Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • td kr. 1-44
  • Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ
  • Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ
  • Nsɛmti Nketewa
  • 1. Adansedi
  • 2. Adebɔ
  • 3. Agyede
  • 4. Ahenni
  • 5. Ahoni
  • 6. Asase
  • 7. Asɔre
  • 8. Asubɔ
  • 10. Aware
  • 11. Ayaresa, Kasa Horow
  • 12. Baasakoro
  • 13. Bible
  • 14. Bɔne
  • 15. Gyidi Afrafra
  • 16. Harmagedon
  • 17. Hell (Adamoa)
  • 18. Homeda
  • 19. Honhom, Ahonhonsɛmdi
  • 20. Kristo Sanba
  • 21. Maria Som
  • 22. Mmeamudua
  • 23. Mmerebu
  • 24. Mogya
  • 25. Mpaebɔ
  • 26. Nananom a Wɔawuwu a Wɔsom Wɔn
  • 27. Nkaedi, Mass
  • 28. Nkrabea
  • 29. Nkwa
  • 30. Nkwagye
  • 31. Nna a Edi Akyiri
  • 32. Nnapɔnna, Awoda
  • 33. Nsɛmmɔnedi, Wiase Haw
  • 34. Owu
  • 35. Owusɔre
  • 36. Ɔbonsam, Adaemone
  • 37. Ɔkra
  • 38. Ɔsom
  • 39. Ɔsomfo
  • 40. Ɔsoro
  • 41. Ɔsɔretia, Ɔtaa
  • 42. Yehowa Adansefo
  • 43. Yehowa, Onyankopɔn
  • 44. Yesu
Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ
td kr. 1-44

Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ

(efi Wiase Foforo Nkyerɛase mu)

1. Adansedi

A. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa di adanse, wɔka asɛmpa no

Ɛsɛ sɛ wogye Yesu tom wɔ nnipa anim na wɔagye wɔn atom. Mt 10:32

Ɛsɛ sɛ wɔyɛ Asɛm no yɛfo, da gyidi adi. Yak 1:22-24; 2:24

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no nso yɛ akyerɛkyerɛfo. Mt 28:19, 20

Baguam mpaemuka de ogye ba. Ro 10:10

B. Nsrahwɛ pii ho hia, ɛne adansedi a wonnyae

Ɛsɛ sɛ yɛde awiei ho kɔkɔbɔ ma. Mt 24:14

Yeremia kaa Yerusalem awiei ho asɛm mfe pii. Yer 25:3

Te sɛ tete Kristofo no, yɛrentumi nnyae. Aso 4:18-20; 5:28, 29

D. Ɛsɛ sɛ yedi adanse na yɛanni mogya ho fɔ

Ɛsɛ sɛ yɛde awiei a ɛrebɛn no ho kɔkɔbɔ ma. Hes 33:7; Mt 24:14

Yɛanyɛ saa a, yebedi mogya ho fɔ. Hes 33:8, 9; 3:18, 19

Paulo anni mogya ho fɔ; ɔkaa nokware no pɛpɛɛpɛ. Aso 20:26, 27; 1Ko 9:16

Egye nea odi adanse ne nea otie nkwa. 1Ti 4:16; 1Ko 9:22

2. Adebɔ

A. Ɛne nyansahu papa hyia, ɛbɔ adannandi gu

Nyansahu ne adebɔ ho kyerɛwtohɔ hyia. Ge 1:11, 12, 21, 24, 25

Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ abɔde gu ahorow no yɛ nokware. Ge 1:11, 12; Yak 3:12

B. Adebɔ nna nyɛ nnɔnhwerew 24 ankasa

“Ɛda” betumi akyerɛ bere tenten bi. Ge 2:4

Da koro wɔ Onyankopɔn ani so betumi ayɛ bere tenten. Dw 90:4; 2Pe 3:8

3. Agyede

A. Yesu de ne nkwa yɛɛ ‘agyede maa nnipa nyinaa’

Yesu de ne nkwa mae sɛ agyede. Mt 20:28

Ne mogya a wohwie gui no pata bɔne. Heb 9:14, 22

Afɔre biako pɛ a ɔbɔe yɛ adwuma afebɔɔ. Ro 6:10; Heb 9:26

Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na onya so mfaso; ɛsɛ sɛ yegye no tom. Yoh 3:16

B. Nea wɔde mae no fata

Wɔbɔɔ Adam no na ɔyɛ pɛ. De 32:4; Ɔsɛ 7:29; Ge 1:31

Ɔmaa pɛyɛ bɔɔ ɔne ne mma denam bɔne so. Ro 5:12, 18

Ne mma ntumi nyɛ ho hwee; ná ehia nea ɔte sɛ Adam pɛpɛɛpɛ. Dw 49:7; De 19:21

Wɔde Yesu desani nkwa a ɛyɛ pɛ no yɛɛ agyede. 1Ti 2:5, 6; 1Pe 1:18, 19

4. Ahenni

A. Nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama adesamma

Ɛbɛma Onyankopɔn pɛ ayɛ hɔ. Mt 6:9, 10; Dw 45:6; Adi 4:11

Ɛyɛ nniso a ɛwɔ ɔhene ne mmara. Yes 9:6, 7; 2:3; Dw 72:1, 8

Ebeyi bɔne afi hɔ na adi asase nyinaa so. Da 2:44; Dw 72:8

Mfe 1,000 nniso no besiesie adesamma, Paradise bɛsan aba. Adi 21:2-4; 20:6

B. Efi ase di tumi bere a Kristo atamfo da so wɔ hɔ

Kristo wusɔre akyi no, ɔtwɛn kyɛe. Dw 110:1; Heb 10:12, 13

Onyaa tumi, na ɔko tiaa Satan. Dw 110:2; Adi 12:7-9; Lu 10:18

Afei wɔde Ahenni no sii hɔ, asase so haw dii akyi. Adi 12:10, 12

Seesei a ɔhaw wɔ hɔ yi na ɛsɛ sɛ yegyina Ahenni no afã. Adi 11:15-18

D. Enni ‘komam,’ ɛnyɛ nnipa na wɔde si hɔ

Ahenni no wɔ soro, ɛnyɛ asase so. 2Ti 4:18; 1Ko 15:50; Dw 11:4

Enni ‘komam’; Yesu ne Farisifo no na na ɛrekasa. Lu 17:20, 21

Ɛnyɛ wiase yi fã. Yoh 18:36; Lu 4:5-8; Da 2:44

Ebesi nniso ne wiase ahenni ahorow ananmu. Da 2:44

5. Ahoni

A. Ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu bɔ Onyankopɔn ahohora

Obiara ntumi nyɛ Onyankopɔn honi. 1Yo 4:12; Yes 40:18; 46:5; Aso 17:29

Wɔbɔ Kristofo kɔkɔ wɔ ahoni ho. 1Ko 10:14; 1Yo 5:21

Ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ honhom ne nokware mu. Yoh 4:24

