Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ie kr. 28-29
  • Ɔkra Ho Nokwasɛm Ho Hia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkra Ho Nokwasɛm Ho Hia
  • Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ehu ne Abasamtu Ho Ahofadi
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Bible No Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • So Wowɔ Ɔkra a Enwu Da?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Nokware no Bɛma Moade Mo Ho”​—Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—2012
  • Ɔkra a Bible Ka Ho Asɛm No
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
Hwɛ Pii Ka Ho
Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
ie kr. 28-29

Ɔkra Ho Nokwasɛm Ho Hia

“Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.”—YOHANE 8:32.

1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ gyidi ahorow a yɛwɔ wɔ ɔkra ne owu ho no mu?

ƆSOM a obi wom ne baabi a ofi titiriw na ɛma onya gyidi horow a ɔwɔ wɔ owu ne Owu Akyi asetra ho no. Sɛnea yɛahu no, egu ahorow na ebi ne gyidi a ɛne sɛ ɔkra no du ne botae a etwa to ho bere a wɔwo no mpɛn pii ne adwene a ɛne sɛ asetra biako pɛ na ɛkyerɛ nea awiei koraa no obi daakye bɛyɛ. Enti, ebia obi benya ahotoso sɛ ɔne ɔteasefo pumpuni no bɛyɛ biako wɔ owu mu, obiako nso benya Nirvana, na ɔfoforo nso benya akatua wɔ ɔsoro. Ɛnde, nea ɛwɔ he na ɛyɛ nokware? Esiane sɛ gyidi horow a yɛwɔ no nya yɛn suban, nneyɛe ne gyinaesi ahorow so nkɛntɛnso nti, so ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn asɛnhia sɛ yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae?

2, 3. (a) Dɛn nti na yebetumi anya nea Bible ka fa ɔkra ho mu ahotoso? (b) Sɛnea wɔaka wɔ Bible mu no, dɛn ne ɔkra ho nokwasɛm?

2 Nhoma a akyɛ sen biara wɔ wiase, Bible, ka sɛ onipa abakɔsɛm fii ase bere a wɔbɔɔ ɔkra a ɔyɛ onipa a odi kan no. Ɛnkyerɛkyerɛ nnipa nyansapɛ ne atetesɛm. Bible ka nokwasɛm a ɛfa ɔkra ho pefee: Wo kra ne wo, awufo nte nkwa mu koraa, na wobenyan wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no wɔ ne bere a ɛsɛ mu. Dɛn na eyi a wubehu no betumi akyerɛ ama wo?

3 Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:32) Yiw, nokware no ma obi nya ahofadi. Nanso ɔkra ho nokwasɛm bɛma yɛanya ahofadi afi dɛn ho?

Ehu ne Abasamtu Ho Ahofadi

4, 5. (a) Ehu bɛn na ɔkra ho nokwasɛm yi fi hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na owusɔre anidaso no maa abeawa bi a na ɔyare owuyare nyaa akokoduru?

4 The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Nnipa dodow no ara suro owu na wɔmmɔ mmɔden sɛ wobedwen ho.” Abakɔsɛm kyerɛwfo biako ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔmmɔ asɛmfua ‘owu’ din wɔ Apuei fam.” Wɔ aman bi mu no, wɔtaa de nsɛm te sɛ “wafi mu” ne “waka baabi” na ɛka obi wu ho asɛm. Nea owu a wosuro yi kyerɛ ankasa ne sɛ wosuro nea wonnim, efisɛ nnipa dodow no ara bu owu sɛ ahintasɛm. Nim a yenim nokware a ɛfa nea ɛba yɛn so bere a yɛawu ho no brɛ ehu yi ase.

5 Sɛ nhwɛso no, susuw adwene a na Michaelyn a wadi mfe 15 kura no ho. Onyaa yare bi a ɛma ne mogya so tew, na na ɔrebewu awerɛhow wu. Ne maame Paula ka sɛ: “Michaelyn kae sɛ ɛnhaw no sɛ obewu efisɛ onim sɛ owu rentra hɔ nkyɛ. Yɛbɔɔ Onyankopɔn wiase foforo no ne wɔn a wobenyan wɔn wom nyinaa ho nkɔmmɔ pii. Ná Michaelyn wɔ Yehowa Nyankopɔn ne owusɔre no mu gyidi a ɛyɛ den—n’adwenem anyɛ no nãã kakraa bi mpo wɔ ho.” Owusɔre ho anidaso no amma owu ho hu ammunkam abeawa kokodurufo yi so.

6, 7. Abasamtu bɛn na ɔkra ho nokwasɛm ma yetumi di so? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Nokware no nyaa Michaelyn awofo so nkɛntɛnso dɛn? Ne papa a wɔfrɛ no Jeff kae sɛ: “Yɛn babea no wu yɛ ade a ɛyɛ yaw sen biara a ato yɛn pɛn. Nanso yɛde yɛn ho too Yehowa bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no so koraa, na yɛhwɛ kwan sɛ da koro yɛbɛbam yɛn dɔfo Michaelyn bio. Hwɛ nkabom ara a ɛbɛyɛ!”

7 Yiw, ɔkra ho nokwasɛm ma obi di abasamtu kɛse a ne dɔfo wu betumi de aba no so no so. Nokwarem no, biribiara ntumi mma ɛyaw ne awerɛhow a yedi no mfi hɔ koraa bere a yɛn dɔfo bi awu no. Nanso, owusɔre anidaso no brɛ awerɛhodi no ase, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebegyina ɛyaw no ano.

8, 9. Ehu bɛn na nokware a ɛfa tebea a awufo wom ho no ma yedi so?

8 Kyerɛwnsɛm no mu nokware a ɛfa awufo tebea ho no nso mma yensuro awufo. Efi bere a nnipa pii a na awufo ho gyidihunu amanne afa wɔn nnommum bere bi huu nokware yi no, wɔnhaw wɔn ho wɔ nnome, nsɛnkyerɛnne, nsɛbɛ ne asuman ho bio, na wɔmmɔ afɔre a egye sika pii mfa mpata wɔn nananom a wɔawuwu na amma wɔammeyi ateasefo hu no bio. Nokwarem no, esiane sɛ awufo ‘nnim biribiara’ nti, nneyɛe a ɛtete saa no so nni mfaso.—Ɔsɛnkafo 9:5.

9 Ɔkra ho nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no ma ahofadi na ahotoso wom ampa. Nanso susuw anidaso soronko bi a Bible de ma wo no nso ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

Ɔkra ho nokwasɛm ma wode wo ho fi owu ho suro, awufo ho suro, wo dɔfo wu ho abasamtu ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena