Nhoma A Yetumi De Bɔ Bra Nnɛ
Nnipa pii ani gye nhoma a ɛde afotu ma ho wɔ nnɛ wiase mu. Nanso ɛnkyɛ na emu nsɛm atwam ma wɔasakra mu anaa wɔde foforo asi ananmu. Bible no nso ɛ? Ɛreyɛ adu mfe 2,000 ni a wɔkyerɛw wiei. Nanso efi bere a wɔkyerɛwee no wɔnyɛɛ nsakrae biara wom da. So nhoma a ɛte saa betumi de akwankyerɛ pa bi ama yɛn nnɛ?
EBINOM se dabida. Oduruyɛfo Eli S. Chesen kyerɛkyerɛɛ nea enti a osusuw sɛ Bible no bere atwam no mu sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔde adufra ho nhoma a wɔkyerɛw no 1924 kyerɛ sukuufo ade nnɛ.”1 Ɛte sɛ nea asɛm yi tɔ asom. Sɛ yɛhwɛ a, efi bere a wɔkyerɛwee Bible no nnipa asua adwene ne nnipa nneyɛe ho nsɛm pii. Enti ɔkwan bɛn so na tete nhoma a ɛte saa ho betumi aba mfaso wɔ asetram nnɛ?
Nnyinasosɛm Ahorow a Ne Bere Ntwam
Ɛwom sɛ mmere asesa de, nanso nnipa ahiade ankasa nsesae. Efi tete na ɔdɔ abɛyɛ biribi a nnipa hia. Ná wɔpɛ sɛ wɔn ani gye na atirimpɔw ba wɔn asetra mu. Ná wohia afotu a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi sikasɛm so, ɛbɛma wɔn aware asɔ, na wɔatumi de su pa adua wɔn mma mu. Bible wɔ nsɛm a ɛte saa nyinaa ho afotu.—Ɔsɛnkafo 3:12, 13; Romafo 12:10; Kolosefo 3:18-21; 1 Timoteo 6:6-10.
Bible afotu da no adi sɛ na akyerɛwfo no nim nnipa su yiye. Susuw nhwɛso ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ emu nnyinasosɛm yɛ tee, ne bere ntwaam, na yebetumi de abɔ bra nnɛ no ho.
Aware Ho Akwankyerɛ Pa
UN Chronicle ka sɛ abusua ne “adesamma nhyehyɛe mu ade titiriw a akyɛ sen biara; ɛno ne ɛtwene titiriw a ɛka awo ntoatoaso ahorow bom.” Nanso “ɛtwene titiriw” yi resɛe ntɛmntɛm ma ɛyɛ hu. Chronicle no ka sɛ: “Wɔ nnɛ wiase mu no, mmusua pii rehyia nsɛnnennen a ebetumi asɛe no koraa.”2 Afotu bɛn na Bible de ma a ebetumi aboa ma abusua agyina?
Nea edi kan no, Bible wɔ pii ka fa sɛnea ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere tra ho. Sɛ nhwɛso no, ɛka kyerɛ okununom sɛ: ‘Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa wɔn nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye.’ (Efesofo 5:28, 29) Wotuu ɔyere fo sɛ ‘ɔmfɛre ne kunu.’—Efesofo 5:33.
Susuw nea ɛbɛba bere a obiara de Bible mu afotu a ɛte saa di dwuma no ho. Okunu a ɔdɔ ne yere sɛ ‘n’ankasa nipadua’ no ntan no, na ɔnyɛ no basabasa. Onyi ne nsa mmɔ no, na saa ara na ontwa no adapaa nnwoodwoo no. Mmom no, odi no ni susuw ne ho te sɛ n’ankasa. (1 Petro 3:7) Eyi ma ne yere te nka sɛ ɔdɔ no na aware no remfi ne nsa. Okunu no nam saayɛ so yɛ nhwɛso pa ma ne mma hu sɛnea wɔne mmaa di nsɛm. Saa ara na ɔyere a ‘ɔfɛre’ ne kunu renkasa ntia biribiara a ɔbɛyɛ mmu no animtiaa. Esiane sɛ ɔyere no bu no nti, ɔte nka sɛ ne yere wɔ ne mu ahotoso, ɔpɛ no, na n’ani sɔ nea ɔyɛ.
