Biako a Wɔne Sukuu Nhyehyɛe no Bɛyɛ
Yehowa Adansefo gye di sɛ nhomasua pa yɛ agyapade a ɛho hia sen biara a wobetumi de ama mma no mu biako. Nanso hena so titiriw na abofra bi ɔkyerɛkyerɛ ho asɛyɛde no da? So ɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ sukuu mu no nkutoo?
Ɛda adi sɛ saa na ebinom susuw. Nanso awofo na wɔwo mma na wɔyɛ abusua fã. Womfi Ɔman anaa nniso nhyehyɛe ahorow bi mu na ɛbae. Ne saa nti awofo na asɛyɛde a efi Nyankopɔn hɔ no da wɔn so sɛ wosi nea wɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma no ho gyinae.
Nanso, wɔ bere koro no ara mu no, sukuu akyerɛkyerɛfo yɛ adwuma a ɛsom bo na ɛsɔ ani kɛse. Na yenim sɛ nnɛ bere yi mu a sɛe ara na nteɛso kɔ so sɛe no, wɔn adwuma no nnyɛ mmerɛw. Dɛn na awofo betumi ayɛ na wɔne wɔn atumi ayɛ biako?
Awofo Biakoyɛ
Nea edi kan no, ɛho hia sɛ awofo hu wɔn mmofra no akyerɛkyerɛfo—na wɔyɛ nhyehyɛe ne wɔn hyia na wɔne wɔn kasa. Ɛda adi sɛ ɛnsɛ sɛ atirimpɔw a wɔde yɛ nhyiam no ne sɛ wɔne wɔn benya akasakasa, na mmom sɛ wɔbɛhwɛ sɛnea awofo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa betumi aka abom aboa wɔ abofra no onyin mu. Awofo ani gye sɛ wobetie bere a ɔkyerɛkyerɛfo no kasa na wɔn nso akyerɛkyerɛ nea wɔhwehwɛ ama wɔn mma no mu pefee.
Wɔ nhyiam a ɛte saa ase no, ɛsɛ sɛ agya anaa ɛna a ɔyɛ Ɔdansefo no ma ɔkyerɛkyerɛfo no hu sɛ wɔhwɛ Kristofo abrabɔ pa kwan fi wɔn mma no hɔ na sɛ mmofra no yɛ basabasa a, wɔpɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn amanneɛ. Ɛsɛ sɛ awofo ma ɔkyerɛkyerɛfo no nya awerɛhyem nso sɛ wobegyina wɔn akyi wɔ nteɛso biara a ntease wom a wɔde bɛma no mu na wɔde bi bɛka ho mpo wɔ fie.
Akwan afoforo a awofo betumi afa so aboa: Hwɛ sɛ mmofra no anya anɔpaduan a eye adi ansa na wɔakɔ sukuu. Hwɛ sɛ wɔawie adwuma a wɔde maa wɔn sɛ wɔnyɛ wɔ fie no na wɔafa wɔn nhoma ahorow no nyinaa. Kyerɛ obu ma sukuu nhyehyɛe ahorow no bere nyinaa na hwɛ sɛ mmofra no nso de obu bɛma eyinom saa ara. Ma mmofra no nka sukuu dwumadi ahorow ne nsɛnnennen biara a ebia wohyiae wɔ hɔ ho asɛm nkyerɛ wɔ fie.
Wɔ U.S. Akwahosan, Nhomasua ne Yiyedi ho Asoɛe no nhoma a wɔfrɛ no Helping Children Make Career Plans: Tips for Parents no mu no, ɛkyerɛ awofo ɔkwan a wɔbɛfa so akanyan wɔn mmofra ma wɔasua ade: “Boa wo ba no ma ɔnte sɛnea ne sukuu adwuma ho hia yiye wɔ adwuma a ɔbɛyɛ daakye ho gyinaesi ahorow mu no ase. Kyerɛ wɔn sɛnea ɛkame ayɛ sɛ wɔde nneɛma ahorow a wosua te sɛ akenkan, akontaabu ne nkitahodi di dwuma wɔ nnwuma ahorow nyinaa mu no. Ne tiaa mu no, boa wɔn ma wɔnte ase sɛ nneɛma a ɛho hia pii wɔ sukuukɔ mu sen sukuu ara kwa a wɔbɛkɔ.”
Yɛwɔ anidaso yiye sɛ nsɛm a ɛwɔ nhomawa yi mu no bɛboa ma biakoyɛ pa aba sukuu mpanyimfo ne Yehowa Adansefo mmusua ntam.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]
Awofo na asɛyɛde no da wɔn so titiriw sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma
[Kratafa 31 mfonini]
Wɔhyɛ Adansefo awofo nkuran sɛ wonhu wɔn mma akyerɛkyerɛfo