Ti 24
So Yɛwɔ Mmara Nsɛm Du No Ase?
1. Mmara bɛn na Mose de maa nkurɔfo no?
MMARA HOROW bɛn na Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yedi so? So ɛsɛ sɛ yedi nea Bible frɛ no “Mose mmara” anaasɛ, ɛtɔ da bi a, “Mmara no” so anaa? (1 Ahene 2:3; Tito 3:9) Wɔfrɛ eyi nso ‘Yehowa mmara,’ efisɛ ɔno na ɔde mae. (1 Beresosɛm 16:40) Mose de Mmara no brɛɛ nkurɔfo no ara kwa.
2. Dɛn na ɛwɔ saa mmara yi mu?
2 Mose mmara no yɛ nea ahyɛde anaa mmara nsɛm mmiako mmiako bɛboro 600 wɔ mu, a atitiriw 10 no ka ho. Sɛnea Mose kae no: “[Yehowa] kaa n’apam a ɔhyɛɛ mo sɛ monyɛ no kyerɛɛ mo, mmara nsɛm du no, na ɔkyerɛwee abopon abien so.” (Deuteronomium 4:13; Exodus 31:18) Nanso henanom na Yehowa de Mmara, a Mmara Nsɛm Du no ka ho, no mae? So ɔde maa adesamma nyinaa anaa? Ná Mmara no atirimpɔw ne dɛn?
ƆDE MAA ISRAEL ATIRIMPƆW TITIRIW BI NTI
3. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔde Mmara no maa Israel nkutoo?
3 Wamfa Mmara no amma adesamma nyinaa. Yehowa ne Yakob asefo a wɔbɛyɛɛ Israel man no yɛɛ apam anaasɛ nhyehyɛe Yehowa de ne mmara maa saa man yi nkutoo. Bible no da eyi adi pefee wɔ Deuteronomium 5:1-3 ne Dwom 147:19, 20.
4. Dɛn nti na wɔde mmara no maa Israel man no?
4 Ɔsomafo Paulo bisae sɛ: “Ɛnde, mmara no nso ɛ?” Yiw, atirimpɔw bɛn nti na Yehowa de ne mmara maa Israel? Paulo buae sɛ: “Na ayi mmara atotoatoto adi, akosi sɛ aseni a wɔahyɛ no bɔ no bɛba . . . Enti, mmara no ayɛ yɛn yɛnfo [anaa, kyerɛkyerɛfo] kyerɛ yɛn Kristo so kwan.” (Galatifo 3:19-24, New World Translation) Ná Mmara no atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛbɔ Israel man no ho ban na akyerɛ wɔn kwan ma wɔayɛ krado sɛ wobegye Kristo no atom, sɛ ɔba a. Afɔrebɔ ahorow pii a na Mmara no hwehwɛ no kaee Israelfo no sɛ wɔyɛ abɔnefo a wohia Ogyefo.—Hebrifo 10:1-4.
“KRISTO NE MMARA NO AWIEI”
5. Bere a Kristo bae na obewu maa yɛn no, dɛn na ɛbaa Mmara no so?
5 Ampa, na Yesu Kristo ne saa Ogyefo a wɔahyɛ ne ho bɔ no, sɛnea ɔbɔfo no kae bere a wɔwoo no no. (Luka 2:8-14) Enti bere a Kristo bae na wɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛ afɔre no, dɛn na ɛbaa Mmara no so? Woyi fii hɔ. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yenni yɛnfo no ase bio.” (Galatifo 3:25) Mmara no a woyi fii hɔ no maa Israelfo no ho tɔɔ wɔn. Ná ama wɔada adi sɛ abɔnefo, efisɛ wɔn mu biara antumi anni mmara no so pɛpɛɛpɛ. Paulo kae sɛ: “Kristo atɔ yɛn afi mmara nnome mu.” (Galatifo 3:10-14) Enti Bible ka nso sɛ: “Kristo ne mmara no awiei.”—Romafo 10:4; 6:14.
6. (a) Bere a Mmara no baa awiei no, ɛkaa Israelfo ne wɔn a wɔnyɛ Israelfo no dɛn, na dɛn ntia? (b) Dɛn na Yehowa yɛe wɔ Mmara no ho?
6 Mmara no yɛɛ te sɛ “ɔfasu” a ɛwɔ Israelfo ne nnipa afoforo a na wonni ase no ntam. Nanso, ɛdenam ne nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no so no, Kristo “yii mmara a ɛnam nsɛm ahorow a ɛwɔ ahyɛde mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu [Israelfo ne wɔn a wɔnyɛ Israelfo] nyinaa abɔ onipa foforo biako, n’ankasa mu.” (Efesofo 2:11-18) Ɛdefa ade a Yehowa Nyankopɔn ankasa yɛe wɔ Mose mmara no ho no, yɛkenkan sɛ: “Ɔdom de yɛn mfomso nyinaa kyɛɛ yɛn, na ɔpopaa yɛn so nsa ano nkyerɛwee a ɛwɔ ahyɛde no mu [a Mmara Nsɛm Du no ka ho] a etia yɛn no [esiane Israelfo a ebuu wɔn fɔ sɛ abɔnefo no nti], na asɛndua ho a ɔde kɔbɔe no na ɔde ayi afi ntam.” (Kolosefo 2:13, 14) Enti, ɛdenam Kristo afɔre a ɛyɛ pɛ no so no, wɔde Mmara no baa awiei.
