Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • T-15 kr. 1-5
  • Asetra Wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asetra Wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu
  • Asetra Wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asetra Wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu
  • Sɛnea Ebetumi Ayɛ Yiye Ama Wo
  • Tra Ase Daa wɔ Paradise Asase So
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Harmagedon Akyi No, Paradise Asase
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Wɔahyɛ Yɛn Daakye Ho Nkɔm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Asetra a Enni Awiei Nyɛ Adaeso Ara Kwa
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Asetra Wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu
T-15 kr. 1-5

Asetra Wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu

Sɛ wohwɛ mfonini a ɛwɔ kratawa yi akyi no a, nkate bɛn na wunya? So ɛnyɛ nea wo kɔn dɔ asomdwoe, anigye, ne yiyedi a wuhu wɔ ha no? Ɛte saa. Nanso so ɛyɛ adaeso ara kwa sɛ wubegye adi sɛ tebea horow a ɛte sɛɛ bɛba asase so da bi?

Ebia nnipa pii susuw saa. Nea ɛwɔ hɔ nnɛ ne akodi, nsɛmmɔnedi, ɔkɔm, ɔyare, onyin—emu kakraa bi nen. Nanso biribi wɔ hɔ a yebetumi agyina so anya anidaso. Bible no reka daakye ho asɛm no, ese “sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”—2 Petro 3:13; Yesaia 65:17.

Sɛnea Bible kyerɛ no, “ɔsoro foforo” ne “asase foforo” yi nyɛ ɔsoro ne asase ankasa yi a wɔbɛyɛ no foforo. Bere a wɔyɛɛ asase ne ɔsoro ankasa yi no na ɛyɛ pɛ, na Bible no kyerɛ sɛ ɛbɛtra hɔ daa. (Dwom 89:36, 37; 104:5) “Asase foforo” no bɛyɛ adesamma a wɔteɛ abusua a wɔte asase so, na “ɔsoro foforo” no bɛyɛ ɔsoro ahenni, anaasɛ nniso a ɛyɛ pɛ a ebedi adesamma abusua a ɛwɔ asase so yi so. Nanso so ntease wom sɛ wubegye adi sɛ “asase foforo” anaasɛ wiase foforo a asomdwoe wom betumi aba?

Wiɛ, susuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na tebea horow a eye yi yɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase yi no fã no ho. Ɔde nnipa baanu a wodi kan no kɔtoo Eden Paradise a ɛwɔ asase so no mu na ɔde adwuma a ɛyɛ anigye bi hyɛɛ wɔn nsa: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.” (Genesis 1:28) Yiw, na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛwo mma na afei wɔatrɛw wɔn Paradise no mu wɔ asase nyinaa so. Ɛwom sɛ akyiri yi wɔyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn ma enti wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔmfata sɛ wɔtra ase daa de, nanso Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw no ansakra. Ná ɛsɛ sɛ ɛbam wɔ wiase foforo bi mu!—Yesaia 55:11.

Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wobɔ Awurade mpae, anaasɛ Yɛn Agya a Wowɔ Soro no na wosrɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmra a, na worebɔ mpae sɛ ne soro nniso no mmeyi nsɛmmɔnedi mfi asase so na emmedi wiase foforo yi so. (Mateo 6:9) Na yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bebua saa mpaebɔ no, efisɛ n’Asɛm no hyɛ bɔ sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

Asetra Wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu

Onyankopɔn Ahenni no de mfaso ahorow a ɛso bi nni bɛba asase so na ɛbɛyɛ nneɛma a eye biara a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim wɔ ho mfitiase no maa ne nkurɔfo a ɛbɛma wɔn ani agye wɔ asase so. Nitan ne adwemmɔne bɛyɛ nea enni hɔ bio, na awiei koraa no, obiara a ɔwɔ asase so no bɛyɛ adamfo ankasa ama obiara. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ wɔ Bible no mu sɛ ‘ɔbɛma akodi agyae akosi asase ano.’ “Ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔresua akodi bio.”—Dwom 46:9; Yesaia 2:4.

Awiei koraa no wɔbɛma asase no nyinaa aba paradise tebea a ɛte sɛ turo mu. Bible no se: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren. . . . Na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa.”—Yesaia 35:1, 6, 7.

Biribiara bɛwɔ hɔ a ɛbɛma w’ani agye wɔ Paradise asase no so. Ɔkɔm renne nkurɔfo bio. Bible no se, ‘asase no bɛbɔ n’aduan.’ (Dwom 67:6; 72:16) Obiara bedi ne nsa ano adwuma so aba sɛnea yɛn Bɔfo no hyɛ bɔ no: “Na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. . . . Na wɔrennua mma obi nni.”—Yesaia 65:21, 22.

Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no nkurɔfo rentra adan a nkyereso wom anaasɛ ayeyɛ agoago mu bio, efisɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ: “Wobesisi adan atra mu . . . wɔrensisi adan mma obi ntra mu.” Bible no hyɛ bɔ nso sɛ: “Wɔrenyɛ adwumayɛhunu.” (Yesaia 65:21-23) Enti nnipa bɛyɛ adwuma a abasow ne akomatɔyam wom. Asetra renyɛ mfonoe.

Afei Onyankopɔn Ahenni no bɛma asomdwoe a na ɛwɔ Eden turo no mu wɔ mmoa no ntam ne mmoa ne nnipa ntam no asan aba bio. Bible no se: “Habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn.”—Yesaia 11:6-9; Hosea 2:18.

Susuw ho hwɛ, wɔ Paradise asase no so no wɔbɛsa nyarewa ne dɛmdi ahorow nyinaa nso! Onyankopɔn Asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24, New World Translation) “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.

Sɛnea Ebetumi Ayɛ Yiye Ama Wo

Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛfa asetra wɔ trenee wiase foforo no mu ho no aka wo koma. Na bere a ebia ebinom besusuw sɛ nhyira horow yi a ɛbɛbam no yɛ dɛ dodo sɛ ebetumi ayɛ nokware no, ɛnyɛ nea ɛyɛ den sɛ ebefi yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no nkyɛn aba.—Dwom 145:16; Mika 4:4.

Nanso, sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ asase so Paradise a ɛreba no mu a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yesu daa emu titiriw biako adi bere a ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae no, sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra ase wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu ampa a, ɛsɛ sɛ yedi kan sua Onyankopɔn apɛde na yɛyɛ. Efisɛ ɛyɛ nokware sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa” na onya nhyira horow a yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no de bɛba no mu anigye daa.—1 Yohane 2:17.

Bible mu nsɛm a ɛwɔ kratawa yi mu fi Twi Bible Foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena