Onyankopɔn Nguankuw a Wɔhwɛ Wɔn wɔ Biakoyɛ Mu
Ebinom bisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no so?’ Yebua sɛ: Yedi afeha a edi kan Kristofo asafo no nhwɛso no akyi.
Wɔ 1870 mfe no mu no, Charles T. Russell ne ne mfɛfo no fii ase sɛ wɔbɛtrɛw nea afi wɔn Bible adesua no mu aba no mu denam ɔkasa a wɔma ne nhoma a wotintim so. Wɔ ɔman no mu nyinaa no, wɔn a wɔpawee sɛ wɔbɛyɛ adwuma yi bi no hwɛɛ Russell ne ne mfɛfo yi kwan sɛ mmarima kuw a wɔn ho akokwaw kɛse wɔ Awurade adwuma no yɛ mu a wobetumi ahwɛ afotu a ɛfa wɔn adwuma no ho kwan afi wɔn hɔ.
Wɔ 1884 mu no, wɔde Zion’s Watch Tower Tract Society no hyɛɛ Pennsylvania Ɔmansin no mmara ase. Russell ne ne mfɛfo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa yi na wɔkyerɛɛ ahyehyɛde yi ne afei Bible Asuafo no dwumadi kwan titiriw. Wɔ 1909 mu no, wɔde wɔn asafo no ti no kɔɔ Brooklyn, New York. Wɔ mfe yi nyinaa mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no akwankyerɛfo ne wɔn mfɛfo afoforo a wɔyɛ mmarima a wɔasra wɔn a wɔfata wɔ honhom mu somee sɛ Yehowa Adansefo asafo no sodikuw.
Sodikuw no mufo yɛ Kristofo mmarima a wɔasra wɔn kuw (na wɔyɛ 13 wɔ 1986 mu) a 7 a wɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no akwankyerɛfo ka ho. Eyinom na wɔhwɛ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no so. Wɔnyɛ nnipa a Onyankopɔn honhom aka wɔn a enti wɔnyɛ mfomso, mmom no, wɔde wɔn ho to Onyankopɔn Asɛm a bɔne biara nni ho no so sɛ tumi a ɛkorɔn sen biara wɔ asase so, na afei wɔwɔ asetra mu osuahu wɔ brɛ a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn apɛdeyɛ ase mu. Wɔn mu biara de nea ɛboro mfirihyia 40 asom wɔ Yehowa Adansefo bere nyinaa som adwuma no mu.
Sodikuw no na ɛhwɛ nsɛm a Asafo no tintim no so. Nea wɔkyerɛw no gyina nguankuw no honhom mu ahiade a wohu ne mpaebɔ mu a wofi sua Onyankopɔn Asɛm no na wɔyɛ mu nhwehwɛmu fefeefe so. Bere a mmarima yi kɔ so sua Bible no na wohu Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɛredi dwuma nkakrankakra ne nkɔmhyɛ a enya mmamu wɔ wiase nsɛm a esisi mu, ne Onyankopɔn nkurɔfo tebea wɔ wiase no mu no, ebia ɛtɔ bere bi a wobehu sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ nsakrae ahorow wɔ ntease a wɔwɔ wɔ nkyerɛkyerɛ ahorow bi ho no mu. Saa kwan yi so no, ɛma nokware no ho nimdeɛ dɔɔso kɛse.—Dwom 97:11; Mmebusɛm 4:18; Daniel 12:4.
Sodikuw no apaw Baa Boayifo a wɔyɛ mmarima a wɔfata wɔ honhom mu baasa anaasɛ nea ɛboro saa wɔ baa dwumadibea a ɛboro 90 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu biara mu na wɔhwɛ adwuma no so wɔ nsase ne nsupɔw bɛboro 200 so. Baa dwumadibea ahorow no ne asafo ahorow a ɛwɔ wɔn hwɛ ase no di nkitaho. Sodikuw no ne Baa Boayifo no di nkitaho bere nyinaa, na Sodikuw no mufo ankasa nso kɔsra baa dwumadibea ahorow pii afe biara sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu tebea horow a ɛwɔ hɔ.
Saa mmarima yi nyɛ afoforo gyidi so awuranom na mmom wɔyɛ asomfo a wɔyɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo pii betumi asua Onyankopɔn Asɛm no. Ɛnyɛ sika fam mfaso nti na wɔsom, na mmom wodi wɔn honam fam ahiade ahorow ho dwuma te sɛ nea wɔyɛ wɔ Betel mmusua ahorow no mufo afoforo ho no. Adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔresom nokwaredi mu no da adi wɔ nnamyɛ, biakoyɛ, abrabɔ pa gyinapɛn a ɛkorɔn a Yehowa Adansefo kura mu wɔ wiase nyinaa ne Bible nkyerɛkyerɛ akyi a wodi no mu.—1 Korintofo 3:5-9; 4:1, 2; 2 Korintofo 1:24; 3:1-3; 1 Petro 5:2, 3.
• Sohwɛ ho nhyehyɛe bɛn na wɔyɛe?
• Henanom na wɔsom sɛ Sodikuw nnɛ, na wɔn asɛyɛde ne dɛn?
• Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ adwuma no so wɔ nsase afoforo so?
[Asase mfonini wɔ kratafa 26]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Mmeae a Yehowa Adansefo reyɛ Onyankopɔn apɛde
[Kratafa 26 mfonini ahorow]
Ɔwɛn Aban Asafo no atitrafo
C. T. Russell, 1884-1916
J. F. Rutherford, 1916-1942
N. H. Knorr, 1942-1977
F. W. Franz, 1977-1992
[Kratafa 27 mfonini ahorow]
Baa dwumadibea ahorow bɛboro 90 a wofi hɔ hwɛ Yehowa Adansefo adwuma no so wɔ wiase nyinaa no kakraa bi ni
Canada
Zambia
Germany
Japan
Australia
Brazil