Bere Nyinaa Asomfo Di Asɛnka Adwuma no Anim
Ebetumi aba sɛ Yehowa Adansefo no mu biako a odii kan baa wo nkyɛn no yɛ bere nyinaa somfo a ɔyɛ ɔkwampaefo anaasɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Esiane sɛ Yehowa Adansefo nni asomfo a wotua wɔn ka nti, ebia w’adwenem bɛyɛ wo naa wɔ sɛnea nnipa yi tumi de wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no ho.
Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ nyinaa yɛ asomfo, nanso wɔn mu pii wɔ mmusua anaa asɛyɛde afoforo a ɛmma wontumi mfa nnɔnhwerew pii nyɛ ɔsom adwuma no dapɛn biara. Nanso, wɔ wiase nyinaa no, Adansefo mpempem pii tew wɔn asetra gyinapɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a sika kakraa a wobenya bere a wɔde wɔn bere fã yɛ honam fam adwuma no betumi aso wɔn ma wɔatumi de nnɔnhwerew 1,000 anaa nea ɛboro saa ayɛ ɔsom adwuma no afe biara.
Ampa, bere nyinaa asomfo a wɔyɛ akwampaefo no nni sika pii, nanso wɔ wɔn fam no, eyi ne ɔkwan a wɔfa so hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no kan, na wonya nhyira pii. Sɛ́ wobetumi de nnɔnhwerew 90 anaa nea ɛte saa aka Onyankopɔn Asɛm no akyerɛ afoforo wɔ ɔsram biako mu no ankasa yɛ osuahu a ɛyɛ anigye. Bere nyinaa ɔsomfo no ho kokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu na afei nso onya bere san kɔhwɛ anigyefo no yiye. Nea efi eyi mu ba no hyɛ nkuran kɛse. Wɔn nsa ka wɔn honam fam nneɛma kakra a wohia, na wɔn ani sɔ nea wɔwɔ no kɛse.—Mateo 6:33.
Wɔ February 1943 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no tew Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no. Ná n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛtete bere nyinaa asomfo a wɔyɛ akwampaefo a wɔn ho akokwaw ma wɔakɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne nsase so. Nea wosua wɔ asram anum sukuu yi mu ne Bible no ankasa, Bible no ho abakɔsɛm, Yehowa ahyehyɛde no, ne nneɛma afoforo a ebesiesie wɔn ama ɔsom adwuma no wɔ amannɔne nsase so.
Asafo ti no na etua kwan a wotu kɔ wɔn asɛmpatrɛw asasesin no mu no ho ka na Asafo ti no ara na ɛma wɔn aduan a ɛfata ne dabere wɔ asɛmpatrɛwfo afie ahorow mu. Wɔma ɔsɛmpatrɛwfo biara sika kakra ma ɔde tua ɛka ahorow a ɔbɔ no. Wɔyɛ nhyehyɛe ma asɛmpatrɛwfo no mu biara hwɛ fie hɔ, okodi gua, ɔnoa aduan na osiesie hɔ. Esiane eyi nti wɔ ɔsram biara mu no, anyɛ yiye koraa no, asɛmpatrɛwfo no tumi de nnɔnhwerew 140 ka asɛm wɔ afie afie na wɔne anigyefo yɛ Bible adesua.
Asɛmpatrɛwfo no pii gyaw wɔn afie ne mmusua na wotu kwan akwansin mpempem pii kɔ wɔn asasesin mu. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ asetra gyinapɛn ne amanne ahorow mu, na saa ara na ɛte wɔ adidi, wim tebea, kasa afoforo a ɛsɛ sɛ wosua mu. Wɔreyɛ adwuma a ɛte sɛɛ esiane sɛ wɔwɔ ɔdɔ ma nkurɔfo na wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔasua Onyankopɔn Ahenni no ho ade nti.
Efi 1943 de besi 1985 no, wɔayɛ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no ahorow 80 na ɛde asɛmpatrɛwfo bɛboro 6,000 akɔ nsase ahorow so. Wɔ Asafo ti no akwankyerɛ ase no, eyinom atrɛw Bible no ntetee a ɛde ma no mu wɔ Afrika, Central ne South America, Apuei Fam, South Pacific, na wɔayɛ pii wɔ Europa nso.
Sɛ́ ɛyɛ nea Yehowa Adansefo de wɔn bere nyinaa yɛ ɔsom adwuma no sɛ akwampaefo anaasɛ asɛmpatrɛwfo, anaasɛ wɔde wɔn bere fã na ɛyɛ saa no, wɔnnyɛ eyi mmfa nhwehwɛ sika fam mfaso bi. Wɔde wɔn bere ne wɔn sika ne wɔn ho ma de boa afoforo ma wonya nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no.—Yohane 17:3.
• Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo no mu binom tumi yɛ bere nyinaa asomfo, na dɛn nti na wɔyɛ eyi?
• Ɔkwan bɛn so na wɔtete asomfo ma asɛmpatrɛw adwuma no?
• Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne nsase so?
[Kratafa 22 mfonini ahorow]
Benkum so: Gilead Sukuu adesua dan mu, Brooklyn, N.Y., U.S.A.
Nifa so: Ɔsɛmpatrɛwfo rekyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ Papua New Guinea
[Kratafa 23 mfonini ahorow]
Akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo a wɔreka Onyankopɔn Asɛm wɔ aman ahorow so
Brazil
Dominican Republic
Spain
Sierra Leone, Afrika