Ɔfã 2
Hena na Obetumi Akyerɛ Yɛn?
1, 2. Ɔkwan pa a ɛsen biara bɛn na wubetumi afa so ahu nea enti a wɔyɛɛ biribi?
1 Hena na obetumi akyerɛ yɛn asetra atirimpɔw ankasa? Sɛ wokɔsraa ofiriyɛfo bi na wuhui sɛ ɔreyɛ afiri nwonwaso bi a wunhuu bi da a, anka wobɛyɛ dɛn atumi ahu nea ɔde bɛyɛ? Ɔkwampa a ɛsen biara a wobɛfa so ahu ne sɛ wubebisa ofiriyɛfo no.
2 Ɛnde adwinni fɛfɛ a yehu sɛ atwa yɛn ho ahyia wɔ asase so, te sɛ nea yehu wɔ nneɛma a nkwa wom nyinaa mu de besi nkwaboaa ketewaa koraa so no nso ɛ? Wɔayɛ nkwaboaa mu nneɛma nketenkete no mpo wɔ anwonwa kwan so pɛpɛɛpɛ. Ɛnde, onipa adwene a wɔayɛ no anwonwa kwan so no nso ɛ? Na yɛn okyinsoromma ahorow, Milky Way nsorommakuw, ne amansan no nso ɛ? So ɛnyɛ Odwumfo bi na ɔyɛɛ adwinni ahorow a ɛyɛ nwonwa yi nyinaa? Ɛda adi sɛ obetumi aka nea enti a ɔyɛɛ saa nneɛma no akyerɛ yɛn.
So Nkwa Bae Ara Kwa?
3, 4. Hokwan bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ nkwa bae kɛkɛ?
3 The Encyclopedia Americana huu “sɛnea abɔde a nkwa wom yɛ nwonwa na nhyehyɛe wom kɛse” no, na ɛkae sɛ: “Nhwiren, nkoekoemmoa, anaa abɔde a wɔma wɔn mma nufu ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri da no adi sɛ wɔahyehyɛ nkwaa no pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa.” Britaniani nsoromma ho nimdefo Sir Bernard Lovell reka abɔde a nkwa wom mu nneɛma ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Tumi a ebetumi aba sɛ . . . biribi a ɛbae kɛkɛ na ɛde nkwa tumi nketenkete koraa no mu biako bae no nyɛ nea wobetumi asusuw ho yiye. . . . Ɛnyɛ yiye koraa.”
4 Saa ara na nsoromma ho nimdefo Fred Hoyle nso kae sɛ: “Abɔde a nkwa wom ho adesua ho nnyinasosɛm nyinaa da so ara kyerɛ sɛ nkwa bae kɛkɛ. Nanso bere a abɔde a nkwa wom mu nneɛma ho animdefo kɔ so hu nneɛma pii wɔ sɛnea nkwa yɛ nwonwa na wonwie asete ho no, ɛda adi sɛ hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ ɛno ankasa befi ase no sua koraa ma enti wobetumi abu no sɛ ɛnyɛ nokware koraa. Entumi mma sɛ nkwa fii ase kɛkɛ.”
5-7. Ɔkwan bɛn so na abɔde mu nneɛma nketenkete mu nhwehwɛmu di adanse sɛ abɔde a nkwa wom ntumi mma kɛkɛ?
5 Abɔde a nkwa wom ho nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔ awosu ne abɔde mu nneɛma nketenkete ho no yɛ nyansahu afã a ɛbae nkyɛe no biako. Abɔde a nkwa wom mu nneɛma nketenkete ho ɔbenfo Michael Denton ka nea wɔahu ho asɛm sɛ: “Nkwaboaa a esua sen biara a wonim no yɛ nwonwa araa ma entumi nyɛ yiye sɛ wobegye atom sɛ biribi a ɛte saa bae kɛkɛ a obiara anhyɛ da anyɛ.” “Nanso ɛnyɛ sɛnea abɔde a nkwa wom yɛ hwanyann no nko na ɛyɛ ahodwiriw kɛse saa, na mmom sɛnea ɛte no taa da nyansa a emu dɔ nso adi.” “Abɔde mu nneɛma nketenkete mu na . . . nyansa a ɛda adi wɔ abɔde a nkwa wom mu ne sɛnea n’atirimpɔw wie pɛyɛ no da adi pefee kɛse.”
6 Denton kɔ so ka sɛ: “Baabiara a yɛhwɛ, baabiara a yɛyɛ nhwehwɛmu kodu biara no, yehu afɛfɛde ne nyansa kɛse a etia adwene a ɛne sɛ nneɛma bae kɛkɛ no kɛse. So ntease wom ankasa sɛ nneɛma a ɛbae kɛkɛ betumi ayɛ biribi a nkwa wom, a ne fã a esua koraa—nkwa tumi anaa awosu—no yɛ nwonwa sen nneɛma a yɛn ankasa betumi ayɛ, abɔde a nkwa wom a ɛbɔ nneɛma a ɛbae kɛkɛ ho adwene abira a ɛkyɛn biribiara a nnipa nyansa tumi yɛ wɔ ɔkwan biara so?” Ɔka nso sɛ: “Nsonsonoe kɛse da nkwaboaa ne abɔde a nkwa nnim a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ sen biara te sɛ ɔhyerɛmmo anaa sukyerɛmma kuw bi ntam.” Ade a wotumi so mu ho ɔbenfo Chet Raymo se: “Me ho adwiriw me kɛse . . . Ɛte sɛ nea wɔasiesie abɔde mu nneɛma nketenkete no biara anwonwa kwan so ama ne dwumadi.”
7 Abɔde a nkwa wom mu nneɛma nketenkete ho ɔbenfo Denton de ba awiei sɛ “wɔn a wɔda so ara ka sɛ ade foforo a nkwa wom yi bae kɛkɛ” no regye anansesɛm adi. Nokwarem no, ɔfrɛ Darwin gyidi a ɛkyerɛ sɛ nneɛma a nkwa wom bae kɛkɛ no sɛ “afeha a ɛto so aduonu no anansesɛm kɛse a ɛfa sɛnea amansan yi bae ho.”
Adwinne Hia Odwumfo
8, 9. Ma mfatoho a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ adwinne biara nya odwumfo.
8 Hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ abɔde a nkwa nnim betumi abɛyɛ abɔde a nkwa wom mpofirim a wɔnhyɛ da nyɛ no sua koraa sɛ ɛbɛba saa. Dabi, asase so nneɛma a nkwa wom a wɔayɛ ma ɛyɛ nwonwa no nyinaa ntumi mma kɛkɛ a wɔanhyɛ da anyɛ, efisɛ ɛsɛ sɛ adwinne biara nya odwumfo. So wunim adwinne bi a enni odwumfo? Ebi nni hɔ. Na dodow a adwinne no yɛ nwonwa no, dodow no ara na ɛsɛ sɛ enya odwumfo a ne ho akokwaw kɛse.
9 Yebetumi de eyi nso ayɛ ho mfatoho: Sɛ yehu mfonini a, yegye tom sɛ ɛkyerɛ sɛ mfoniniyɛfo wɔ hɔ. Sɛ yɛkenkan nhoma a, yegye tom sɛ nhoma kyerɛwfo wɔ hɔ. Sɛ yehu ɔdan bi a, yegye tom sɛ ɔdansifo wɔ hɔ. Sɛ yehu kar kwan so kanea bi a, yenim sɛ mmarahyɛ bagua bi wɔ hɔ. Wɔn a wɔyɛɛ saa nneɛma no nyinaa de atirimpɔw bi na ɛyɛe. Na ɛmfa ho sɛ ebia yentumi nhu wɔn a wɔyɛe no ho biribiara no, yennye kyim sɛ wonni nkwa mu.
10. Adanse a ɛkyerɛ sɛ Odwumfo Kɛse bi wɔ hɔ bɛn na yetumi hu?
10 Saa ara na sɛnea asase so nneɛma a nkwa wom no yɛ fɛ, wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ, na ɛyɛ nwonwa no tumi ma yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Odwumfo Kɛse bi wɔ hɔ. Ne nyinaa kyerɛ sɛ Nyansa a Ɛkyɛn So bi wɔ hɔ. Ɛte saa ara nso wɔ sɛnea amansan yi ne emu nsorommakuw ɔpepepem pii, a nsoromma ɔpepepem pii wɔ kuw biara mu no yɛ fɛ, wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ, na ɛyɛ hu no mu. Na nsoromma ahorow no nyinaa di mmara pɔtee te sɛ nea ɛfa ahokeka, ɔhyew, hann, nnyigyei, tumi a ɛtwe nneɛma bɛn ho, ne tumi a ɛtwe ade ba fam ho no so. Sɛ mmarahyɛfo biara nni hɔ a, anka wobetumi anya mmara? Asraman ho Ɔbenfo Wernher von Braun kae sɛ: “Amansan yi mu abɔde ho mmara ahorow yɛ pɛpɛɛpɛ araa ma ɛnyɛ den sɛ yɛbɛyɛ wimhyɛn ma atu akɔ ɔsram so, na yebetumi ama ne tu no bere anibu fã mpo ma adi so pɛpɛɛpɛ. Ɛbɛyɛ sɛ obi na ɔhyehyɛɛ mmara horow yi.”
11. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegye wɔ a Odwumfo Kɛse bi wɔ hɔ ho kyim esiane sɛ yenhu no kɛkɛ nti?
11 Ɛyɛ nokware sɛ yentumi mfa yɛn aniwa ankasa nhu Odwumfo ne Mmarayɛfo Kɛse no. Nanso so nneɛma te sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam, tumi a ɛtwe nneɛma bɛn ho, anyinam ahoɔden, anaa mframa mu tumi a ɛboa radio dwumadi a yenhu ma yegye wɔ a ɛwɔ hɔ ho kyim anaa? Dabi, yɛnyɛ saa, efisɛ yetumi hu sɛnea edi dwuma. Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka sɛ Odwumfo ne Mmarayɛfo Kɛse bi nni hɔ esiane sɛ yentumi nhu no kɛkɛ nti, bere a yetumi hu nea afi ne nsa ano adwuma a ɛyɛ nwonwa no mu aba no?
12, 13. Dɛn na adanse no ka fa wɔ a Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ no ho?
12 Ade a wotumi so mu ho ɔbenfo Paul Davies de ba awiei sɛ onipa asetra nyɛ ade a ɛbae kɛkɛ. Ose: “Wɔhyɛɛ da de yɛn too ha ankasa.” Na ɔka amansan no ho asɛm sɛ: “Menam nyansahu mu nhwehwɛmu a mayɛ so agye adi kɛse sɛ wɔde nyansa a emu dɔ na ɛhyehyɛɛ amansan no, ma enti mintumi mfa no sɛ nokwasɛm bi a enni nnyinaso. Ɛyɛ me sɛ ɛbɛwɔ nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri.”
13 Enti adanse no kyerɛ yɛn sɛ entumi mma sɛ amansan no, asase no, ne asase so nneɛma a nkwa wom no bae kɛkɛ. Ne nyinaa di adanse sɛ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ nyansa ne tumi kɛse bi wɔ hɔ.
Nea Bible no Ka
14. Dɛn na Bible no ka fa Ɔbɔadeɛ no ho?
14 Bible, adesamma nhoma a akyɛ sen biara no ka saa ara. Sɛ́ nhwɛso no, wɔka kyerɛ yɛn wɔ Hebrifo nhoma a ɛwɔ Bible mu, a ɔsomafo Paulo kyerɛwee no mu sɛ: “Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Bible nhoma a etwa to a ɔsomafo Yohane kyerɛwee no nso se: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wopɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”—Adiyisɛm 4:11.
15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu Onyankopɔn su horow no bi?
15 Bible no kyerɛ sɛ yentumi nhu Onyankopɔn de, nanso nneɛma a wayɛ no ma yetumi hu Onyankopɔn ko a ɔyɛ. Ɛka sɛ: “Efi wiasebɔ so beeme na ntease aniwa ahu [Ɔbɔadeɛ no] su horow a wonhu, a ɛne ne daa tumi ne ne nyamesu wɔ nneɛma a wayɛ no mu.”—Romafo 1:20, The New English Bible.
16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ nnipa ntumi nhu Onyankopɔn?
16 Enti Bible no ma yegyina nea ɛwɔ hɔ so hu ɔyɛfo no. Nea ɛwɔ hɔ—nneɛma akɛse a wayɛ—no di adanse sɛ Ɔyɛfo nyansafo a ɔwɔ tumi no wɔ hɔ: Onyankopɔn. Afei nso yɛn ani betumi agye sɛ yentumi mfa yɛn aniwa nhu no efisɛ, sɛ́ amansan nyinaa Bɔfo no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔwɔ tumi kɛse araa ma nnipa a wɔyɛ honam ne mogya ntumi nhwɛ kwan sɛ wobehu no na wɔanya nkwa. Na saa ara na Bible no ka, sɛ: ‘Onipa renhu Onyankopɔn anim nnya nkwa.’—Exodus 33:20.
17, 18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma adwene a ɛne sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no ho hia yɛn?
17 Ɛsɛ sɛ adwene a ɛne sɛ Odwumfo Kɛse, Ɔteasefo Pumpuni bi—Onyankopɔn—wɔ hɔ no ho hia yɛn kɛse. Sɛ Ɔbɔadeɛ bi na ɔyɛɛ yɛn de a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ ntease anaa atirimpɔw bi nti na ɔbɔɔ yɛn. Sɛ ɔbɔɔ yɛn sɛ yennya atirimpɔw wɔ asetra mu a, ɛnde ntease wom sɛ yebenya awerɛhyem sɛ nneɛma bɛyɛ yiye ama yɛn daakye. Sɛ ɛnte saa a, anka yɛbɛtra ase awuwu kɛkɛ a yenni anidaso. Enti ɛho hia yiye sɛ yɛhwehwɛ atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no. Ɛbɛma yɛatumi apaw sɛ yɛbɛtra ase ma ɛne no ahyia anaasɛ yɛnyɛ saa.
18 Afei nso Bible no ka sɛ Ɔbɔadeɛ no yɛ ɔdɔ Nyankopɔn a odwen yɛn ho pii. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Odwen mo ho.” (1 Petro 5:7; hwɛ Yohane 3:16 ne 1 Yohane 4:8, 16 nso.) Ɔkwan biako a yebetumi afa so ahu sɛnea Onyankopɔn dwen yɛn ho ne sɛ yebesusuw sɛnea ɔyɛɛ yɛn adwene ne yɛn nipadua anwonwa kwan so no ho.
‘Wayɛ Yɛn Anwonwa Kwan So’
19. Nokwasɛm bɛn na odwontofo Dawid twe yɛn adwene si so?
19 Odwontofo Dawid gye toom wɔ Bible no mu sɛ: “Woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.” (Dwom 139:14) Ɛda adi sɛ ɛyɛ nokware, efisɛ Odwumfo Kɛse no yɛɛ onipa amemene ne nipadua no wɔ anwonwa kwan so.
20. Ɔkwan bɛn so na encyclopedia bi kyerɛkyerɛ sɛnea onipa amemene te no mu?
20 Sɛ́ nhwɛso no, w’amemene yɛ nwonwa sen kɔmputa biara koraa. The New Encyclopædia Britannica se: “Sɛnea nipadua mu tumi a ɛma yɛte ade nka di dwuma no yɛ nwonwa sen telefon dwumadibea a ɛso sen biara no; onipa amemene tumi di nsɛm ho dwuma yiye sen nea kɔmputa a eye sen biara no betumi ayɛ koraa.”
21. Sɛ yehu nea amemene no yɛ a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?
21 W’amemene kora nsɛm ne mfonini a wode w’adwene twa ɔpepem pii so, nanso ɛnyɛ nsɛm kɛkɛ na ɛkora so. Wubetumi de asua hwiremabɔ, paanoto, sɛnea wɔka kasa foforo, sɛnea wɔde kɔmputa di dwuma, anaa sɛnea wɔka wimhyɛn. Wubetumi atwa sɛnea akwamma bi bɛyɛ anaa sɛnea aduaba bi dɛ bɛyɛ ho mfonini. Wubetumi asusuw nneɛma ho na woayɛ. Wubetumi ayɛ nhyehyɛe, akyerɛ anisɔ, akyerɛ ɔdɔ, na woasusuw nneɛma a atwam, nea ɛwɔ hɔ nnɛ ne nea ɛbɛba daakye ho nso. Esiane sɛ, sɛ́ nnipa no, yentumi nyɛ ɔdesani amemene a ɛyɛ nwonwa no nti, ɛda adi sɛ Onii a ɔyɛe no wɔ nyansa ne tumi a ɛkorɔn sen onipa biara de koraa.
22. Dɛn na abɔde ho nyansahufo gye tom wɔ onipa amemene no ho?
22 Ɛdefa amemene no ho no, nyansahufo gye tom sɛ: “Wontumi nte sɛnea afiri ketewa a emu nneɛma yɛ nwonwa a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ di nneɛma yi ho dwuma no ase. . . . Nnipa ntumi nte amemene no ho nsɛm nkorɛnkorɛ no nyinaa ase da.” (Scientific American) Na ade a wotumi so mu ho ɔbenfo Raymo se: “Sɛ yɛbɛka nokware a, yenni sɛnea amemene no kora nsɛm so, anaa sɛnea etumi kae nsɛm bere biara a ɛpɛ no ho nimdeɛ pii ara. . . . Nkwammoaa a ɛma amemene ne nipadua no nkwaa tumi di nkitaho bɛyɛ ɔpepepem ɔha na ɛwɔ onipa amemene mu. Nkwaboaa biara ne nkwammoaa mpepem afoforo nya nkitahodi wɔ amemene mu ntini ahorow a ɛte sɛ nnubaa no mu. Wontumi nte sɛnea wɔne wɔn ho di nkitaho no ase koraa.”
23, 24. Bobɔ nipadua nkwaa a wɔyɛɛ no anwonwa kwan so no bi din, na dɛn na mfiri ho nimdefo bi kae?
23 W’aniwa hu ade yiye, na etumi yɛ nsakrae a ɛfata sen mfoninitwa afiri biara; nokwarem no, ɛyɛ mfoninitwa afiri a etwa mfonini ahorow a ɛkeka wɔn ho a kɔla ahorow wom, na n’ankasa yɛ adwuma, yɛ nsakrae sɛnea ɛfata. W’aso betumi ate nnyigyei ahorow, ama woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ, na woatumi agyina hɔ pintinn. Wo koma yɛ pɔmpe a etumi yɛ nneɛma ahorow, a mfiriyɛfo a wɔn ho akokwaw sen biara ntumi nyɛɛ bi. Nea ɛyɛ nwonwa bio nso ne nipadua nkwaa afoforo: wo hwene, wo tɛkrɛma, ne wo nsa, ne afei wo mogya ne adidi ne ɔnom nkwaadɔm ahorow no, sɛ yɛbɛbobɔ emu kakraa bi a.
24 Enti, mfiri ho nimdefo bi a wɔfaa no sɛ ɔnyɛ kɔmputa kɛse bi kae sɛ: “Sɛ obi na ɔyɛɛ me kɔmputa no a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na saa afiri a abɔde mu nyansahu afã horow nyinaa da adi wom, a ɛne me nipadua—a ɛno nso yɛ amansan kɛse a ɛkorɔn yiye no fã ketewaa bi no—nhia ɔyɛfo?”
25, 26. Dɛn na Odwumfo Kɛse no betumi aka akyerɛ yɛn?
25 Sɛnea atirimpɔw bi nti na nnipa yɛ wimhyɛn, kɔmputa, baesekre, ne nneɛma afoforo no, saa ara na atirimpɔw bi nti na amemene ne nipadua Bɔfo no bɔɔ yɛn. Na ɛsɛ sɛ Odwumfo yi nya nyansa a ɛkorɔn sen nnipa de, efisɛ yɛn mu biara ntumi nni adwinni a wadi no bi. Ɛnde ntease wom sɛ ɔno ne Onii a obetumi aka nea enti a ɔbɔɔ yɛn, nea enti a ɔde yɛn too asase so, ne nea yebenya daakye akyerɛ yɛn.
26 Sɛ yesua saa nneɛma no a, ɛnde yebetumi de amemene ne nipadua nwonwaso a Onyankopɔn de maa yɛn no adi yɛn asetra atirimpɔw ho dwuma. Nanso ɛhe na yebetumi asua n’atirimpɔw ahorow ho ade? Ɔde saa nimdeɛ no ma yɛn wɔ he?
[Kratafa 7 mfonini]
Ɔkwan pa a ɛsen biara a wubetumi afa so ahu nea enti a wɔyɛɛ biribi ne sɛ wubebisa nea ɔyɛe no
[Kratafa 8 mfonini]
Wobetumi ahu sɛnea abɔde a nkwa wom yɛ nwonwa na wɔahyehyɛ no yiye no wɔ nkwaboaa mu nneɛma a ɛma yenya awosu no mu
[Kratafa 9 mfonini]
“Onipa amemene tumi di nsɛm ho dwuma yiye sen nea kɔmputa a eye sen biara no betumi ayɛ koraa”