Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be kr. 33-kr. 38 nky. 4
  • Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Adwinnade a Ɛsen Biara a Yɛde Bedi Dwuma—Bible No
  • Sɛnea Wubesua sɛ Wode Nnwinnade a Wɔde Yɛ Nhwehwɛmu Bedi Dwuma
  • Teokrase Nhoma Afoforo
  • Kora W’ankasa Kyerɛwtohɔ So
  • Wo ne Nkurɔfo Nkasa
  • Susuw Nea Wubenya Afi mu no Ho
  • Adwinnadeɛ Foforɔ a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Fa Index No Di Dwuma Na Ama Woanyin Wɔ Honhom Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Denam Index No Mmoa So
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • ‘Nsɛm A Ɛyɛ Dɛ, Nokware Nsɛm A Yɛbɛhwehwɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be kr. 33-kr. 38 nky. 4

Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu

ƆHENE SALOMO ‘karii na ɔhwɛɛ mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhyehyɛ mmɛ bebree yiye.’ Dɛn ntia? Efisɛ na n’ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛw ‘nokwasɛm a ɛyɛ dɛ.’ (Ɔsɛnk. 12:9, 10) Luka ‘hwehwɛɛ nneɛma nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nsɛm a esisii wɔ Kristo asetra mu no nnidiso nnidiso. (Luka 1:3) Ná Onyankopɔn asomfo baanu yi nyinaa reyɛ nhwehwɛmu.

Dɛn ne nhwehwɛmu? Ɛyɛ biribi a ɛfa asɛm bi ho a wɔde ntoboase yɛ. Akenkan ka ho, na ɛhwehwɛ sɛ wɔde adesua ho nnyinasosɛm ahorow di ho dwuma. Nsɛm a wobisabisa afoforo nso betumi aka ho.

Nsɛm tebea bɛn na ɛma nhwehwɛmu ho hia? Nhwɛso kakraa bi ni. Kokoam adesua anaa Bible akenkan a woyɛ no betumi ama nsɛmmisa bi a ɛho hia wo asɔre. Obi a wudi no adanse betumi abisa wo nsɛm bi a wobɛpɛ sɛ wunya ho nsɛm pɔtee de ma no mmuae. Ebia na wɔama wo ɔkasa bi.

Fa no sɛ wɔama wo ɔkasa bi. Ebetumi aba sɛ nnipa pii nim asɛm a wɔde ama wo sɛ bɛka ho asɛm no. Ɔkwan bɛn so na wobɛka ma afa wo hɔnom tebea ho? Yɛ nhwehwɛmu ma ɛnyɛ dɛ. Sɛ wunya akontaabu bi anaa nhwɛso bi a ɛne w’asɛm no kɔ na ɛfa wɔn a wɔretie wo no asetra ho a, asɛm a ebia anka nnipa pii nim no bɛyɛ nea ɛma wɔte nneɛma ase, na akanyan wɔn mpo. Ebia wotintim asɛm a woresiesie no maa akenkanfo a wɔwɔ wiase nyinaa, nanso ehia sɛ wotrɛw mu, kyerɛkyerɛ mu, na woka mu asɛm ma ɛfa asafo biako anaa onipa bi ho. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wufi ase?

Ansa na wubefi wo nhwehwɛmu no ase no, susuw w’atiefo ho. Dɛn na wonim dedaw? Dɛn na ebehia sɛ wohu? Afei hu wo botae. So ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nneɛma mu? wodan wɔn ti? wobɔ nsɛm bi gu? anaasɛ wohyɛ wɔn nkuran? Nkyerɛkyerɛmu hwehwɛ sɛ wunya asɛm bi ho nsɛm pii na ama emu ada hɔ. Ɛwom sɛ ebia wɔbɛte ɛho nsɛntitiriw no ase de, nanso ebehia sɛ wotrɛw bere anaa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ nea wɔaka ho asɛm no mu. Ti a wɔdan hwehwɛ sɛ wokyerɛ nea enti a biribi te saa, ne adanse a ɛka ho mu. Sɛ́ wobɛbɔ asɛm bi agu hwehwɛ sɛ wunya asɛm no afã nyinaa ho nimdeɛ a ɛkɔ akyiri na wode adanse a woayɛ mu nhwehwɛmu yiye ka ho. Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yebegye akyinnye denneennen, na mmom sɛnea yɛbɛka nokwasɛm no wɔ ayamye mu. Nkuranhyɛ hwehwɛ sɛ wubedu komam. Nea ɛkyerɛ ne sɛ wobɛkanyan w’atiefo no na woahyɛ wɔn den ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔde nea moresusuw ho no bedi dwuma. Wɔn a wɔayɛ biribi a ɛte saa wɔ ahokyere mu mpo no asetra nhwɛso ahorow betumi aboa ma woadu atiefo komam.

So woasiesie wo ho sɛ wubefi ase afei? Bere nsoe. Susuw nsɛm dodow a wuhia no ho hwɛ. Bere betumi ayɛ ade titiriw. Sɛ worekɔka asɛm no akyerɛ afoforo a, bere dodow ahe na wubenya de ayɛ? Simma anum? Simma aduanan anum? So wɔahyɛ bere no, sɛnea wɔyɛ wɔ asafo nhyiam ase no, anaasɛ kwan da ho, te sɛ nea wɔyɛ wɔ Bible adesua anaa ahwɛfo nsrahwɛ mu no?

Awiei koraa no, nnwinnade a wɔde yɛ nhwehwɛmu bɛn na wowɔ? Nea wowɔ wɔ fie akyi no, so pii wɔ Ahenni Asa so nhomakorabea hɔ? So anuanom a wɔasom Yehowa akyɛ no bɛpɛ sɛ wɔbɛma wode wɔn nhoma ahorow ayɛ nhwehwɛmu? So mowɔ nhomakorabea wɔ mo mpɔtam hɔ a sɛ ebehia a wubetumi anya nhoma ahorow a wɔde yɛ nhwehwɛmu?

Yɛn Adwinnade a Ɛsen Biara a Yɛde Bedi Dwuma—Bible No

Sɛ nhwehwɛmu a woyɛ no fa kyerɛw nsɛm mu nkyerɛkyerɛmu ho a, fa Bible no ankasa fi ase.

Hwehwɛ Nsɛm a Ɛfa Ho no Mu. Bisa wo ho sɛ: ‘Wɔkaa asɛm yi kyerɛɛ hena? Dɛn na nkyekyem a atwa ho ahyia no kyerɛ wɔ tebea a ɛma wɔkaa asɛm no anaa nnipa a wɔwom no suban ho?’ Mpɛn pii no, nsɛm a ɛte saa no boa yɛn ma yɛte kyerɛw nsɛm bi ase, na ebetumi ama ɔkasa a ebia wode bedi dwuma wom no ayɛ dɛ.

Sɛ nhwɛso no, wɔtaa fa Hebrifo 4:12 ka asɛm de kyerɛ tumi a Onyankopɔn Asɛm wɔ sɛ ebetumi aka koma na anya nkurɔfo asetra so nkɛntɛnso. Nsɛm a ɛfa ho no ma ntease a yɛwɔ wɔ sɛnea ebetumi ayɛ saa mu no mu yɛ duru. Ɛka osuahu a Israelfo nyae wɔ sare so mfirihyia 40 ansa na wɔrehyɛn asase a na Yehowa de ahyɛ Abraham bɔ no so ho asɛm. (Heb. 3:7–4:13) Ná “Onyankopɔn asɛm,” ɛbɔ a ɔhyɛe sɛ ɔde wɔn bɛba baabi a wobegye wɔn ahome ma ɛne apam a ɔne Abraham yɛe no ahyia no ntwaam; na ɛda so wɔ hɔ na na ɛrebenya mmamu. Na Israelfo no wɔ nea wobegyina so akyerɛ mu gyidi ɔkwan biara so. Nanso, bere a Yehowa dii wɔn anim fii Misraim kɔɔ Bepɔw Sinai so toaa so kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no, wɔannye anni ara. Ne saa nti ɛdenam nea wɔyɛe wɔ sɛnea Onyankopɔn dii ne nsɛm ho dwuma ho so no, nea na ɛwɔ wɔn komam no daa adi. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so nnɛ no, Onyankopɔn bɔhyɛ asɛm no ma nea ɛwɔ nnipa komam da adi.