B. Ahonisom dii Israel man awu

Wɔbaraa Yudafo ahonisom. Ex 20:4, 5

Wɔnte asɛm, wɔnkasa; wɔn a wɔyɛ no bɛyɛ sɛ wɔn ara. Dw 115:4-8

Ɛyɛɛ afiri maa wɔn, ɛde ɔsɛe bae. Dw 106:36, 40-42; Yer 22:8, 9

D. Ɛyɛ bɔne sɛ yɛbɛfa so asom

Onyankopɔn mma kwan sɛ yɛmfa biribi so nsom no. Yes 42:8

Onyankopɔn nkutoo ne “Mpaebɔ tiefo.”  Dw 65:1, 2

6. Asase

A. Onyankopɔn atirimpɔw wɔ asase ho

Wɔyɛɛ paradise maa nnipa a wɔyɛ pɛ wɔ asase so. Ge 1:28; 2:8-15

Onyankopɔn atirimpɔw bɛba mu. Yes 55:11; 46:10, 11

Nnipa a wɔyɛ pɛ a wɔdɔ asomdwoe bɛhyɛ asase so ma. Dw 72:7; Yes 45:18; 9:6,7

Ahenni no de paradise bɛsan aba. Mt 6:9, 10; Adi 21:3-5

B. Wɔrensɛe no na nnipa remfi so da

Asase yi bɛtena hɔ daa. Ɔsɛ 1:4; Dw 104:5

Noa bere so no wɔsɛee nnipa, ɛnyɛ asase. 2Pe 3:5-7; Ge 7:23

Eyi ma yenya anidaso sɛ yɛn bere yi mu nso ebinom bɛkɔ so atena asase so. Mt 24:37-39

Wɔbɛsɛe abɔnefo; “nnipakuw kɛse” benya nkwa. 2Te 1:6-9; Adi 7:9, 14

7. Asɔre

A. Asɔre no di honhom fam nneɛma ho dwuma, egyina Kristo so

Onyankopɔn nte asɔredan a nnipa asi mu. Aso 17:24, 25; 7:48

Nokware asɔre no yɛ honhom fam asɔredan a wɔde abo a ɛte ase na asi. 1Pe 2:5, 6

Kristo ne twea bo; asomafo no ne nhyɛase a edi so. Efe 2:20

Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn wɔ honhom ne nokware mu. Yoh 4:24

B. Ɛnyɛ Petro so na wɔde asɔre no sii

Yesu anka sɛ wɔhyehyɛɛ asɔre no sii Petro so. Mt 16:18

Yesu na wɔka ne ho asɛm sɛ “ɔbotan.” 1Ko 10:4

Petro kyerɛe sɛ Yesu ne nhyɛase no. 1Pe 2:4, 6-8; Aso 4:8-12

8. Asubɔ

A. Ɛyɛ Kristoni asɛde

Yesu yɛɛ nhwɛso. Mt 3:13-15; Heb 10:7

Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi ahyira ne ho so anaa wapa ne ho akyi. Mt 16:24; 1Pe 3:21

Ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔanyin a wotumi kyerɛkyerɛ wɔn. Mt 28:19, 20; Aso 2:41

Ɔkwampa ne sɛ wɔde obi bɛhyɛ nsu mu. Aso 8:38, 39; Yoh 3:23

B. Ɛnhohoro bɔne

Wɔammɔ Yesu asu sɛ ɛnhohoro ne bɔne. 1Pe 2:22; 3:18

Yesu mogya na ɛhohoro bɔne. 1Yo 1:7

9. Atoro Adiyifo

A. Wɔhyɛɛ atoro adiyifo ho nkɔm; ná wɔwɔ hɔ asomafo no bere so

Nea ɛma wohu atoro adiyifo. De 18:20-22; Lu 6:26

Wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm; wɔn aba na wɔde hu wɔn. Mt 24:23-26; 7:15-23

10. Aware

A. Ɛsɛ sɛ aware nya nidi

Wɔde toto Kristo ne n’ayeforo no ho. Efe 5:22, 23

Ɛnsɛ sɛ wogu aware mpa ho fĩ. Heb 13:4

Wotu awarefo fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtetew mu. 1Ko 7:10-16

Por·neiʹa nkutoo na Kyerɛwnsɛm ma kwan sɛ wogyina so gu aware. Mt 19:9

B. Ɛsɛ sɛ Kristofo de obu ma tiyɛ nhyehyɛe no

Ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ ti no dɔ abusua no, na odwen wɔn ho. Efe 5:23-31

Ɔyere brɛ ne ho ase ma ne kunu, ɔdɔ no, otie no. 1Pe 3:1-7; Efe 5:22

Ɛsɛ sɛ mmofra yɛ osetie. Efe 6:1-3; Kol 3:20

D. Awofo a wɔyɛ Kristofo asɛde wɔ wɔn mma ho

Ɛsɛ sɛ mokyerɛ ɔdɔ ma wɔn, nya wɔn ho bere. Tit 2:4

Monnhyɛ wɔn ahometew. Kol 3:21

Ma wɔn nea wohia; honhom mu nneɛma ka ho. 2Ko 12:14; 1Ti 5:8

Wɔtete wɔn ma esi wɔn yiye wɔ asetena mu. Efe 6:4; Mme 22:6, 15; 23:13, 14

E. Ɛsɛ sɛ Kristofo ware Kristofo nkutoo

Ware “Awurade mu” nkutoo. 1Ko 7:39; De 7:3, 4; Ne 13:26

Ɛ. Awaredodow ne Kyerɛwnsɛm nhyia

Mfiase no, na adwene no ne sɛ ɔbarima benya ɔyere biako pɛ. Ge 2:18, 22-25

Yesu san de saa gyinapɛn no sii hɔ maa Kristofo. Mt 19:3-9

Tete Kristofo amfa wɔn ho anhyɛ awaredodow mu. 1Ko 7:2, 12-16; Efe 5:28-31

11. Ayaresa, Kasa Horow

A. Honhom fam ayaresa so mfaso tena hɔ daa

Honhom fam yare yɛ hu. Yes 1:4-6; 6:10; Ho 4:6

Honhom fam ayaresa ne adwuma titiriw a ɛwɔ hɔ. Yoh 6:63; Lu 4:18

Ɛpopa bɔne; ɛma anigye ne nkwa. Yak 5:19, 20; Adi 7:14-17

B. Onyankopɔn Ahenni beyi ɔhonam mu nyarewa afi hɔ koraa

Yesu saa nyarewa, kaa Ahenni no nhyira ho asɛm kyerɛe. Mt 4:23

Wɔhyɛ bɔ sɛ Ahenni no beyi ɔhonam mu nyarewa afi hɔ koraa. Mt 6:10; Yes 9:7

Wobeyi owu mpo afi hɔ. 1Ko 15:25, 26; Adi 21:4; 20:14

D. Biribiara nkyerɛ sɛ Onyankopɔn pene ɛnnɛ gyidi ayaresa so

Asuafo no ansa wɔn ho yare anwonwakwan so. 2Ko 12:7-9; 1Ti 5:23

Anwonwade dom akyɛde no baa awiei wɔ asomafo no nna no akyi. 1Ko 13:8-11

Sɛ obi tumi sa yare a ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye no tom. Mt 7:22, 23; 2Te 2:9-11