7, 8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔankyɛ Mmara no mu abien?
7 Nanso, nnipa binom ka sɛ wɔakyɛ Mmara no mu abien: Mmara Nsɛm Du no, ne mmara horow a aka no. Wɔka sɛ mmara horow a aka no na ɛbaa awiei, na mmom Mmara Nsɛm Du no da so wɔ hɔ. Nanso eyi nyɛ nokware. Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no, Yesu kaa asɛm fii Mmara Nsɛm Du no ne Mmara no afã afoforo mu, na wankyerɛ nsonoe biara a ɛda ntam. Enti Yesu daa no adi sɛ Mose Mmara no nyɛ nea wɔakyɛ mu abien.—Mateo 5:21-42.
8 Hyɛ nea Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee no nso nsow: “Wɔasan yɛn afi mmara no ho.” So mmara afoforo no ho nko na woyii Yudafo Kristofo fii, a Mmara Nsɛm Du no nka ho? Dabi, efisɛ Paulo kɔ so ka sɛ: “Sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka minnim bɔne, na sɛ mmara no anka sɛ: Mma w’ani mmmere a, anka minnim akɔnnɔ.” (Romafo 7:6, 7; Exodus 20:17) Esiane sɛ “Mma w’ani mmmere” ne Mmara Nsɛm Du no mu nea etwa to nti, ɛda adi sɛ eyii Israelfo fii Mmara Nsɛm Du no nso ase.
9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ woyii dapɛn dapɛn Homeda mmara no nso fii hɔ?
9 So eyi kyerɛ sɛ woyii dapɛn biara Homedadi ho mmara, a ɛne nea ɛto so anan wɔ Mmara Nsɛm Du no mu no nso fii hɔ Yiw, ɛkyerɛ saa. Nea Bible no ka wɔ Galatifo 4:8-11 ne Kolosefo 2:16, 17 no da no adi sɛ Kristofo nni Onyankopɔn mmara a ɔde maa Israelfo, a na ɛhwehwɛ sɛ wodi dapɛn dapɛn Homeda ne nna atitiriw bi wɔ afe no mu no ase. Sɛ́ dapɛn dapɛn Homedadi nyɛ Kristofo asɛyɛde no yɛ nea wotumi hu nso wɔ Romafo 14:5.
MMARA HOROW A ƐFA KRISTOFO HO
10. (a) Kristofo wɔ mmara horow bɛn ase? (b) Ɛhe na wɔfaa mmara horow yi pii fii, na dɛn nti na ntease wom sɛ wɔfa fii hɔ?
10 So eyi kyerɛ sɛ, esiane sɛ Kristofo nni Mmara Nsɛm Du no ase nti, wonni mmara biara anaa? Dabida. Yesu daa “apam foforo” bi a egyina afɔrebɔ a eye kyɛn so a ɛyɛ n’ankasa ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ so no adi. Kristofo ba saa apam foforo yi ase na wɔwɔ Kristofo mmara horow ase. (Hebrifo 8:7-13; Luka 22:20) Wɔfaa mmara horow yi pii fii Mose mmara no mu. Eyi nyɛ nea ɛyɛ nwonwa. Ade a ɛte saa ara taa ba bere a aban foforo fi ase di tumi wɔ ɔman bi so no. Ebia wobetwa ɔmanyɛ mmara a na ɛwɔ hɔ wɔ nniso dedaw no ase no mu, anaasɛ wɔde foforo besi ananmu, nanso dedaw no mu mmara horow no pii betumi aba ɔmanyɛ mmara foforo no mu. Saa pɛpɛɛpɛ na, Mmara apam no baa awiei, nanso wɔde emu mmara atitiriw ne nnyinasosɛm ahorow no pii baa Kristosom mu.
11. Mmara anaa nkyerɛkyerɛ a wɔde ama Kristofo bɛn na ɛne Mmara Nsɛm Du no di nsɛ?
11 Hyɛ sɛnea eyi te saa bere a wokenkan Mmara Nsɛm Du no wɔ kratafa 203, na wode toto Kristofo mmara horow ne nkyerɛkyerɛ a edidi so yi ho no nsow: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wosom no.” (Mateo 4:10, New World Translation; 1 Korintofo 10:20-22) “Monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.” (1 Yohane 5:21; 1 Korintofo 10:14) “Yɛn agya a wowɔ soro, wo din ho ntew [a wɔmmfa nni dwuma ɔkwan a ɛmfata so].” (Mateo 6:9) “Mma, muntie mo awofo asɛm.” (Efesofo 6:1, 2) Na Bible no da no adi pefee sɛ awudi, awaresɛe, adewia, atorodi, ne anibere tia Kristofo mmara horow nso.—Adiyisɛm 21:8; 1 Yohane 3:15; Hebrifo 13:4; 1 Tesalonikafo 4:3-7; Efesofo 4:25, 28; 1 Korintofo 6:9-11; Luka 12:15; Kolosefo 3:5.
12. Ɔkwan bɛn so na wɔde Homeda mmara mu nnyinasosɛm no baa Kristofo nhyehyɛe no mu?
12 Ɛwom sɛ wɔnhyɛɛ Kristofo sɛ wonni dapɛn dapɛn Homeda de, nanso wosua biribi fi saa nhyehyɛe no mu. Israelfo no homee ɔhonam fam ankasa, nanso ɛsɛ sɛ Kristofo home wɔ honhom mu. Ɔkwan bɛn so? Esiane gyidi ne osetie nti, nokware Kristofo gyae pɛsɛmenkominya nnwuma. Nea ɛka pɛsɛmenkominya nnwuma yi ho ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔde wɔn ankasa trenee besi hɔ no. (Hebrifo 4:10) Ɛnyɛ da koro pɛ wɔ dapɛn no mu na wɔhome wɔ honhom mu, na mmom nnanson no nyinaa. Ɔhonam fam Homedadi mmara a na ɛhwehwɛ sɛ wɔde da koro si hɔ ma honhom mu nneɛma ho dwumadi no bɔɔ Israelfo no ho ban fii wɔn bere nyinaa a wɔde bedi dwuma pɛsɛmenkominya kwan so de ahwehwɛ wɔn ankasa honam fam yiyedi no ho. Saa nnyinasosɛm yi a yɛde bedi dwuma daa wɔ honhom mu no yɛ honam fam ade dodow pɛ ho ahobammɔ a etu mpɔn kɛse.
13. (a) Mmara bɛn na wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wonwie ɛso di, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi? (b) Mmara bɛn na Yesu sii so dua? (d) Mmara bɛn na ɛyɛ Mose mmara no nyinaa nnyinaso?
13 Enti wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonwie Kristo mmara no so di,’ mmom sen sɛ wobedi Mmara Nsɛm Du no so. (Galatifo 6:2) Yesu de ahyɛde horow ne afotu pii mae, na sɛ yedi nea ɔkae no akyi a, na yɛredi ne mmara no so. Titiriw no, Yesu sii hia a ɔdɔ ho hia so dua. (Mateo 22:36-40; Yohane 13:34, 35) Yiw, sɛ́ yɛbɛdɔ afoforo yɛ Kristofo mmara. Ɛno ne Mose mmara no nyinaa nnyinaso, sɛnea Bible ka no: “Mmara no nyinaa wie pɛ asɛm biako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”—Galatifo 5:13, 14; Romafo 13:8-10.
14. (a) Ade pa bɛn na ebefi Mose mmara no mu nnyinasosɛm ahorow no a yebesua na yɛde adi dwuma no mu aba? (b) Dɛn na ɔdɔ bɛka yɛn ma yɛayɛ?
14 Mmara a wɔnam Mose so de mae, ne ne Mmara Nsɛm Du no, yɛ trenee mmara horow a efi Nyankopɔn nkyɛn. Na ɛwom sɛ yenni saa mmara no ase nnɛ de, nso nnyinasosɛm pa a ɛwɔ mu no da so som bo kɛse ma yɛn. Ɛdenam sua a yebesua na yɛde adi dwuma so no, yebenya Mmara-Mafo kɛse, Yehowa Nyankopɔn ho anisɔ kɛse. Nanso ɛsɛ sɛ yesua na yɛde Kristofo mmara horow ne nkyerɛkyerɛ di dwuma titiriw wɔ yɛn asetra mu. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa bɛka yɛn ma yɛadi nea ɔhwehwɛ afi yɛn nkyɛn nnɛ nyinaa so.—1 Yohane 5:3.
[Kratafa 203 adaka]
MMARA NSƐM DU NO
1. “Mene [Yehowa] wo Nyankopɔn . . . Nnya anyame foforo nka me ho.
2. “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa: nkotow wɔn, na nsom wɔn . . .
3.”Mmɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn din kwa . . .
4. “Kae homeda, na yɛ no kronkron. Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’ade nyinaa; na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma [Yehowa] wo Nyankopɔn: nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babea . . .
5. “Di w’agya ne wo na ni, na wo nna aware asase a [Yehowa] wo Nyankopɔn de rema wo no so.
6. “Nni awu.
7. “Nsɛe aware.
8. “Mmɔ korɔn.
9. “Nni wo yɔnko ho adansekurum.
10. “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwi anaa n’afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko de.”—Exodus 20:2-17.
[Kratafa 204, 205 mfoni]
Mmara no yɛɛ te sɛ ɔfasu a ɛwɔ Israelfo ne nnipa afoforo ntam