Yebetumi de afotu a ɛte saa adi dwuma wɔ nnɛ wiase mu? Ɛyɛ anigye sɛ wɔn a nnɛ wɔde ayɛ wɔn adwuma sɛ wobesua abusua ho nsɛm no gye di saa. Ɔpanyin bi a ɔhwɛ ma mmusua afotu ka sɛ: “Abusua a ahotɔ wom paa a mahu yɛ nea ɛna ne agya no wɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma wɔn ho. . . . Ɛkame ayɛ sɛ saa abusuabɔ a ɛho hia yi ma mmofra te ahobammɔ nka.”3
Mfe pii ni na abɛda adi sɛ afotu a Bible de ma no yɛ nea yebetumi de yɛn ho ato so sen nea mmusua ho afotufo pii a wɔwɔ adwempa de ma. Ɛnkyɛe biara, na asɛm a ɛda afotufo pii ano ne sɛ sɛ w’aware nkɔ yiye a, gyae aware no ntɛm na w’asom ntɔ wo. Ɛnnɛ nea wɔn mu pii ka ne sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔmma aware no ntra hɔ. Nanso ansa na wɔresesa wɔn nsusuwii no, na aware pii asɛe dedaw.
Nanso Bible no de aware ho afotu a yebetumi de yɛn ho ato so na ɛkari pɛ ma. Egye tom sɛ tebea bi betumi ama obi anya hokwan agyae aware. (Mateo 19:9) Bere koro no ara ɛkasa tia sɛ obi begyina asɛnhunu biara so agyae aware. (Malaki 2:14-16) Ɛka nso sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obi befi ne hokafo akyi akɔ obi foforo nkyɛn. (Hebrifo 13:4) Ɛka sɛ aware yɛ ahofama: ‘Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ honam koro.’a—Genesis 2:24; Mateo 19:5, 6.
Afotu a Bible de ma wɔ aware ho no ho hia nnɛ sɛnea na ɛho hia bere a wɔkyerɛw Bible no. Sɛ okunu ne ɔyere dodɔ wɔn ho bu wɔn ho na wohu sɛ aware yɛ abusuabɔ a wonnya wɔ baabi foforo biara a, ebetumi ama aware no agyina—na abusua mũ no nyinaa begyina.
Akwankyerɛ Pa Ma Awofo
Bere bi a atwam no, na awofo pii—a mmofra ntetee ho “adwene a aba so foforo” anya wɔn so nkɛntɛnso no—susuw sɛ “wɔabara sɛ wɔbɛbara” wɔn mma.8 Na wosuro sɛ sɛ wɔhyehyɛ mmara ma wɔn mma a, ɛbɛka wɔn adwene ma wɔayɛ basaa. Mmofra ntetee ho afotufo a na wɔwɔ adwempa sii so dua sɛ nea awofo betumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛteɛ wɔn mma so bɔkɔɔ. Nanso seesei afotufo a wɔte saa anya adwene foforo wɔ nteɛso ho, na awofo a asɛm no haw wɔn pɛ sɛ wɔte nneɛma ase yiye.
Nanso saa bere yi nyinaa na Bible de afotu a emu da hɔ na ntease wom ama wɔ nkwadaa yɛn ho. Bɛyɛ mfe 2,000 ni a ɛkae sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kasakyerɛ” no kyerɛ “ɔyɛn, ntetee, nkyerɛkyerɛ.”9 Bible ka sɛ kasakyerɛ anaa nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ awofo dɔ wɔn mma. (Mmebusɛm 13:24) Sɛ mmofra nya abrabɔ ho akwankyerɛ a ɛfata na wonim nea ɛfata ne nea ɛmfata a, esiesie wɔn kama. Sɛ wɔn awofo teɛ wɔn so a, wobehu sɛ wodwen wɔn ho na wɔntoo wɔn asaworam.