E. Kasa horow yɛ bere tiaa mu nhyehyɛe bi

Na ɛyɛ sɛnkyerɛnne; ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ akyɛde a ɛkyɛn saa. 1Ko 14:22; 12:30, 31

Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ honhom akyɛde no betwam. 1Ko 13:8-10

Anwonwade a obi yɛ kɛkɛ no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye no tom. Mt 7:22, 23; 24:24

12. Baasakoro

A. Onyankopɔn, Agya no, ɔyɛ biako, amansan pumpuni

Onyankopɔn nyɛ baasa. De 6:4; Mal 2:10; Mr 10:18; Ro 3:29, 30

Wɔbɔɔ Ɔba no; bere bi na obiara nka Onyankopɔn ho. Adi 3:14; Kol 1:15; Yes 44:6

Onyankopɔn ne amansan hene bere nyinaa. Flp 2:5, 6; Da 4:35

Ɛnsɛ sɛ wɔde obiara toto Onyankopɔn ho. Flp 2:10, 11

B. Ansa na Ɔba no reba asase so ne ɛno akyi nyinaa no, na onnu Agya no

Ɔba no yɛɛ osetie wɔ soro, Agya no na ɔsomaa no. Yoh 8:42; 12:49

Ɔyɛɛ osetie wɔ asase so, Agya no yɛ kɛse sen no. Yoh 14:28; 5:19; Heb 5:8

Wɔama no so ɔsoro, ɔda so hyɛ n’ase. Flp 2:9; 1Ko 15:28; Mt 20:23

Yehowa yɛ Kristo ti ne ne Nyankopɔn. 1Ko 11:3; Yoh 20:17; Adi 1:6

D. Onyankopɔn ne Kristo biakoyɛ

Wɔn adwene hyia bere nyinaa. Yoh 8:28, 29; 14:10

Wɔyɛ biako te sɛ okunu ne ɔyere. Yoh 10:30; Mt 19:4-6

Ɛsɛ sɛ gyidifo nyinaa nya saa biakoyɛ no bi. Yoh 17:20-22; 1Ko 1:10

Yehowa som koro a ɛnam Kristo so bɛkɔ so daa. Yoh 4:23, 24

E. Onyankopɔn honhom kronkron yɛ n’adeyɛ tumi

Ɛyɛ tumi, ɛnyɛ onipa. Mt 3:16; Yoh 20:22; Aso 2:4, 17, 33

Ɛnyɛ obi a ɔka Onyankopɔn ne Kristo ho wɔ soro. Aso 7:55, 56; Adi 7:10

Onyankopɔn de di dwuma ma n’atirimpɔw ba mu. Dw 104:30; 1Ko 12:4-11

Onyankopɔn asomfo nsa ka, ɛkyerɛ wɔn kwan. 1Ko 2:12, 13; Ga 5:16

13. Bible

A. Onyankopɔn Asɛm fi honhom mu

Onyankopɔn honhom na ɛkaa nnipa ma wɔkyerɛwee. 2Pe 1:20, 21

Nkɔmhyɛ wom: Da 8:5, 6, 20-22; Lu 21:5, 6, 20-22; Yes 45:1-4

Bible no nyinaa fi honhom mu na mfaso wɔ so. 2Ti 3:16, 17; Ro 15:4

B. Ɛde akwankyerɛ pa ma yɛn nnɛ

Asiane wom sɛ yɛbɛpo Bible nnyinasosɛm. Ro 1:28-32

Wuntumi mfa nnipa nyansa nsi ananmu. 1Ko 1:21, 25; 1Ti 6:20

Ɛbɔ yɛn ho ban fi ɔtamfo kɛse no ho. Efe 6:11, 12, 17

Ɛma nnipa akwankyerɛ pa. Dw 119:105; 2Pe 1:19; Mme 3:5, 6

D. Wɔkyerɛw maa nnipa a wofi aman ne mmusua nyinaa mu

Wofii Bible no kyerɛw ase wɔ Apuei fam. Ex 17:14; 24:12, 16; 34:27

Onyankopɔn anyɛ amma aborɔfo nkutoo. Ro 10:11-13; Ga 3:28

Onyankopɔn gye nnipa a wofi mmaa nyinaa tom. Aso 10:34, 35; Ro 5:18; Adi 7:9, 10

14. Bɔne

A. Nea bɔne kyerɛ

Onyankopɔn mmara, ne gyinapɛn a ɛyɛ pɛ a wobu so. 1Yo 3:4; 5:17

Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa, enti ɛsɛ sɛ wobu akontaa kyerɛ no. Ro 14:12; 2:12-15

Mmara no kyerɛɛ ade a ɛyɛ bɔne maa nnipa hui. Ga 3:19; Ro 3:20

Bɔne wɔ obiara ho, yentumi nni Onyankopɔn ahyɛde so pɛpɛɛpɛ. Ro 3:23; Dw 51:5

B. Nea enti a Adam bɔne no aka obiara

Adam de sintɔ ne owu ama yɛn nyinaa. Ro 5:12, 18

Onyankopɔn mmɔborohunu nti na wantɔre adesamma ase. Dw 103:8, 10, 14, 17

Yesu afɔrebɔ no pata bɔne. 1Yo 2:2

Wobeyi bɔne ne Ɔbonsam nnwuma a aka nyinaa afi hɔ koraa. 1Yo 3:8

D. Aduaba a wɔbarae no fa asoɔden ho, ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbea nna

Ná dua no ho mmara wɔ hɔ ansa na wɔrebɔ Hawa. Ge 2:17, 18

Wɔka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ wɔnwo mma. Ge 1:28

Abawo mfi bɔne mu, ɛyɛ Onyankopɔn nhyira. Dw 127:3-5

Hawa yɛɛ bɔne bere a ne kunu nni hɔ, odii n’anim sii gyinae. Ge 3:6; 1Ti 2:11-14

Adam a ɔyɛ ti no buu Onyankopɔn mmara so. Ro 5:12, 19

E. Nea bɔne a etia honhom kronkron kyerɛ (Mt 12:32; Mr 3:28, 29)

Ɛnyɛ bɔne a efi awo mu. Ro 5:8, 12, 18; 1Yo 5:17

Obi tumi how honhom no werɛ na ɔsakra. Efe 4:30; Yak 5:19, 20

Obi boapa tena bɔne mu a, ɛde no kɔ owu mu. 1Yo 3:6-9

Onyankopɔn bu nnipa a wɔte saa atɛn, yi ne honhom fi wɔn so. Heb 6:4-8

Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma nnipa a wonnu wɔn ho saa no. 1Yo 5:16, 17

15. Gyidi Afrafra

A. Ɔsom afrafra nsɔ Onyankopɔn ani

Ɔkwan koro pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛyɛ hihiaa, nnipa kakraa bi na wohu. Efe 4:4-6; Mt 7:13, 14

Onyankopɔn bɔ yɛn kɔkɔ sɛ atoro nkyerɛkyerɛ sɛe gyidi. Mt 16:6, 12; Ga 5:9

Ɔhyɛ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi atoro som ho. 2Ti 3:5; 2Ko 6:14-17; Adi 18:4

B. Ɛnyɛ nokware sɛ “ɔsom biara ye”

Ebinom bɔ mmɔden nanso ɛnyɛ Onyankopɔn kwan so. Ro 10:2, 3

Bɔne sɛe papa biara a ebia ɛwom. 1Ko 5:6; Mt 7:15-17

Atoro akyerɛkyerɛfo de nnipa kɔ ɔsɛe mu. 2Pe 2:1; Mt 12:30; 15:14

Ɔsom a ɛho tew ne nea wɔde ma Onyankopɔn nkutoo. De 6:5, 14, 15

16. Harmagedon

A. Onyankopɔn ko a ɛde nsɛmmɔne bɛba awiei

Wɔboaboa amanaman ano kɔ Harmagedon. Adi 16:14, 16

Onyankopɔn nam ne Ba no ne abɔfo so ko. 2Te 1:6-9; Adi 19:11-16

Nea ɛbɛma yɛanya yɛn ti adidi mu. Sef 2:2, 3; Adi 7:14

B. Ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni dɔ

Wiase aporɔw koraa. 2Ti 3:1-5

Onyankopɔn wɔ abotare nanso atɛntrenee ma ɔyɛ biribi. 2Pe 3:9, 15; Lu 18:7, 8

Ɛsɛ sɛ abɔnefo fi hɔ na treneefo nya ahotɔ. Mme 21:18; Adi 11:18

17. Hell (Adamoa)

A. Ɛnyɛ baabi ankasa a wɔde ogya yɛ nkurɔfo ayayade

Hiob rehu amane no, ɔbɔɔ mpae sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ. Hio 14:13

Baabi a dwumadi biara nni hɔ. Dw 6:5; Ɔsɛ 9:10; Yes 38:18, 19

Wonyan Yesu fii damoa mu, hell. Aso 2:27, 31, 32; Dw 16:10

Hell beyi awufo foforo ama, wɔbɛsɛe no. Adi 20:13, 14

B. Ogya yɛ ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne

Ogya yɛ ɔsɛe pasaa ho sɛnkyerɛnne. Mt 25:41, 46; 13:30

Wɔbɛsɛe abɔnefo a wɔnkyerɛ ahonu no korakora te sɛ nea wɔde ogya ahyew wɔn. Heb 10:26, 27

Satan ogya “ayayade” no yɛ ɔsɛe pasaa. Adi 20:10, 14, 15

D. Ɔdefo ne Lasaro asɛm no nkyerɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo ayayade daa

Sɛnea Abraham kokom yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de no, saa ara na ogya no nso te. Lu 16:22-24

Afei nso obi annya Abraham anim dom a, na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ sum mu. Mt 8:11, 12

Wɔka Babilon sɛe ho asɛm sɛ ayayade a wɔbɛyɛ no wɔ ogya mu. Adi 18:8-10, 21

18. Homeda

A. Kristofo nni Homeda mmara ase

Yesu wu no ma wotwaa Mmara no mu. Efe 2:15

Kristofo nni Homeda mmara ase. Kol 2:16, 17; Ro 14:5, 10

Wɔkaa ebinom anim sɛ wodii Homeda ne nea ɛkeka ho. Ga 4:9-11; Ro 10:2-4

Yɛhyɛn Onyankopɔn home mu denam gyidi ne osetieyɛ so. Heb 4:9-11

B. Tete Israel nkutoo na na wɔhwehwɛ sɛ wodi Homeda

Wofii Misraim no akyi ansa na wodii Homeda a edi kan. Ex 16:26, 27, 29, 30

Honam fam Israel nkutoo na ɛyɛɛ sɛnkyerɛnne maa wɔn. Ex 31:16, 17; Dw 147:19, 20

Na afe afe Homeda nso wɔ Mmara no mu. Ex 23:10, 11; Le 25:3, 4

Homeda nyɛ ade a ɛho hia Kristofo. Ro 14:5, 10; Ga 4:9-11

D. Onyankopɔn Homeda (adebɔ “nna ason” no da a ɛto so 7)

Efii ase bere a ɔbɔɔ asase so nneɛma wiei no. Ge 2:2, 3; Heb 4:3-5

Yesu baa asase so kɔe mpo na entwaam. Heb 4:6-8; Dw 95:7-9, 11

Kristofo home fi wɔn ankasa nnwuma hunu ho. Heb 4:9, 10

Sɛ Ahenni no yɛ n’adwuma wɔ asase so wie a, na ebetwam. 1Ko 15:24, 28

19. Honhom, Ahonhonsɛmdi

A. Dekode a honhom kronkron yɛ

Onyankopɔn adeyɛ tumi, ɛnyɛ onipa. Aso 2:2, 3, 33; Yoh 14:17

Ɔde bɔɔ ade, wɔde kyerɛw Bible, de yɛɛ nneɛma foforo. Ge 1:2; Hes 11:5

Ɛwo wɔn a wɔwɔ Kristo nipadua mu no, ɛsra wɔn. Yoh 3:5-8; 2Ko 1:21, 22

Ɛhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den, ɛkyerɛ wɔn kwan nnɛ. Ga 5:16, 18

B. Wɔfrɛ nkwa tumi no honhom

Ɛno na nkwa gyina so, home na ɛma ɛtena hɔ. Yak 2:26; Hio 27:3

Tumi a ɛma nkwa tena hɔ no fi Onyankopɔn. Sak 12:1; Ɔsɛ 8:8

Onyankopɔn na ɔma nnipa ne mmoa nkwa ma wotumi keka wɔn ho. Ɔsɛ 3:19-21

Wɔde honhom no hyɛ Onyankopɔn nsam kosi owusɔre. Lu 23:46

D. Ɛsɛ sɛ yɛkwati ahonhonsɛmdi efisɛ ɛyɛ adaemone adwuma

Onyankopɔn Asɛm bara. Yes 8:19, 20; Le 19:31; 20:6, 27

Abosonkɔm yɛ adaemonesɛm; wɔkasa tia. Aso 16:16-18

Ɛkɔ ɔsɛe mu. Ga 5:19-21; Adi 21:8; 22:15

Wɔbara nsoromma mu hwɛ. De 18:10-12; Yer 10:2

20. Kristo Sanba

A. Adesamma renhu ne sanba no

Ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ wiase renhu no bio. Yoh 14:19

Asuafo no nkutoo na wohui sɛ ɔrekɔ soro; saa na ne sanba no bɛyɛ. Aso 1:6, 10, 11

Ɔwɔ soro, na ɔyɛ honhom a aniwa nhu no. 1Ti 6:14-16; Heb 1:3

Ɔsan ba wɔ ɔsoro Ahenni tumi mu. Da 7:13, 14

B. Nneɛma bi a yebehu na ɛbɛkyerɛ sɛ waba

Asuafo no bisaa no ne mmae no ho sɛnkyerɛnne. Mt 24:3

Kristofo “hu” ne ba no denam ntease so. Efe 1:18

Nsɛm pii a esisi no na edi ne mmae no ho adanse. Lu 21:10, 11

Atamfo “behu” no bere a ɔsɛe ba mpofirim no. Adi 1:7

21. Maria Som

A. Maria yɛ Yesu maame, ɔnyɛ “Onyankopɔn maame”

Onyankopɔn nni mfiase. Dw 90:2; 1Ti 1:17

Ná Maria yɛ Onyankopɔn Ba no maame, bere a na ɔwɔ asase so no. Lu 1:35

B. Maria anyɛ “ɔbaabun daa”

Ɔwaree Yosef. Mt 1:19, 20, 24, 25

Ɔwoo mma foforo kaa Yesu ho. Mt 13:55, 56; Lu 8:19-21

Ná eyinom nnya mmɛyɛɛ ne “honhom fam nuanom.” Yoh 7:3, 5

22. Mmeamudua

A. Wɔsɛn Yesu wɔ asɛndua so sɛ ahohorade

Wɔsɛn Yesu wɔ asɛndua so. Aso 5:30; 10:39; Ga 3:13

Ɛsɛ sɛ Kristofo soa asɛndua sɛ ahohorade. Mt 10:38; Lu 9:23

B. Ɛnsɛ sɛ wɔsom

Yesu asɛndua a yɛde bedi dwuma no yɛ ahohorabɔ. Heb 6:6; Mt 27:41, 42

Mmeamudua a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no yɛ abosonsom. Ex 20:4, 5; Yer 10:3-5

Yesu yɛ honhom, ɔnna so mfam dua ho. 1Ti 3:16; 1Pe 3:18

23. Mmerebu

A. Amanaman Mmere no baa awiei 1914 (Y.B.)

Wotuu ahemfo abusua no gui 607 A.Y.B. Hes 21:25-27

“Mmere nson” betwam ansa na wɔde ahenni no asi hɔ bio. Da 4:32, 16, 17

Ason yɛ 3 1⁄2 × 2, anaa nnafua 1,260 × 2. Adi 12:6, 14; 11:2, 3

Da koro yɛ afe. [Ɛyɛ mfe 2,520] Hes 4:6; Nu 14:34

Ɛbɛkɔ so ara akosi sɛ wɔde Ahenni no besi hɔ. Lu 21:24; Da 7:13, 14

24. Mogya

A. Mogya a wɔde ma kyerɛ sɛ wommu mogya sɛ ɛyɛ kronkron

Wɔka kyerɛɛ Noa sɛ mogya yɛ kronkron, ɛyɛ nkwa. Ge 9:4, 16

Mmara apam no baraa mogyadi. Le 17:14; 7:26, 27

Wɔde ahyɛde koro no ara ama Kristofo. Aso 15:28, 29; 21:25

B. Wɔde gye nkwa mpo a, etia Onyankopɔn mmara

Osetie ye sen afɔrebɔ. 1Sa 15:22; Mr 12:33

Ɛyɛ asiane sɛ obi bɛma ne nkwa ho ahia no asen Onyankopɔn mmara. Mr 8:35, 36

25. Mpaebɔ

A. Mpaebɔ a Onyankopɔn tie

Onyankopɔn tie nnipa mpaebɔ. Dw 145:18; 1Pe 3:12

Ontie abɔnefo, gye sɛ wɔsakra wɔn akwan. Yes 1:15-17

Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu. Yoh 14:13, 14; 2Ko 1:20

Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ ne Onyankopɔn apɛde hyia. 1Yo 5:14, 15

Gyidi ho hia. Yak 1:6-8

B. Ɛnteɛ sɛ yebetĩ nsɛm mu, yɛbɛbɔ Maria anaa “ahotefo” mpae

Ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae wɔ Yesu din mu. Yoh 14:6, 14; 16:23, 24

Ɔrentie nsɛm a wotĩ mu ka daa. Mt 6:7

26. Nananom a Wɔawuwu a Wɔsom Wɔn

A. Mfaso biara nni so sɛ yɛbɛsom nananom a wɔawuwu

Yɛn nananom a wɔawuwu nnim hwee. Ɔsɛ 9:5, 10

Nananom a wodi kan mfata ɔsom. Ro 5:12, 14; 1Ti 2:14

Onyankopɔn bara ɔsom a ɛte saa. Ex 34:14; Mt 4:10

B. Yetumi di nnipa ni, nanso ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn nkutoo

Ɛsɛ sɛ mmofra di mpanyimfo ni. 1Ti 5:1, 2, 17; Efe 6:1-3

Nanso Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no. Aso 10:25, 26; Adi 22:8, 9

27. Nkaedi, Mass

A. Awurade Anwummeduan Nkaedi

Wodi no pɛnkoro Twam Afahyɛ da. Lu 22:1, 17-20; Ex 12:14

Wɔde kae Kristo afɔrebɔ wu no. 1Ko 11:26; Mt 26:28

Wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso na wodi bi. Lu 22:29, 30; 12:32, 37

Sɛnea obi hu sɛ ɔwɔ saa anidaso no bi. Ro 8:15-17

B. “Mass” ne Kyerɛwnsɛm nhyia

Mogya a wohwie gu ho hia ma bɔne fafiri. Heb 9:22

Kristo nkutoo ne apam foforo no Ntamgyinafo. 1Ti 2:5, 6; Yoh 14:6

Kristo wɔ soro; ɔsɔfo ntumi mfa no mma asase so. Aso 3:20, 21

Ɛho nhia sɛ Kristo san bɔ afɔre bio. Heb 9:24-26; 10:11-14

28. Nkrabea

A. Wɔnhyehyɛɛ nnipa nkrabea ntoo hɔ

Onyankopɔn atirimpɔw ba mu. Yes 55:11; Ge 1:28

Wogyae ma obiara sɛ ɔpɛ a ɔnsom Onyankopɔn. Yoh 3:16; Flp 2:12

29. Nkwa

A. Daa nkwa wɔ hɔ ma adesamma asoɔmmerɛfo

Onyankopɔn a ontumi nni atoro ahyɛ nkwa ho bɔ. Tit 1:2; Yoh 10:27, 28

Wɔn a wɔda gyidi adi no benya daa nkwa. Yoh 11:25, 26

Wobeyi owu afi hɔ. 1Ko 15:26; Adi 21:4; 20:14; Yes 25:8

B. Kristo nipadua mufo nkutoo na wobenya ɔsoro asetena

Onyankopɔn paw nnipa no sɛnea ɔpɛ. Mt 20:23; 1Ko 12:18

Nnipa 144,000 pɛ na wɔfa wɔn fi asase so. Adi 14:1, 4; 7:2-4; 5:9, 10

Yohane Suboni mpo renkɔ ɔsoro Ahenni no mu. Mt 11:11

D. “Nguan foforo” a wɔn dodow nni ano bɛtena asase so

Nnipakuw ketewaa bi bɛka Yesu ho wɔ soro. Adi 14:1, 4; 7:2-4

“Nguan foforo” no nyɛ Kristo nuanom. Yoh 10:16; Mt 25:32, 40

Wɔreboaboa nnipa pii ano nnɛ ama asase so asetra. Adi 7:9, 15-17

Wobenyan afoforo aba nkwa mu wɔ asase so. Adi 20:12; 21:4

30. Nkwagye

A. Nkwagye fi Onyankopɔn denam Yesu ogye afɔre so

Nkwa yɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛnam ne Ba no so. 1Yo 4:9, 14; Ro 6:23

Yesu afɔrebɔ nkutoo so na wɔnam nya nkwagye. Aso 4:12

“Owupa so adwensakra” nni nnwuma biara. Yak 2:14, 26

Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho denneennen na yɛn nsa aka. Lu 13:23, 24; 1Ti 4:10

B. Nea ebinom ka sɛ “wogye wo nnɛ a, na wɔagye wo koraa” ne Kyerɛwnsɛm nhyia

Wɔn a wonya honhom kronkron no tumi yɛ bɔne. Heb 6:4, 6; 1Ko 9:27

Wɔsɛee Israelfo a wogyee wɔn fii Misraim no mu pii. Yuda 5

Nkwagye nyɛ mpofirim ade bi. Flp 2:12; 3:12-14; Mt 10:22

Wɔn a wɔsan wɔn akyi no tebea sɛe sen wɔn kan de no. 2Pe 2:20, 21

D. Adwene a ɛne sɛ “wobegye obiara nkwa” no ne Kyerɛwnsɛm nhyia

Ebinom ntumi nnya adwensakra. Heb 6:4-6

Onyankopɔn ani nnye ɔbɔnefo wu ho. Hes 33:11; 18:32

Nanso ɔdɔ ntumi mmoa bɔne. Heb 1:9

Wɔbɛsɛe abɔnefo. Heb 10:26-29; Adi 20:7-15

31. Nna a Edi Akyiri

A. Nea “wiase awiei” kyerɛ

Wiase nhyehyɛe no awiei. Mt 24:3; 2Pe 3:5-7; Mr 13:4

Ɛnyɛ asase no awiei, na mmom abɔnefo awiei. 1Yo 2:17

Awiei bere no ba ansa na ɔsɛe no aba. Mt 24:14

Treneefo nya wɔn ti didi mu; wiase foforo ba. 2Pe 2:9; Adi 7:14-17

B. Ehia sɛ yɛwɛn na yɛahu nna a edi akyiri ho nsɛnkyerɛnne no

Onyankopɔn de nsɛnkyerɛnne kyerɛ yɛn kwan. 2Ti 3:1-5; 1Te 5:1-4

Wiase nhu aniberesɛm a ɛwom. 2Pe 3:3, 4, 7; Mt 24:39

Onyankopɔn nyɛ nyaa, na mmom ɔde kɔkɔbɔ ma. 2Pe 3:9

Yɛwɛn na yɛma ɛyɛ yɛn ahiasɛm a, yebenya akatua. Lu 21:34-36

32. Nnapɔnna, Awoda

A. Tete Kristofo anni awoda anaa Buronya

Wɔn a wodii no nyɛ nokware asomfo. Ge 40:20; Mt 14:6

Yesu wuda na ɛsɛ sɛ yɛkae. Lu 22:19, 20; 1Ko 11:25, 26

Afahyɛ no mu nneɛma a wɔyɛ tra so mfata. Ro 13:13; Ga 5:21; 1Pe 4:3

33. Nsɛmmɔnedi, Wiase Haw

A. Nea wiase haw fi no

Nniso bɔne na ɛde mmere bɔne aba nnɛ. Mme 29:2; 28:28

Wiase sodifo yɛ Onyankopɔn tamfo. 2Ko 4:4; 1Yo 5:19; Yoh 12:31

Amanehunu fi Ɔbonsam, ne bere yɛ tiaa. Adi 12:9, 12

Wɔbɛkyekyere Ɔbonsam, ɛde asomdwoe kɛse bɛba. Adi 20:1-3; 21:3, 4

B. Nea enti a wɔama nneɛma bɔne ho kwan

Ɔbonsam agye nokware a Onyankopɔn abɔde di ma no no ho kyim. Hio 1:11, 12

Ɛma anokwafo nya hokwan kyerɛ sɛ wogyina pintinn. Ro 9:17; Mme 27:11

Ama Ɔbonsam ayɛ ɔtorofo, asɛm no bɛba awiei. Yoh 12:31

Wɔde daa nkwa betua anokwafo ka. Ro 2:6, 7; Adi 21:3-5

D. Awiei mmere a ayɛ tenten no kyerɛ mmɔborɔhunu

Te sɛ Noa bere so no, kɔkɔbɔ gye bere. Mt 24:14, 37-39

Onyankopɔn nkyɛ, ohu mmɔbɔ. 2Pe 3:9; Yes 30:18

Bible boa yɛn na ammɛto yɛn mpofirim. Lu 21:36; 1Te 5:4

Hwehwɛ Onyankopɔn nhyehyɛe akyi kwan nnɛ na wɔnkora wo so. Yes 2:2-4; Sef 2:3

E. Nnipa ntumi nni wiase haw ho dwuma

Nnipa abɔ hu, wɔn ho yeraw wɔn. Lu 21:10, 11; 2Ti 3:1-5

Onyankopɔn Ahenni na ebedi ho dwuma, ɛnyɛ nnipa. Da 2:44; Mt 6:10

Siesie wo ne ɔhene no ntam nnɛ na woanya nkwa. Dw 2:9, 11, 12

34. Owu

A. Nea ɛde owu bae

Onipa nyaa mfiase a ɛyɛ pɛ, nkwa a enni awiei ho anidaso. Ge 1:28, 31

Asoɔden de owu afobu bae. Ge 2:16, 17; 3:17, 19

Bɔne ne owu aba Adam mma nyinaa so. Ro 5:12

B. Awufo tebea

Adam bɛyɛɛ ɔkra, wɔamma no ɔkra. Ge 2:7; 1Ko 15:45

Ɛyɛ onipa, ɔkra no, na ewu. Hes 18:4; Yes 53:12; Hio 11:20

Awufo nte hwee, wonnim hwee. Ɔsɛ 9:5, 10; Dw 146:3, 4

Awufo adeda a wɔretwɛn owusɔre. Yoh 11:11-14, 23-26; Aso 7:60

D. Obi ara ntumi ne awufo nkasa

Awufo nyɛ ahonhom a wɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn. Dw 115:17; Yes 38:18

Wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne awufo bɛkasa. Yes 8:19; Le 19:31

Adebisa ne asumansɛm yɛ akyide. De 18:10-12; Ga 5:19-21

35. Owusɔre

A. Awufo anidaso

Wobenyan wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa. Yoh 5:28, 29

Yesu wusɔre no yɛ adanse. 1Ko 15:20-22; Aso 17:31

Wɔrennyan wɔn a wɔyɛ bɔne tia honhom no. Mt 12:31, 32

Wɔn a wɔda gyidi adi no benya owusɔre. Yoh 11:25

B. Ebinom nya owusɔre kɔ soro, ebinom tena asase so

Obiara wu wɔ Adam mu; wobenya nkwa wɔ Yesu mu. 1Ko 15:20-22; Ro 5:19

Wɔn a wobenyan wɔn no nyinaa tebea nyɛ pɛ. 1Ko 15:40, 42, 44

Wɔn a wɔka Yesu ho no bɛyɛ te sɛ ɔno. 1Ko 15:49; Flp 3:20, 21

Wɔn a wɔrenni hene no bɛtra asase so. Adi 20:4b, 5, 13; 21:3, 4

36. Ɔbonsam, Adaemone

A. Ɔbonsam yɛ honhom abɔde

Ɛnyɛ bɔne a ɛwɔ obi mu, na mmom honhom abɔde. 2Ti 2:26

Ɔbonsam yɛ obi ankasa te sɛ abɔfo no. Mt 4:1, 11; Hio 1:6

Ɔyɛɛ ne ho Ɔbonsam denam akɔnnɔ bɔne so. Yak 1:13-15

B. Ɔbonsam ne wiase sodifo a aniwa nhu no

Ɔyɛ onyame a odi wiase so. 2Ko 4:4; 1Yo 5:19; Adi 12:9

Wama kwan sɛ ɔntena hɔ nkosi sɛ wobedi ɔsɛmpɔw no ho dwuma. Ex 9:16; Yoh 12:31

Wɔbɛkyere no asie, na wɔasɛe no. Adi 20:2, 3, 10

D. Adaemone yɛ abɔfo a wɔatew atua

Wɔkɔkaa Satan ho ansa na Nsuyiri no reba. Ge 6:1, 2; 1Pe 3:19, 20

Wɔabrɛ wɔn ase, wɔaka wɔn ahyɛ sum mu. 2Pe 2:4; Yuda 6

Wɔko tia Onyankopɔn, wɔhyɛ adesamma so. Lu 8:27-29; Adi 16:13, 14

Wɔbɛsɛe wɔn aka Satan ho. Mt 25:41; Lu 8:31; Adi 20:2, 3, 10

37. Ɔkra

A. Dekode a ɔkra no yɛ

Onipa yɛ ɔkra. Ge 2:7; 1Ko 15:45; Yos 11:11; Aso 27:37

Wɔfrɛ mmoa nso akra. Nu 31:28; Adi 16:3; Le 24:18

Ɔkra wɔ mogya, odidi, otumi wu. Yer 2:34; Le 7:18; Hes 18:4

Onipa wɔ nkwa, na wɔka ne ho asɛm sɛ ɔwɔ ɔkra. Mr 8:36; Yoh 10:15

B. Nsonsonoe a ɛda ɔkra ne honhom ntam

Onipa anaa aboa a ɔwɔ nkwa yɛ ɔkra. Yoh 10:15; Le 17:11

Wɔfrɛ nkwa tumi a ɛma akra keka wɔn ho no “honhom.” Dw 146:4; 104:29

Obi wu a, nkwa tumi no san kodi Onyankopɔn nsam. Ɔsɛ 12:7

Onyankopɔn nkutoo na otumi ma obi nkwa ma ɔkeka ne ho. Hes 37:12-14

38. Ɔsom

A. Nokware som koro pɛ na ɛwɔ hɔ

Anidaso biako, gyidi biako, asubɔ biako. Efe 4:5, 13

Wɔama wɔn ahyɛde sɛ wɔnyɛ asuafo. Mt 28:19; Aso 8:12; 14:21

Wɔn aba na wɔde hu wɔn. Mt 7:19, 20; Lu 6:43, 44; Yoh 15:8

Ɔdɔ ne koroyɛ wɔ emufo ntam. Yoh 13:35; 1Ko 1:10; 1Yo 4:20

B. Wɔkasa tia atoro nkyerɛkyerɛ

Yesu kasa tiaa atoro nkyerɛkyerɛ. Mt 23:15, 23, 24; 15:4-9

Ɔyɛɛ saa de bɔɔ wɔn a na wɔafura wɔn ani no ho ban. Mt 15:14

Nokware no ma wɔdee wɔn ho bɛyɛɛ Yesu asuafo. Yoh 8:31, 32

D. Sɛ obi hu sɛ ne som nteɛ a, ehia sɛ ɔyɛ nsakrae

Nokware de ahofadi ba; ɛkyerɛ sɛ nnipa pii afom kwan. Yoh 8:31, 32

Israelfo ne afoforo fii wɔn kan som mu. Yos 24:15; 2Ah 5:17

Tete Kristofo no sesaa adwene a na wokura. Ga 1:13, 14; Aso 3:17, 19

Paulo sesaa ne som. Aso 26:4-6

Wɔadaadaa wiase nyinaa; ɛsɛ sɛ adwensakra ba. Adi 12:9; Ro 12:2

E. Wɔka sɛ “ade pa wɔ ɔsom nyinaa mu,” nanso ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani sɔ

Onyankopɔn na ɔkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔsom no. Yoh 4:23, 24; Yak 1:27

Sɛ ɛne Onyankopɔn pɛ nhyia a, na enye. Ro 10:2, 3

Otumi po nea wɔfrɛ no “nnwuma pa.” Mt 7:21-23

Aba a wɔsow na wɔde hu. Mt 7:20

39. Ɔsomfo

A. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ asomfo

Ná Yesu yɛ Onyankopɔn somfo. Ro 15:8, 9; Mt 20:28

Kristofo di ne nhwɛso akyi. 1Pe 2:21; 1Ko 11:1

Ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no ma yɛn som adwuma di mũ. 2Ti 4:2, 5; 1Ko 9:16

B. Nneɛma a ɛma obi fata ma ɔsom adwuma no

Onyankopɔn honhom ne n’Asɛm mu nimdeɛ. 2Ti 2:15; Yes 61:1-3

Di Kristo nhwɛso akyi na yɛ asɛnka adwuma. 1Pe 2:21; 2Ti 4:2, 5

Onyankopɔn nam ne honhom ne n’ahyehyɛde so de ntetee ma. Yoh 14:26; 2Ko 3:1-3

40. Ɔsoro

A. Nnipa 144,000 pɛ na wɔbɛkɔ soro

Wɔayi nnipa kakraa bi; wɔne Kristo bedi ade. Adi 5:9, 10; 20:4

Yesu na odi kan; akyiri yi wɔpaw afoforo. Kol 1:18; 1Pe 2:21

Afoforo pii bɛtena asase so. Dw 72:8; Adi 21:3, 4

Nnipa 144,000 wɔ gyinabea soronko a afoforo nni. Adi 14:1, 3; 7:4, 9

41. Ɔsɔretia, Ɔtaa

A. Nea enti a Kristofo hyia ɔsɔretia

Wɔtan Yesu, ɔhyɛɛ ɔsɔretia ho nkɔm. Yoh 15:18-20; Mt 10:22

Nnyinasosɛm pa a wɔde yɛ adwuma no bu wiase fɔ. 1Pe 4:1, 4, 12, 13

Satan ne wiase yi nyame, ɔsɔre tia Ahenni no. 2Ko 4:4; 1Pe 5:8

Kristoni nsuro, Onyankopɔn di n’akyi. Ro 8:38, 39; Yak 4:8

B. Ɛnsɛ sɛ ɔbea ma ne kunu twe no fi Onyankopɔn ho

Wɔadi kan abɔ kɔkɔ; afoforo betumi asɛe n’adwene. Mt 10:34-38; Aso 28:22

Ɛsɛ sɛ ɔbea no de n’ani to Onyankopɔn ne Kristo so. Yoh 6:68; 17:3

Ɔnam nokwaredi so betumi agye ɔbarima no nso. 1Ko 7:16; 1Pe 3:1-6

Okunu ne ti, nanso ontumi nyɛ nhyɛso wɔ ɔsom ho. 1Ko 11:3; Aso 5:29

D. Ɛnsɛ sɛ ɔbarima ma ne yere siw no kwan wɔ Onyankopɔn som ho

Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne yere ne ne mma, a nea ɔpɛ ne sɛ wobenya nkwa. 1Ko 7:16

Ɔno na osisi gyinae na ɔhwɛ wɔn. 1Ko 11:3; 1Ti 5:8

Onyankopɔn dɔ ɔbarima a ogyina nokware no akyi. Yak 1:12; 5:10, 11

Sɛ ogow nneɛma mu de hwehwɛ asomdwoe a, Onyankopɔn bo fuw. Heb 10:38

Di abusua no anim kɔ wiase foforo a anigye wom no mu. Adi 21:3, 4

42. Yehowa Adansefo

A. Yehowa Adansefo Mfiase

Yehowa da n’ankasa adansefo adi. Yes 43:10-12; Yer 15:16

Adansefo anokwafo no fii ase fii Habel so. Heb 11:4, 39; 12:1

Na Yesu ne ɔdansefo nokwafo a wɔwɔ ne mu ahotoso. Yoh 18:37; Adi 1:5; 3:14

43. Yehowa, Onyankopɔn

A. Onyankopɔn din

“Onyankopɔn” nyɛ din pɔtee; yɛn Wura no wɔ din ankasa. 1Ko 8:5, 6

Yɛbɔ mpae sɛ ne din ho ntew. Mt 6:9, 10

Onyankopɔn din ne Yehowa. Dw 83:18; Ex 6:2, 3; 3:15; Yes 42:8

Edin no wɔ KJ. Ex 6:3 (Dy ase hɔ asɛm). Dw 83:18; Yes 12:2; 26:4

Yesu daa din no adi. Yoh 17:6, 26; 5:43; 12:12, 13, 28

B. Onyankopɔn yɛ ɔteasefo

Obi ntumi nhu Onyankopɔn nnya nkwa. Ex 33:20; Yoh 1:18; 1Yo 4:12

Enhia sɛ yehu Onyankopɔn na yɛagye no adi. Heb 11:1; Ro 8:24, 25; 10:17

Onyankopɔn nnwuma ma yehu sɛ ɔwɔ hɔ. Ro 1:20; Dw 19:1, 2

Nkɔmhyɛ a ɛba mu kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Yes 46:8-11

D. Onyankopɔn su ahorow

Onyankopɔn ne dɔ. 1Yo 4:8, 16; Ex 34:6; 2Ko 13:11; Mik 7:18

Ne nyansa kyɛn so. Hio 12:13; Ro 11:33; 1Ko 2:7

Ɔteɛ, obu atɛntrenee. De 32:4; Dw 37:28

Ɔne otumfoɔ, tumi nyinaa wura. Hio 37:23; Adi 7:12; 4:11

E. Ɛnyɛ Onyankopɔn koro no na obiara som no

Sɛ biribi yɛ papa wɔ yɛn ani so a, ɛnkyerɛ sɛ eye. Mme 16:25; Mt 7:21

Akwan no yɛ abien, biako pɛ na ɛkɔ nkwa mu. Mt 7:13, 14; De 30:19

Anyame pii na wɔwɔ hɔ, nokware Nyankopɔn no yɛ biako. 1Ko 8:5, 6; Dw 82:1

Ehia sɛ yehu nokware Nyankopɔn no na yɛanya nkwa. Yoh 17:3; 1Yo 5:20

44. Yesu

A. Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ne ɔhene a wapaw no

Onyankopɔn abakan, ɔnam no so bɔɔ ade nyinaa. Adi 3:14; Kol 1:15-17

Ɔbɛyɛɛ onipa a ɔbea awo no a na abɔfo sen no. Ga 4:4; Heb 2:9

Onyankopɔn honhom na wɔde woo no, ne tenabea ne ɔsoro. Mt 3:16, 17

Wɔama no so asen kan a onnya mmaa asase so no. Flp 2:9, 10

B. Yesu Kristo mu gyidi ho hia ma nkwagye

Kristo ne Abraham Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Ge 22:18; Ga 3:16

Yesu nko ara ne Ɔsɔfopɔn, agyede no. 1Yo 2:1, 2; Heb 7:25, 26; Mt 20:28

Nkwagye nam Onyankopɔn ne Kristo a yebehu wɔn atie wɔn so. Yoh 17:3; Aso 4:12

D. Ɛnyɛ Yesu mu gyidi nko na ehia

Ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka gyidi ho. Yak 2:17-26; 1:22-25

Ɛsɛ sɛ yedi n’ahyɛde so, yɛ n’adwuma no bi. Yoh 14:12, 15; 1Yo 2:3

Ɛnyɛ wɔn a wɔbɔ Awurade din nyinaa na wɔbɛkɔ Ahenni no mu. Mt 7:21-23

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena