Asafo Ahorow a Ɛde Denhyɛ Ma wɔ Ɔdɔ ne Biakoyɛ Mu
Ebia woakɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow a ɛbɛn faako a wote no bi ase pɛn. Ná nnipa ahorow nyinaa bi—mmusua ahorow, ahokwafo, mpanyimfo ne mmofra—wɔ hɔ. Ná wɔn nyinaa de biakoyɛ resom na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛboa afoforo.
Wɔ nhyehyɛe biara a nnipa pii wom a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu mu no, ɛyɛ nea sohwɛ ho hia wom. Onyankopɔn yɛ nhyehyɛe Nyankopɔn; enti ɛsɛ sɛ saa nhyehyɛe no da adi wɔ ne nkurɔfo asafo no mu. Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, saa ara na nnɛ wɔfrɛ Kristofo mmarima a wɔfata a wɔn ho akokwaw na wɔwɔ osuahu no mpanyimfo, anaasɛ ahwɛfo. Eyinom na wɔhwɛ asafo no so na wodi ne honhom mu ahiade ho dwuma. Mmarima anokwafo afoforo nso a wɔfrɛ wɔn asafo mu asomfo boa wɔn. Saa mmarima yi nnye akatua biara, na saa ara na wonnya sika fam mfaso biara, na mmom wofi wɔn pɛ mu som, na honam fam adwuma a wɔyɛ no na wɔde hwɛ wɔn ho.—1 Korintofo 14:33, 40; Filipifo 1:1; 1 Timoteo 3:8, 9.
Ɔkwan bɛn so na wɔfa paw eyinom? Ɛho hia sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔda su horow bi a wɔhwehwɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu adi. Eyi mu bi ne sɛ: Wɔbɛyɛ nnipa a ‘wɔn ani da hɔ, wɔn adwene mu tew, wɔyɛ wɔn ho wosee, wɔpɛ ahɔhoyɛ, wohu kyerɛkyerɛ, na wodwo; wɔnyɛ sikanibere; wodi wɔn afi so yiye; wɔnyɛ abɛɛfo; wɔn a wɔtete nkyɛn no bɔ wɔn din pa’; ‘woso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.’—1 Timoteo 3:1-15; Tito 1:7-9.
Ɛnyɛ abatow so na asafo no a mpɛn pii emufo dodow no ara yɛ Kristofo afoforo no nam paw saa mmarima yi. Mmom no, mmarima a wɔyɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ osuahu ne nhumu wɔ sɛnea wɔn a wɔresusuw wɔn ho no du nea wɔhwehwɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho no na wɔkamfo wɔn kyerɛ. Afei wɔpaw eyinom sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ Yehowa Adansefo Sodikuw no akwankyerɛ ase na wɔyɛ eyi de di nhwɛso a Kristofo asafo a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu yɛe no akyi.
Saa mpanyimfo, anaasɛ ahwɛfo yi nyɛ asɔfokuw; wɔnnyɛ awuranom wɔ afoforo so. Sɛnea Yesu kae no, ɛsɛ sɛ obiara a odi kan no yɛ mo nyinaa somfo. Wɔ Yehowa Adansefo asafo mu no, mpanyimfo no yɛ mfɛfo adwumayɛfo ma Onyankopɔn Ahenni no ampa.—Mateo 20:26, 27; 23:8-11; Romafo 12:8; 1 Korintofo 3:5; 4:1, 2; Kolosefo 4:11; 1 Tesalonikafo 5:12-14.
Sɛ́ ahwɛfo no, wɔn na wɔhwɛ ɔkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ nhyiam horow ase no so na wodi anim wɔ asɛnka adwuma no mu. Asafo no botae titiriw ne sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa wɔ n’asasesin nyinaa mu. Ahwɛfo no som sɛ nguanhwɛfo nso, na wɔkɔsra asafo no mufo de hyɛ wɔn nkuran sɛnea ɛho hia.—Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 1:8; 1 Tesalonikafo 2:11, 12; 5:14, 15; 2 Timoteo 2:24-26; Hebrifo 13:17; Yakobo 5:13-16; 1 Petro 5:1-4.
Mpanyimfo no wɔ asɛyɛde foforo nso a ɛne sɛ wɔde animka ne nteɛso bɛma obi a ebia ɔrefa ɔkwan bi a enye so a ebia ebetumi ayɛ asiane ama asafo no honhom fam ne abrabɔ fam ahotew ne biakoyɛ a ɛwom no.—1 Korintofo 5:4, 5, 7, 11-13; Tito 1:9; 2:15; 3:10, 11.
Wo ho a wode bɛbɔ asafo no daa no bɛma woanya fekubɔ pa ne honhom mu mfaso ahorow pii.—Dwom 35:18; 84:10.
• Henanom na wɔhwɛ asafo ahorow no mu nsɛm so?
• Dɛn so na wogyina paw ahwɛfo no?
• Wɔn asɛyɛde ahorow ne dɛn?
[Kratafa 13 mfonini ahorow]
Ahwɛfo kyerɛkyerɛ asafo no, wodi anim wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu, wɔhyɛ nkuran denam wɔn nsrahwɛ ahorow so, wɔde afotu ne animka ma bere a ɛho hia