Hwɛ Kyerɛw Nsɛm Afoforo a Wɔtwe Adwene Si So No. Wɔatwe adwene asi kyerɛw nsɛm afoforo so wɔ Bible ahorow bi mu. Saa na wo de no te? Sɛ ɛte saa a, ebetumi aboa wo. Hyɛ nhwɛso bi a ɛwɔ New World Translation of the Holy Scriptures no mu nsow. Petro Nhoma a edi kan ti 3:6 twe adwene si Sara so sɛ obi a ɔyɛ nhwɛso pa a ɛfata sɛ Kristofo ɔyerenom suasua no. Kyerɛwsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ Genesis 18:12 no si so dua denam ka a ɛka sɛ Sara frɛɛ Abraham sɛ ne wura wɔ “ne mu” no so. Enti, na n’ahobrɛase no fi komam. Nea ɛka saa nhumu no ho no, kyerɛw nsɛm afoforo a wɔtwe adwene si so betumi de wo akɔ kyerɛw nsɛm ahorow a ɛkyerɛ Bible nkɔmhyɛ mmamu anaa Mmara apam nsusuwso no so. Nanso, hwɛ hu sɛ ɛnyɛ kyerɛw nsɛm afoforo a wɔtwe adwene si so no nyinaa na wɔyɛe sɛ ɛmfa nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa mma. Ebia ɛbɛtwe adwene asi obi ho asɛm anaa asase bi ho asɛm a ɛne afoforo di nsɛ so ara kwa.

Fa Nhoma a Wɔde Hwehwɛ Bible mu Nsɛmfua Yɛ Nhwehwɛmu. Nhoma a wɔde hwehwɛ Bible mu nsɛmfua yɛ nsɛm a wɔde adi dwuma wɔ Bible mu a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso. Ebetumi aboa wo ma woahu abusuabɔ a ɛda kyerɛw nsɛm no ne asɛm a woreyɛ ho nhwehwɛmu no ntam. Bere a wohwehwɛ mu no, wubehu nsɛm afoforo a mfaso wɔ so. Wubehu nokware no, ‘sɛnea ɛte’ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. (2 Tim. 1:13) “Bible Words Indexed” (Bible mu Nsɛm a Wɔahyehyɛ) wɔ New World Translation no mu. Comprehensive Concordance no wɔ nsɛm a ɛdɔɔso sen saa. Sɛ ebi wɔ wo kasa mu a, ɛbɛkyerɛ wo kyerɛw nsɛm a Bible mu nsɛntitiriw no biara wom.

Sɛnea Wubesua sɛ Wode Nnwinnade a Wɔde Yɛ Nhwehwɛmu Bedi Dwuma

Nnwinnade afoforo a wɔde yɛ nhwehwɛmu a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw” no ayɛ no wɔ adaka mu nsɛm a ɛwɔ kratafa 33 no mu. (Mat. 24:45-47) Eyinom pii wɔ emu nsɛm a wɔahyehyɛ, na emu pii wɔ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ akyi a wɔayɛ no sɛ ɛbɛboa wo ma woahu nsɛm pɔtee bi. Afe biara awiei no, wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛmti a wɔahyehyɛ ma afe no mu nsɛm a wɔaboaboa ano.

Nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma a wɔde sua Bible mu a wubehu no bɛboa wo ma wo nhwehwɛmu no akɔ ntɛm. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wopɛ sɛ wuhu nkɔmhyɛ, nkyerɛkyerɛ, Kristofo su, anaa sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bi di dwuma ho nsɛm. Ɛda adi sɛ wubehu nea wohwehwɛ no wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Nyan! ka nsɛm a esisii nkyɛe, nsɛm a esisi wɔ bere koro mu, nyamesom, adebɔ ho nyansahu, ne nnipa a wofi nsase horow so ho asɛm. Wɔaka Nsɛmpa no biara mu nsɛm nnidiso nnidiso sɛnea esisii wɔ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn no mu. Wubehu Bible mu nhoma a wɔasusuw ne nkyekyem ahorow nyinaa ho mmiako mmiako wɔ nhoma te sɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!, ne Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa no apo abien no mu. Wɔ Reasoning From the Scriptures mu no, wubehu Bible ho nsɛmmisa ɔhaha pii a wɔtaa bisa wɔ asɛnka mu ho mmuae a ɛtɔ asom. Sɛ wopɛ sɛ wote ɔsom ahorow nkyerɛkyerɛ, ne wɔn ho abakɔsɛm ase yiye a, hwɛ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ mu. Ɛnnɛyi Yehowa Adansefo ho abakɔsɛm wɔ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom no mu. Sɛ wopɛ nsɛm a ɛrekɔ so nnansa yi wɔ asɛmpaka adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no ho a, hwehwɛ Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu. Insight on the Scriptures no yɛ nhoma a ɛka Bible mu nsɛm pii ho nsɛm, na ɛka asase ho nsɛm nso. Sɛ wuhia nnipa, mmeae ahorow, nneɛma, ɔkasa ahorow, anaa Bible mu abakɔsɛm ho nsɛm a, baabiara nni hɔ a ɛsen eyi.

“Watch Tower Publications Index.” Saa Index a wɔatintim wɔ kasa bɛboro 20 mu no bɛma woahu nsɛm a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow pii no mu. Wɔakyekyem ayɛ no nsɛmti a wɔahyehyɛ ne kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ. Sɛ wopɛ sɛ wode nsɛmti a wɔahyehyɛ no di dwuma a, hwehwɛ asɛm bi a egyina hɔ ma asɛmti a wopɛ sɛ wohwehwɛ mu no. Sɛ wopɛ sɛ wode kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ no di dwuma a, hwehwɛ kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ no mu nea wopɛ sɛ wote ase yiye no. Sɛ wɔatintim asɛmti no anaa kyerɛw nsɛm no ho biribi wɔ wo kasa mu wɔ mfe a Index no di ho dwuma no mu a, wubenya nsɛm pii a wubetumi ahwehwɛ mu. Hwɛ ahyɛnsode a ɛwɔ Index no anim a wɔakyerɛw nhoma ahorow no din ntiantiaa wom no mu. (Ɛdenam saa mmoa no so sɛ nhwɛso no, wubehu sɛ w99 3/1 15 kyerɛ Ɔwen-Aban a ɛbae March 1, 1999, kratafa 15.) Atifi asɛmti atitiriw te sɛ “Field Ministry Experiences” (Asɛnka mu Suahu) ne “Life Stories of Jehovah’s Witnesses,” (Yehowa Adansefo Asetram Nsɛm) no betumi aboa wo ma woasiesie ɔkasa a ɛbɛkanyan asafo no.

Esiane sɛ nhwehwɛmu a wobɛyɛ no betumi agye w’adwene nyinaa nti, hwɛ yiye na biribiara antwetwe w’adwene. Fa w’adwene si botae a enti woreyɛ asɛm a wuhia ma dwumadi a ɛda w’anim mu nhwehwɛmu no so. Sɛ Index no dan w’adwene kɔ nhoma bi so a, bue (n)kratafa no, na afei ma nsɛmti nketewa ne nsɛm a edi nkyekyem ahorow anim no nkyerɛ wo asɛm a ɛne nea wuhia no hyia no so kwan. Sɛ Bible nkyekyem pɔtee bi nkyerɛkyerɛmu na worehwehwɛ a, di kan hwehwɛ kyerɛw nsɛm no wɔ kratafa a wɔakyerɛ wo no. Afei hwehwɛ nsɛm a ɛfa ho no mu.

“Watchtower Library” a Ɛwɔ CD-ROM So. Sɛ wowɔ kɔmputa a, wubetumi anya Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so a yɛn nhoma pii wɔ so no so mfaso. Ɛso nhwehwɛmu a ne yɛ nyɛ den no ma wutumi hwehwɛ asɛmfua, nsