soro wɔ Onyankopɔn nifa. Ɔno na wahwie honhom kronkron a ɔhyɛɛ ho bɔ no agu. Ɛno nti na moahu na moate nneɛma a ɛyɛ nwonwa yi.’

Na, bere a Petro kaa saa asɛm yi no, ɛyɛɛ nnipa binom yaw sɛ wɔyɛɛ Yesu saa. Wobisae sɛ: ‘Yɛnyɛ dɛn?’ Na Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mosakra mo abrabɔ na wɔbɔ mo asu.’ Enti saa da no ara wɔbɔɔ nnipa 3,000 asu ma wɔbɛyɛɛ Yesu akyidifo.

Asomafo Nnwuma 2:1-47.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena