Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • T-21 kr. 1-6
  • Nya Abusua Asetra Mu Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Abusua Asetra Mu Anigye
  • Nya Abusua Asetra Mu Anigye
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Abusua no Fii Ase
  • Ɔkwan Bɛn na Wofa So a, Wubedi Nkonim?
  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetena Ayɛ Anigye
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Biribi Wɔ Hɔ a Ɛde Abusua mu Anigye Ba?
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Abusua Asetra Mu Anigye
T-21 kr. 1-6

Nya Abusua Asetra Mu Anigye

So mmusua betumi anya anigye saa ampa?

Wɔbɛyɛ dɛn atumi anya?

So wunim mmusua bi a wɔyɛ biako na wɔwɔ anigye te sɛ wɔn a wuhu wɔn wɔ kratawa yi mu no? Mmusua a ɛwɔ baabiara resɛe koraa. Awaregyae, adwuma mu ahobammɔ a wonni, a ɔwofo a onni ɔhokafo adwennwene, abasamtu—eyinom nyinaa ka ho na ɔhaw no ba. Abusua asetra ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Ebedu saa bere yi de, obiara nim nsɛm a wɔka siei sɛ abusua no begu no.”

Dɛn nti na mmusua a ɛwɔ hɔ nnɛ hyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den saa? Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya abusua asetra mu anigye?

Sɛnea Abusua no Fii Ase

Sɛ yɛbɛma nsemmisa yi ho mmuae a, ehia sɛ yehu nea ɛyɛe a aware ne abusua bae. Sɛ Obi na Ɔhyehyɛɛ eyinom—Ɔbɔadeɛ bi—a, ɛsɛ sɛ abusua mufo hwehwɛ akwankyerɛ fi ne hɔ, efisɛ akyinnye biara nni ho sɛ onim ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so anya abusua asetra mu anigye akosi ase.

Nanso, nnipa pii gye di sɛ ɛnyɛ Obi na Ɔde abusua nhyehyɛe no bae. The Encyclopedia Americana says: “Nhomanimfo bi kura adwene sɛ ɛnam nhyehyɛe a ɛne mmoa a wodii kan bae ansa na onipa reba a wɔyɛɛ wɔn abien abien no so na aware bae.” Nanso, Yesu Kristo kaa ɔbarima ne ɔbea bɔ ho asɛm. Ɔde asɛm no gyinaa Bible mu tete kyerɛwtohɔ no so kae sɛ: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”—Mateo 19:4-6.

Enti nea Yesu Kristo kae no yɛ nokware. Onyankopɔn bi a ɔwɔ nyansa na ɔbɔɔ nnipa a wodi kan no, na ɔyɛɛ abusua asetra a anigye wom ho nhyehyɛe. Onyankopɔn kaa nnipa baanu a wodi kan no boom wɔ aware mu, na ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ ɔbarima no ‘bata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.’ (Genesis 2:22-24) Ɛnde so ebetumi aba sɛ asetra kwan a ebu gyinapɛn ahorow a Ɔbɔadeɛ no ada no adi wɔ n’Asɛm, Bible, no mu no so, a wodi akyi no na ɛde nnɛ abusua asetra mu ɔhaw ahorow no ba?

Ɔkwan Bɛn na Wofa So a, Wubedi Nkonim?

Sɛnea wunim no, nnɛyi wiase no hyɛ ahopɛ ne pɛsɛmenkominya ho nkuran. Sikasɛm ho odwumayeni bi ka kyerɛɛ kɔlegefo bi a wɔrewie sukuu wɔ United States sɛ: “Adifudepɛ ye. Wubetumi ayɛ odifudepɛfo a hwee renhaw w’adwene.” Nanso honam fam nneɛma akyidi mma ensi obi yiye. Nokwarem no, honam fam ade dodowpɛ ne nneɛma mmiako mmiako a ebetumi asɛe abusua asetra asen biara no mu biako, efisɛ ɛyɛ akwanside wɔ nnipa ntam abusuabɔ mu, na ɛsɛe nnipa bere ne wɔn sika. Nea ɛne eyi bɔ abira no, susuw sɛnea Bible no mmebusɛm abien pɛ boa yɛn ma yehu nea ɛho hia na yɛanya anigye no ho.

“Eye sɛ wo ne nnipa a wodɔ wɔn bedi nnuadewa sen sɛ wubedi nam a eye sen biara wɔ baabi a ɔtan wɔ.”

“Eye sɛ wode asomdwoe bedi paano sin a akyen sen sɛ wɔbɛkɔ apontow ase wɔ ofie a ɔhaw ayɛ mu ma mu.”

Mmebusɛm 15:17; 17:1, “Today’s English Version.”

Tumi wom, ɛnte saa? Susuw sɛnea sɛ abusua biara bɛpene so adi nsɛm a ɛho hia yi so a, anka wiase no bɛyɛ soronko koraa no ho! Bible no de sɛnea ɛsɛ sɛ abusua mufo ne wɔn ho wɔn ho di ho akwankyerɛ a ɛsom bo nso ma. Susuw akwankyerɛ ahorow a ɛde ma no mu kakraa bi ho.

Okununom: ‘Monnɔ mo yerenom sɛ mo ankasa nipadua.’—Efesofo 5:28-30.

Ɛyɛ asɛm tiawa, nanso mfaso wɔ so yiye! Bible no ka kyerɛ okunu nso sɛ ‘onni ne yere ni.’ (1 Petro 3:7) Ɔyɛ saa denam n’ani a ɔma eku ne ho yiye no so, ɔyɛ no brɛbrɛ, onya ntease ma no, na ɔma onya ahotoso nso ka ho. Obu n’adwenkyerɛ nso sɛ ɛsom bo na otie no. (Fa toto Genesis 21:12 ho.) So wunnye ntom sɛ sɛ okunu dwen ne yere ho, te sɛ nea ɔno ankasa bɛpɛ sɛ wodwen ne ho no a, abusua biara benya mu mfaso?—Mateo 7:12.

Ɔyerenom: ‘Munnya obu a emu dɔ mma mo kununom.’—Efesofo 5:33.

Ɔyere boa ma abusua no nya anigye denam ne kunu a ɔboa no ma odi n’asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru ho dwuma no so. Na eyi ne nea wɔpɛe sɛ ɔyɛ, efisɛ Onyankopɔn de ɔyere mae sɛ ‘ɔnyɛ ne boafo, ne sɛso.’ (Genesis 2:18) So wutumi hu nhyira a etumi ba abusua asetra mu bere a ɔyere kyerɛ obu ma ne kunu denam ne gyinaesi ahorow a ogyina akyi na ɔboa no ma wodu abusua no botae horow ho so no?

Aware Mu Ahokafo: “Ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom di wɔn ho wɔn ho nokware.”—Hebrifo 13:4, TEV.

Sɛ wɔyɛ saa a, ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ mfaso ama abusua asetra no. Awaresɛe taa sɛe abusua. (Mmebusɛm 6:27-29, 32) Enti, Bible no de nyansahyɛ ma sɛ: “Wo ne wo yere ani nnye, na wo ne abeawa a woware no ani nnye . . . Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode wo dɔ ma ɔbea foforo?”—Mmebusɛm 5:18-20, TEV.

Awofo: ‘Montete mo mma wɔ ɔkwan a mopɛ sɛ wɔfa so no so.’—Mmebusɛm 22:6.

Sɛ awofo nya bere ma wɔn mma, na wɔma wɔn ani ku wɔn ho a, akyinnye biara nni ho sɛ abusua asetra bɛyɛ papa. Enti, Bible no hyɛ awofo sɛ wɔmfa nnyinasosɛm ahorow a ɛteɛ nkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ ‘wɔn afitra mu ne wɔn kwan so nantew mu, ne wɔn nna mu ne wɔn sɔre mu.’ (Deuteronomium 11:19) Bible no ka nso sɛ ɛsɛ sɛ awofo kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn mma denam nteɛso a wɔde bɛma wɔn no so.—Efesofo 6:4.

Mma: “Mma muntie mo awofo asɛm Awurade mu.”—Efesofo 6:1.

Ampa, wɔ amumɔyɛ wiase yi mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubetie w’awofo. Nanso, so wunnye ntom sɛ nyansa wom sɛ wobɛyɛ nea abusua no Hyehyɛfo ka kyerɛ yɛn no? Onim nea eye sen biara a ɛbɛma yɛn abusua asetra ayɛ anigye kɛse. Enti yere wo ho sɛ wobɛyɛ osetie ama w’awofo. Si wo bo sɛ wobɛkwati wiase no mu sɔhwɛ ahorow pii a ɛbɛma woayɛ nea ɛnteɛ no.—Mmebusɛm 1:10-19.

Mpɛn dodow a abusua no muni biara de Bible afotu di dwuma no, ɛde mfaso bɛbrɛ wɔn wɔ abusua asetra mu. Ɛnyɛ sɛ abusua no benya asetra a ɛyɛ papa mprempren nko, na mmom wobenya daakye a ɛyɛ anigye wɔ wiase foforo bi a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ mu ho anidaso nso. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Enti momma ɛnyɛ mo abusua no su sɛ mubesua Bible no abom! Mmusua ɔpepem pii a ɛwɔ wiase nyinaa ahu sɛ akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma a mfonini a ɛyɛ fɛ wom mu no boa ankasa.

Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Twi Bible Foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena