Asɛmpa a Wɔpɛ sɛ Wote No
BERE a Yesu wɔ asase so no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bebisae sɛ: ‘Dɛn na ɛbɛyɛ ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?’ Obuae sɛ akodi bɛkɔ so wɔ aman pii ntam, na aduankɔm, yaredɔm, asasewosow, basabasayɛ a ɛbɛdɔɔso, atoro akyerɛkyerɛfo a wɔbɛdaadaa nnipa pii, ne nokware akyidifo a wɔbɛtan wɔn, ataa wɔn, ne nnipa pii dɔ ano a ebedwo bɛba. Sɛ saa nneɛma yi fi ase sisi a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo aba n’ahenni mu a wonhu no na ɔsoro Ahenni no abɛn. Ná eyi bɛyɛ asɛmpa! Enti Yesu kae sɛ saa nsɛm yi bɛyɛ sɛnkyerɛnne no fã: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:3-14.
Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnansa yi no ankasa nyɛ papa, nanso nea ɛkyerɛ, a ɛne sɛ Kristo aba no, yɛ papa. Nsɛm a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no fii ase sisii wɔ saa afe 1914 a wɔkaa ho asɛm kɛse no mu! Ɛyɛɛ Amanaman Mmere no awiei, ne bere a nnipa tumidi de nkakrankakra befi hɔ ma Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no abesi ananmu.
Dwom 110, nkyekyem 1 ne 2, ne Adiyisɛm 12:7-12, ma yehu sɛ na nsakrae bere bi bɛba. Wɔkyerɛ wɔ hɔ sɛ na Kristo bɛtra Onyankopɔn nsa nifa wɔ soro kosi bere a obedi Hene no. Afei ɔko bi a na ebesi wɔ soro no bɛma wɔatow Satan aba asase so, na ɛno de amanehunu aba asase so, na Kristo bedi ade wɔ n’atamfo mfinimfini. “Ahohiahia kɛse” no na ɛde amumɔyɛ bɛba awiei koraa, na ɛbɛkɔ akowie Harmagedon ko mu, na Kristo Mfirihyia Apem Ahenni a asomdwoe wom no aba.—Mateo 24:21, 33, 34; Adiyisɛm 16:14-16.
Bible ka sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!”—2 Timoteo 3:1-5.
Ebia ebinom bɛka sɛ saa nneɛma yi asisi wɔ onipa abakɔsɛm mu pɛn, nanso nokwasɛm no ne sɛ ansisi sɛnea ɛresisi nnɛ no. Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo ne nkyerɛkyerɛmufo ka no, bere biara mmae a ɛte sɛ nea yɛahu fi 1914 reba no da. (Hwɛ kratafa 7.) Ɔhaw a emu yɛ den pii asisi sen biara. Bio nso, ɛdefa nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne a Kristo kaa ho asɛm no afã afoforo ho no, ɛsɛ sɛ yesusuw saa nokwasɛm yi ho: Kristo mmae ne Ahenni no ho dawuru a wɔrebɔ wɔ asase so no adu akyiri sen bere biara wɔ abakɔsɛm mu. Sɛnea wɔataa nkurɔfo wɔ asɛnka adwuma ho no nto nea wɔde aba Yehowa Adansefo so no koraa. Wokunkum wɔn mu ɔhaha pii wɔ Nasi nneduaban ahorow mu. Ebesi nnɛ no, wɔabara Yehowa Adansefo wɔ mmeae bi, na mmeae foforo de, wɔakyekye ebinom agu afiase, ayɛ wɔn ayayade, akunkum wɔn. Eyi nyinaa yɛ sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no fã.
Sɛnea wɔkaa ho asɛm siei wɔ Adiyisɛm 11:18 no, ‘amanaman no afa’ Yehowa Adansefo a wɔyɛ anokwafo no ho ‘abufuw,’ na eyi kyerɛ sɛ Yehowa ‘ankasa abufuw’ bɛba saa aman no so. Kyerɛwsɛm koro yi ara ka sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ Wɔnsɛee nneɛma a ɛwɔ asase so a etumi bɔ nkwa ho ban saa da wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Nanso, tebea no yɛ soronko nnɛ! Nyansahufo pii abɔ kɔkɔ sɛ sɛ nnipa kɔ so sɛe asase no a, ɛbɛyɛ nea wontumi ntra so. Nanso Yehowa ‘nwenee asase no sɛ wɔntra so,’ na ɔnhwɛ mma wɔnsɛe no nwie ansa na wasɛe wɔn.—Yesaia 45:18.
ASASE SO NHYIRA WƆ AHENNI NO ASE
Ebia adwene a ɛne sɛ nnipa bɛtra asase so sɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa no bɛyɛ nnipa a wogye Bible di no mu pii a wosusuw sɛ wɔn a wobegye wɔn no nyinaa bɛkɔ soro no nwonwa. Bible no kyerɛ sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wɔbɛkɔ soro, ne sɛ nnipakuw kɛse a wonnim wɔn dodow bɛtra asase no so daa. (Dwom 37:11, 29; Adiyisɛm 7:9; 14:1-5) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ Kristo ase bedi asase nyinaa so no yɛ nea Bible mu nhoma a ɛne Daniel no mu nkɔmhyɛ bi da no adi.
Wɔka Kristo Ahenni ho asɛm wɔ hɔ sɛ ɔbo a ɛtew fii Yehowa tumidi a ɛte sɛ bepɔw no mu. Ɛbɛbɔɔ ohoni a egyina hɔ ma asase so aman a wɔwɔ tumi no sɛee no, na “ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.” Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Ahene no nna mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni ahorow nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:34, 35, 44.
Ɛyɛ saa Ahenni yi ne daa nkwa wɔ asase a wɔasiesie so fɛfɛɛfɛ so ho anidaso a egyina Kyerɛwnsɛm so na Yehowa Adansefo pɛ sɛ wote ho asɛm. Nnipa ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ ne ɔpepem pii a wɔawuwu no benya hokwan atra mu daa. Afei, wɔ Kristo Yesu Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, Yehowa mfitiase atirimpɔw a ɔde bɔɔ asase de nnipa baanu a wodi kan guu so no bɛbam. Asase so Paradise no mu asetra renyɛ mfonoe da. Sɛnea wɔmaa Adam adwuma wɔ Eden turo no mu no, saa ara na adesamma benya adwuma a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ asase ne nnua ne mmoa so. “Wobedi wɔn nsa ano adwuma daa.”—Yesaia 65:22, Revised Standard Version; Genesis 2:15.
Yebetumi de kyerɛw nsɛm pii akyerɛ tebea a ɛbɛkɔ so bere a wobua mpae a Yesu kyerɛɛ yɛn no: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Nanso, momma biako yi ara nnɔɔso mma yɛn seesei: “Metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:3-5.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
“Mmere a emu yɛ den bɛba,”
NANSO “ɛno ansa na awiei no bɛba”
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Netherlands
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Nigeria