Asafo Ahorow a Wɔahyehyɛ ma Wɔde Aka Onyankopɔn Ahenni ho Asɛm
Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na ɔkɔfaa nkuraa ne nkurow nyinaa mu. Ɔde ntetee maa n’asuafo no nso na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ adwuma koro no ara. Ansa na ɔreforo akɔ soro no, ɔhyɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnyɛ amanaman nyinaa asuafo. Wɔhyehyɛɛ tete Kristofo asafo no fi ne mfiase pɛɛ maa asɛmpa no ka. Baabiara a asuafo no kɔe no, wohuu wɔn sɛ wɔreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm.—Mateo 4:17, 23; 10:1-16; 28:19, 20; Luka 4:43, 44; 8:1; 10:1-9; Asomafo no Nnwuma 1:8; 4:31; 5:42; 8:12; 19:8; 28:23, 30, 31; Romafo 10:9, 10, 14.
Wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho no mu no, ɔkae sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Asɛnka adwuma yi yɛ Kristofo asafo no asɛyɛde titiriw nnɛ.—Mateo 24:14; Marko 13:10.
Wɔ wiase nyinaa no, wɔyɛ nhyehyɛe ma Yehowa Adansefo asafo ahorow no nyinaa ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no wɔ beae a wɔwɔ no fefeefe. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ eyi wɔano wɔano no, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ ɔman biara mu ma asafo biara asasesin a wobedi mu adanse. Asafo no nso kyekyɛ saa asasesin no mu nketewa na afei wɔde ma wɔn a wɔde bɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛkɔ nnipa no nkyɛn no.—1 Korintofo 14:33, 40.
Adansefo no taa kɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ afie afie mu. Wɔatete Yehowa Adansefo wɔ wɔn asafo nhyiam ahorow no ase na ɛma wotumi ka Ahenni no ho asɛm tiawa wɔ afie mu na wɔde wɔn Bible di dwuma. Adansefo no wɔ nhoma ahorow a ɛfa Bible no ho a wɔde ma afiewuranom a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn Asɛm no mu nimdeɛ kɛse no.
Sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔwɔ asasesin no mu benya hokwan ate Ahenni no ho asɛm a ɛho hia no, Adansefo no de kyerɛwtohɔ ahorow di dwuma bere a wɔkɔ afie afie no a ɛkyerɛ faako a na nnipa nni fie anaasɛ esiane biribi foforo nti wɔantumi anni adanse yiye wɔ hɔ no. Wɔsan kɔ hɔ bere foforo. Faako a wɔkyerɛ ho anisɔ no, Adansefo no yɛ ho kyerɛwtohɔ na wɔsan ba de Kyerɛwnsɛm mu nsɛm foforo bɛma. Sɛ wɔpɛ a, wɔne wɔn yɛ Bible adesua daa. Wɔyɛ eyi nyinaa kwa a wonnye ho hwee.
Yehowa Adansefo de nsɛmma nhoma nso ma wɔn a wɔretwam wɔ mmorɔn so. Wɔnam saa kwan yi so tumi nya nnipa pii a ebia wɔrento wɔn wɔ fie no. Wɔbɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛkɔ obiara a obetie no nkyɛn.—Asomafo no Nnwuma 17:17; Adiyisɛm 14:6, 7; 22:17.
Dɛn nti na Adansefo no kɔ so ara yɛ eyi bere a nnipa dodow no ara nkyerɛ ho anigye biara no? Ɛyɛ nea ada adi sɛ nkurɔfo nsɛm tebea taa sakra na wɔkyerɛ ho anigye bere foforo a wɔasan akɔ hɔ no, anaasɛ ebia wobehyia ofie no muni bi a ɔbɛkyerɛ ho anigye.
Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” Ahenni no ho asɛm a yɛka no di dwuma titiriw wɔ Ahenni a yɛhwehwɛ kan no mu, na Yehowa Adansefo ma eyi yɛ wɔn botae titiriw wɔ wɔn asetra mu.—Mateo 6:33; 2 Timoteo 4:2.
• Yesu ne tete Kristofo no adwuma bɛn na wɔka too hɔ sɛ wɔbɛyɛ wɔ yɛn bere yi mu nso?
• Ɔkwan bɛn so na wɔayɛ Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe?
• Dɛn nti na Adansefo no kɔ so ara kɔ nkurɔfo nkyɛn bere a nnipa dodow no ara nkyerɛ ho anigye no?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]
Yehowa Adansefo a wɔreka Ahenni no ho asɛm wɔ aman ahorow so
Thailand
Mexico
Netherlands
Korea
Curaçao
Ghana
Britain
Australia