Nanso ɛnsɛ sɛ awofo de wɔn tumi—“nteɛso abaa” no—poopoo mmofra no.b (Mmebusɛm 22:15; 29:15) Bible bɔ awofo kɔkɔ sɛ: “Monnteɛ mo mma so mmoro so, anyɛ saa a wɔn koma betu.” (Kolosefo 3:21, Phillips) Ɛka nso sɛ mpɛn pii no ɔhwe nyɛ ɔkwampa a wɔfa so kyerɛkyerɛ. Mmebusɛm 17:10 ka sɛ: “Nkaanim hyɛn nhumufo mu kyɛn sɛ mmaa ɔha hyɛn ɔkwasea mu.” Afei nso Bible ka sɛ ɛyɛ papa sɛ mmofra benya akwankyerɛ a ɛbɛbɔ wɔn ho ban. Wotu awofo fo wɔ Deuteronomium 11:19 sɛ wɔmfa hokwan biara a wobenya mfa nneɛma pa nnua wɔn mma komam.—Hwɛ Deuteronomium 6:6, 7 nso.
Bible afotu a entwam da yi mu da hɔ. Mmofra hia nteɛso a wofi ɔdɔ mu de ma daa. Osuahu ahorow kyerɛ sɛ afotu a ɛte saa tumi yɛ adwuma.c
Nea Ɛde Mpaapaemu Ba a Wubedi So
Nneɛma te sɛ honam ani hwɛbea, ɔman a obi fi mu, ne kasa a ɔka de mpaapaemu ba nnipa mu nnɛ. Saa mpaapaemu a nnipa ankasa na ɛde aba yi ama wɔakunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm pii wɔ akodi mu wɔ wiase nyinaa. Nokwasɛm ni, sɛ wohwɛ nsɛm a abɛsen kɔ a, anidaso titiriw biara nni hɔ a ɛbɛma yɛagye adi sɛ nnipa a wofi aman horow so betumi ayɛ baako daakye. Afrikani ɔmanyɔfo bi kae sɛ: “Tebea no ano aduro wɔ yɛn komam.”11 Nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛsakra nnipa koma. Nanso hwɛ sɛnea Bible mu nsɛm ka koma na ɛboa ma yenya baakoyɛ su.
Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn ‘maa nnipa aman nyinaa fi onipa baako mu’ bae no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ nnipa biara susuw sɛ wɔkorɔn sen afoforo. (Asomafo no Nnwuma 17:26) Ɛkyerɛ sɛ abusua baako ankasa na ɛwɔ hɔ—adesamma abusua no. Afei Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn’ a wɔka eyi fa ne ho no: ‘Ɔnhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.’ (Efesofo 5:1; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Wɔn a wobu Bible mu nsɛm ahiasɛm, na wɔpɛ sɛ wɔde ne nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra no ma saa nimdeɛ yi ka wɔn bom. Ɛka nnipa kɔ akyiri paa, wɔn komam pɛɛ, na eyi nneɛma a nnipa ayɛ a ɛde mpaapaemu ba nnipa mu no fi hɔ. Susuw nhwɛso bi ho.
Bere a Hitler de ɔko hyehyɛɛ so wɔ Europa nyinaa no, na Kristofo kuw bi—Yehowa Adansefo—wɔ hɔ a wɔmpene so koraa sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ mogyahwiegu hunu no mu. Na ‘wɔmpɛ sɛ wɔma afoa so’ tia wɔn yɔnko nnipa. Wosii saa gyinae yi efisɛ na wɔpɛ sɛ wɔsɔ Nyankopɔn ani. (Yesaia 2:3, 4; Mika 4:3, 5) Na wogye nea Bible kyerɛkyerɛ no di paa—sɛ ɔman anaa nnipakuw biara nni hɔ a wɔsen afoforo. (Galatifo 3:28) Esiane sɛ Yehowa Adansefo dɔ asomdwoe nti, na wɔka nnipa a wodii kan de wɔn koguu nneduaban mu no ho.—Romafo 12:18.
Ɛnyɛ wɔn a na wose wodi Bible akyi no nyinaa na wosii gyinae a ɛte saa. Wiase Ko II akyi pɛɛ no, German Protestant sɔfo Martin Niemöller kyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Nyankopɔn soboɔ sɛ ɔno na ɔma [ko] ba no nnim, anaa ɔmpɛ sɛ ohu, Onyankopɔn Asɛm. . . . Efi tete na Kristofo asɔre ahorow akɔ so ahyira akodi, asraafo, ne akode so, na . . . wɔnam ɔkwan a ɛmfata Kristofo so abɔ mpae sɛ wɔn atamfo nsɛe wɔ ɔko mu. Eyi nyinaa yɛ yɛn ne yɛn agyanom mfomso, na ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi de asodi no ato Nyankopɔn so. Yɛn Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ yi anim agu ase wɔ nkurɔfo te sɛ Bible Asuafo Mmɔdenbɔfo [Yehowa Adansefo] anim, nnipa a esiane sɛ wɔamfa wɔn ho amma asraadi ankunkum nnipa nti wɔde wɔn mu mpempem koguu nneduaban mu na wowuwui [mpo].”12
Wonim Yehowa Adansefo besi nnɛ sɛ wɔwɔ onuayɛ honhom a ɛka Arabfo ne Yudafo, Croatfo ne Serbfo, Hutufo ne Tutsifo bom. Nanso Adansefo no gye tom sɛ ɛnyɛ sɛ wɔkyɛn afoforo nti na baakoyɛ a ɛte saa wɔ wɔn ntam, mmom tumi a ɛwɔ Bible nsɛm mu a wɔma ɛkanyan wɔn na ama aba saa.—1 Tesalonikafo 2:13.
Akwankyerɛ Pa a Ɛma Adwenem Ahotɔ
Sɛnea obi te nka adwene ne nkate mu no taa ka ne honam fam akwahosan. Sɛ nhwɛso no, nyansahufo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ abufuw tumi pira nnipa. Oduruyɛfo Redford Williams a ɔda Asoɛe a Ɛyɛ Nneyɛe Ho Nhwehwɛmu wɔ Duke University Medical Center ano ne ne yere, Virginia Williams, ka wɔ wɔn nhoma Anger Kills (Abufuw Di Awu) mu sɛ: “Adanse a ɛwɔ hɔ pii da no adi sɛ wɔn a wɔn bo fuw ntɛmntɛm betumi anya komayare (ne nyarewa foforo) ntɛm esiane nneɛma ahorow pii te sɛ nnamfo a ɔbɛhwere wɔn, nsakrae pii a ɛba nipadua no mu bere a ne bo afuw, ne ne ho a ɔde hyɛ nneɛma a ɛsɛe akwahosan mu nti.”13
Mfe mpempem pii ansa na wɔreyɛ saa nhwehwɛmu yi, na Bible aka no fann sɛ obi nkate betumi aka n’akwahosan: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔw.” (Mmebusɛm 14:30; 17:22) Bible tu fo nyansam sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ,” na “Mma wo honhom mmpere abohuru ho.”—Dwom 37:8; Ɔsɛnkafo 7:9.
Afei Bible ma yɛn afotu a nyansa wom a ɛbɛboa ma yɛadi abufuw so. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 19:11 ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nimdeɛ” no fi asɛmfua bi a ɛkyerɛ ‘adwene a ɛwɔ biribi akyi a wubehu mu.’14 Afotu a nyansa wom ne sɛ: “Dwen ansa na woayɛ biribi.” Sɛ obi bɔ mmɔden sɛ obehu nea enti a ebinom ka nsɛm anaa wɔyɛ nneɛma bi a, ɛbɛboa no ma wanya afoforo ho abotare—na ɛremma ne bo mfuw ntɛm.—Mmebusɛm 14:29.
Afotu foforo a mfaso wɔ so wɔ Kolosefo 3:13 a ɛka sɛ: “Munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho.” Yɛte ase yi nkoaa de, yebehyia nsɛm nketenkete bi a ɛbɛhaw yɛn. Asɛm “munhuhu mma mo ho” no kyerɛ sɛ sɛ yɛn ani nnye nneɛma bi ho wɔ afoforo ho mpo a, ɛsɛ sɛ yɛfa no saa. “Fakyɛ” kyerɛ menasepɔw a wubeyi afi hɔ. Ɛtɔ da bi a, nyansa wom sɛ yebeyi asɛm bi afi yɛn mu mmom sen sɛ yebenya menasepɔw; abufuw a yɛde bɛhyɛ yɛn mu no bɛma yɛn adesoa adɔɔso mmom.—Hwɛ adaka “Akwankyerɛ Pa a Ɛbɛma Yɛne Afoforo Atra Yiye” no mu.
Afotu ne akwankyerɛ abu so nnɛ. Nanso Bible no da mu bafua. Afotu a ɛwom no nyɛ nsusuwii kɛkɛ, na enni yɛn aborɔ nso. Mmom nyansa a ɛwom no yɛ “nokware” turodoo. (Dwom 93:5) Afei nso Bible afotu ntwam. Ɛwom sɛ bɛyɛ mfe 2,000 ni a wɔkyerɛw wiei de, nanso yetumi de mu nsɛm di dwuma. Na ɛmfa ho yɛn honam ani hwɛbea anaa ɔman a yefi mu no, obiara betumi de emu afotu adi dwuma. Bible mu nsɛm wɔ tumi nso—tumi a ɛsesa nnipa ma wɔbɛyɛ nnipa pa. (Hebrifo 4:12) Sɛ wokan saa nhoma yi na wode emu nnyinasosɛm di dwuma a, ɛbɛma w’ani agye asetram.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hebri asɛmfua da·vaqʹ a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ ‘bata ho’ no “kura adwene a ɛne sɛ wode wo ho bɛfam obi ho wɔ ɔdɔ ne nokwaredi mu.”4 Hela mu no, asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘ɔbɛbata ho’ wɔ Mateo 19:5 no kura adwene te sɛ “wobɛka afam ho,” “sɛ wobɛka abom,” “sɛ wobɛka abom papee.”5
b Bible mmere mu no, na asɛmfua “abaa” (Hebri, sheʹvet) san kyerɛ “poma,” te sɛ nea oguanhwɛfo kura no.10 Wɔ saa kwan yi so no, tumidi abaa no gyina hɔ ma akwankyerɛ a wofi ɔdɔ mu de ma, ɛnyɛ atirimɔdensɛm.—Fa toto Dwom 23:4 ho.
c Hwɛ Nsɛmti “Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase,” “Boa Wo Ba Aberantewaa Anaa Ababaawa Ma Onnya Nkɔso,” “So Otuatewfo Wɔ Fie Hɔ?”, ne “Bɔ W’abusua Ho Ban Wɔ Nkɛntɛnso Bɔne Ho” wɔ nhoma a ɛde Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]
Bible ma yɛn abusua asetra ho afotu a emu da hɔ na ntease wom
[Kratafa 23 adaka]
Nneɛma A Ɛma Abusua Mu Yɛ Anika
Mfe pii a atwam ni no, ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔsan yɛ abusuasɛm ho nimdefo yɛɛ nhwehwɛmu bisabisaa nnipa bɛboro 500 a wotu mmusua fo sɛ wɔnkyerɛ su ahorow a wɔahu sɛ ɛma mmusua mu yɛ “anika.” Anigyesɛm ne sɛ su ahorow a wɔbobɔɔ din no bi yɛ nneɛma a Bible fi bere tenten aka ho asɛm.
Nea edi kan ne nkɔmmɔbɔ su a ɛfata a ɛboa ma wosiesie nsɛm. Nea ɔyɛɛ saa nhwehwɛmu yi kae sɛ ade titiriw a wohui wɔ mmusua a emu yɛ anika mu ne sɛ “obiara nkɔ kɛtɛ so a ne bo afuw ɔfoforo.”6 Nanso bɛboro mfe 1,900 ni na Bible tuu fo sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” (Efesofo 4:26) Bible bere so no, na wobu nna fi bere a owia akɔtɔ kosi bere a owia akɔtɔ. Enti bere tenten ansa na nnɛɛmmafo resua mmusua ho nsɛm no, na Bible de afotu a nyansa wom ama sɛ: Munsiesie akasakasa ntɛm—ansa na ade akye.
Nea ɔyɛɛ nhwehwɛmu no hui sɛ mmusua a emu yɛ anika “remma nsɛm a ebetumi de abufuw aba so ansa na wɔapue abɔnten anaa wɔakɔda. Mpɛn pii na mete sɛ wɔreka sɛ ‘bere a ɛfata mu.’”7 Na saa mmusua yi nnim nanso na wɔreti Bible abebusɛm bi a wɔkyerɛwee bɛboro mfe 2,700 ni mu: ‘Asɛm a wɔka a ɛfata [wɔ ne bere mu, NW] te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.’ (Mmebusɛm 15:23; 25:11) Ebia ntotoho yi yɛ sika agude bi a wɔayɛ no sɛ aduaba a ɛdeda apampaa bi a wɔde dwetɛ ayɛ so—na ɛyɛ agyapade a ɛsom bo na ɛyɛ fɛ wɔ Bible mmere mu. Ɛkyerɛ sɛnea asɛm a wɔka wɔ ne bere mu yɛ fɛ na ɛsom bo. Sɛ adwennwene bubu obi a, asɛmpa a wɔka no bere pa mu no bɛyɛ biribi a ɛsom bo paa.—Mmebusɛm 10:19.
[Kratafa 26 adaka]
Akwankyerɛ Pa A Ɛbɛma Yɛne Afoforo Atra Yiye
“Mo bo huru a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo komam wɔ mo dabere, na monyɛ komm.” (Dwom 4:4) Sɛ nsɛm nketenkete bi sisi a, mpɛn pii no nea nyansa wom ne sɛ worenkasa ho, na eyi bɛma woakwati ntawntawdi biara.
“Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrantɛ nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Dwen ansa na woakasa. Nsɛm a wotutu no hunhum betumi apira afoforo na asɛe nnamfo ntam.
“Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” (Mmebusɛm 15:1) Egye ahosodi na woatumi ama mmuae bɔkɔɔ, nanso mpɛn pii no edwudwo nsɛm ano na ɛma asomdwoe ba wo ne afoforo ntam.
“Atutuw mfiase te sɛ nsu ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.” (Mmebusɛm 17:14) Sɛ wuhu sɛ asɛm bi betumi de akasakasa aba a, fi hɔ ansa na wo bo afuw.
“Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te.” (Ɔsɛnkafo 7:9) Mpɛn pii no nkate na ɛma obi yɛ biribi. Onipa a ɔma nsɛm haw no ntɛmntɛm no nnim nyansa, efisɛ ebetumi ama wapere ne ho aka asɛm bi anaa wayɛ biribi a onsusuw ho.
[Kratafa 25 mfonini]
Na Yehowa Adansefo ka nnipa a wodii kan de wɔn koguu nneduaban mu no ho