Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • T-14 kr. 1-6
  • Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
  • Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible No, Yesu Kristo ne Onyankopɔn
  • Onyankopɔn Ahenni No
  • Daakye Ho Anidaso
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Mugye Yesu Di?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Daa Nkwa​—Wobenya Wɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
T-14 kr. 1-6

Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?

“Yɛpɛ sɛ yetie nea mugye di, efisɛ nea yenim fa Kristofo yi ho ara ne sɛ, wɔkasa tia wɔn wɔ baabiara!” (Asomafo no Nnwuma 28:22, The Living Bible) Kurow no mu mpanyimfo a na wɔwɔ afeha a edi kan Roma mu yi yɛɛ nhwɛso fɛfɛ. Ná wɔpɛ sɛ wotie asɛm no fi ne fibea ankasa sen sɛ wobetie afi wɔn a wɔwɔ akyi a wɔkasa tia wɔn no nkutoo nkyɛn.

Saa ara nso na nnɛ wɔtaa kasa tia Yehowa Adansefo, na ɛbɛyɛ mfomso ama wo sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ wubehu nokwasɛm a ɛfa wɔn ho no afi wɔn a wɔwɔ wɔn ho adwene a ɛnteɛ no nkyɛn. Enti ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi atitiriw no bi mu akyerɛ wo.

Bible No, Yesu Kristo ne Onyankopɔn

Yegye di sɛ “kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu na eye.” (2 Timoteo 3:16) Na ka a ebinom ka sɛ yɛnyɛ Kristofo ankasa no nyɛ nokware. Yegye adanse a ɔsomafo Petro dii wɔ Yesu Kristo ho no tom koraa sɛ: “Din foforo biara nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.”—Asomafo no Nnwuma 4:12.

Nanso, esiane sɛ Yesu kae sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn ba” ne sɛ ‘Agya no na ɔsomaa no’ nti, Yehowa Adansefo gye di sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse sen Yesu. (Yohane 10:36; 6:57) Yesu ankasa gye toom sɛ: “M’agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 14:28; 8:28) Enti yennye nni sɛ Yesu ne Agya no yɛ pɛ sɛnea Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ka no. Mmom no, yegye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ no ne sɛ ɔhyɛ n’ase.—Kolosefo 1:15; 1 Korintofo 11:3

Wɔ Twi kasa mu no, Onyankopɔn din ne Yehowa. Bible no ka sɛ: “Wo a wo din de YEHOWA no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Dwom 83:18, King James Version) Nea ɛne asɛm yi hyia no, Yesu sii Onyankopɔn din no so dua kɛse na ɔkyerɛkyerɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” Na ɔno ankasa bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no.”—Mateo 6:9; Yohane 17:6.

Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛsɛ wɔda Onyankopɔn din ne n’atirimpɔw ahorow adi kyerɛ afoforo te sɛ Yesu. Enti na yɛafa edin Yehowa Adansefo no ato yɛn ho so no efisɛ yesuasua Yesu, “Ɔdansefo Nokwafo” no. (Adiyisɛm 1:5; 3:14) Saa ara na Yesaia 43:10 ka kyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wogyina hɔ ma no no sɛ: “Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose, ne m’akoa a mayi no no.”

Onyankopɔn Ahenni No

Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ, “W’ahenni mmra,” na ɔde saa Ahenni no yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ no ti titiriw. (Mateo 6:10; Luka 4:43) Yehowa Adansefo gye di sɛ Ahenni no yɛ nniso ankasa a efi soro a ebedi asase so tumi a Yesu Kristo ne ɛso Hene a wɔapaw no a aniwa nhu no. Bible no se: “N’ahenni bɛda ne mmati so . . . na N’Ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”—Yesaia 9:6, 7.

Nanso, ɛnyɛ Yesu nkutoo na ɔbɛyɛ Onyankopɔn nniso no so hene. Obenya mfɛfo adedifo pii aka ne ho wɔ soro hɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase a yɛne no bedi hene.” (2 Timoteo 2:12) Bible no kyerɛ sɛ wɔato saa nnipa a wonyan wɔn ma wɔne Kristo kodi tumi wɔ soro no ano hye na wɔyɛ “mpem ɔha aduanan anan a wɔatɔ wɔn afi asase so.”—Adiyisɛm 14:1, 3.

Ampa, nniso biara a ɛwɔ hɔ no wɔ nnipa a edi wɔn so, na Yehowa Adansefo gye di sɛ wɔ ɔsoro adedifo yi akyi no, nnipa ɔpepepem pii foforo benya daa nkwa. Awiei koraa no, wɔbɛma asase yi adan paradise fɛfɛ na Onyankopɔn Ahenni no mma a wɔfata yi na wɔbɛhyɛ so ma na wɔn nyinaa bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Kristo ne ne mfɛfo adedifo no tumi ase. Enti Yehowa Adansefo gye di sɛ wɔrensɛe asase yi efisɛ, bɔ a Bible no ahyɛ no bɛbam sɛ: “Treneefo benya asase no adi na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29; 104:5

Nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni no bɛba? So ɛdenam Onyankopɔn nniso no a nnipa nyinaa befi wɔn pɛ mu abrɛ wɔn ho ase ama so? Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible no kyerɛ ankasa sɛ ba a Ahenni no bɛba no bɛma ɛho ahia sɛ Onyankopɔn de ne ho gye asase so nsɛm mu ankasa: ‘Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.’—Daniel 2:44.

Bere bɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛba? Esiane Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya mmamu mprempren no nti, Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛrenkyɛ na aba. Yɛto nsa frɛ wo sɛ susuw nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛkaa nneɛma nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” ho asɛm siei no ho. Wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Mateo 24:3-14; Luka 21:7-13, 25-31; ne 2 Timoteo 3:1-5.

Esiane sɛ ‘yɛdɔ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn fi yɛn kra nyinaa, yɛn adwene nyinaa, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu na yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho’ nti, aman, abusua ne asetra mpaapae yɛn mu. (Marko 12:30, 31) Wonim yɛn kɛse esiane ɔdɔ a ɛda adi wɔ yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ aman nyinaa so mu no nti. (Yohane 13:35; 1 Yohane 3:10-12) Enti yɛmmfa yɛn ho nhyehyɛ saa aman no amammuisɛm mu. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Yesu asuafo a wodii kan no a wɔn na ɔkaa eyi wɔ wɔn ho no: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Yegye di sɛ wiase no ho a yɛbɛtwe yɛn ho afi no kyerɛ twe a yɛbɛtwe yɛn ho afi ɔbrasɛe a abu so nnɛ no nso ho a nea ɛka ho ne atorodi, korɔnbɔ, aguamammɔ, awaresɛe, mmarima a wɔne wɔn ho da, mogya a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, abosonsom, ne nneɛma a ɛtete saa a Bible no kasa tia no.—1 Korintofo 6:9-11; Efesofo 5:3-5; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

Daakye Ho Anidaso

Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛnyɛ nea ɛwɔ hɔ ara ne yɛn mprempren asetra wɔ wiase yi mu no. Yegye di sɛ Yehowa somaa Kristo baa asase so ma obehwiee ne mogya gui sɛ agyede sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa betumi anya trenee gyinabea wɔ Onyankopɔn anim na wɔanya daa nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo mu. Sɛnea Yesu somafo biako kae no: “Wɔabu yɛn bem ne mogya mu.” (Romafo 5:9; Mateo 20:28) Yehowa Adansefo de aseda kɛse ma Onyankopɔn ne ne Ba no wɔ nsiesiei a ɛma daakye asetra tumi yɛ yiye no ho.

Yehowa Adansefo wɔ daakye asetra yi mu ahotoso a edi mu a egyina awufo a wɔbɛsɔre wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no so. Yegye nea Bible no kyerɛkyerɛ no di sɛ, sɛ onipa wu a na onni baabiara bio, ne sɛ “da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:3, 4; Hesekiel 18:4; Ɔsɛnkafo 9:5) Yiw, awufo daakye asetra no gyina kae a Onyankopɔn bɛkae wɔn wɔ owusɔre mu no so.—Yohane 5:28, 29

Nanso Yehowa Adansefo gye di sɛ wɔn a wɔte ase mprempren no mu pii benya nkwa bere a Onyankopɔn Ahenni sɛe mprempren nniso horow nyinaa, na te sɛ nea Noa ne n’abusua nyaa nkwa wɔ nsuyiri no mu no, wɔbɛkɔ so anya asetra mu anigye daa wɔ asase a ɛso tew so. (Mateo 24:36-39; 2 Petro 3:5-7, 13) Nanso yegye di sɛ nkwa a wobenya no gyina nea Yehowa hwehwɛ a wɔbɛyɛ no so sɛnea Bible ka no: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17; Dwom 37:11; Adiyisɛm 7:9, 13-15; 21:1-5.

Ɛda adi sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛbɛka nea Yehowa Adansefo gye di no nyinaa ho asɛm wɔ ha, nanso yɛto nsa frɛ wo sɛ kɔ so hwehwɛ wɔn ho asɛm no mu.

Bible mu nsɛm a ɛwɔ kratawa yi mu fi Twi Bible Foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Yɛafa edin Yehowa Adansefo no ato yɛn ho so efisɛ yesuasua Yesu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena