Adesua 16
Gyinae a Wubesi sɛ Wobɛsom Onyankopɔn
Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woabɛyɛ Onyankopɔn adamfo? (1, 2)
Ɔkwan bɛn so na wuhyira wo ho so ma Onyankopɔn? (1)
Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wo asu? (2)
Wobɛyɛ dɛn anya ahoɔden de adi Onyankopɔn nokware? (3)
1. Nea ɛbɛyɛ na woabɛyɛ Onyankopɔn adamfo no, ɛsɛ sɛ wunya Bible mu nokware nimdeɛ (1 Timoteo 2:3, 4), wunya nneɛma a woasua no mu gyidi (Hebrifo 11:6), wunu wo ho wɔ wo bɔne ho (Asomafo no Nnwuma 17:30, 31), na wosakra w’asetra. (Asomafo no Nnwuma 3:19) Afei ɛsɛ sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no ka wo ma wuhyira wo ho so ma no. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woka kyerɛ no wɔ wo kokoam mpaebɔ mu sɛ wode wo ho rema no ayɛ n’apɛde.—Mateo 16:24; 22:37.
2. Bere a woahyira wo ho so ama Onyankopɔn awie no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ wo asu. (Mateo 28:19, 20) Asubɔ ma obiara hu sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa. Enti wɔn a wɔanyin sɛnea wobetumi asi gyinae sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no nkutoo na wɔbɔ wɔn asu. Sɛ wɔbɔ obi asu a, ɛsɛ sɛ wɔde ne nipadua nyinaa hyɛ nsu ase bere tiaa bi.a—Marko 1:9, 10; Asomafo no Nnwuma 8:36.
3. Bere a woahyira wo ho so awie no, Yehowa bɛhwɛ kwan sɛ wubedi wo bɔhyɛ so. (Dwom 50:14; Ɔsɛnkafo 5:4, 5) Ɔbonsam bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma woagyae Yehowa som. (1 Petro 5:8) Nanso bɛn Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu. (Filipifo 4:6, 7) Sua n’Asɛm da biara. (Dwom 1:1-3) Fa wo ho bɔ asafo no denneennen. (Hebrifo 13:17) Sɛ woyɛ eyi nyinaa a, wubenya ahoɔden a wode bedi Onyankopɔn nokware. Wonam saayɛ so betumi ayɛ nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ no daa nyinaa!
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔkamfo kyerɛ sɛ sua Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no anaa nhoma a ɛte saa ara a Ɔwɛn Aban Asafo atintim no fa siesie wo ho ma asubɔ.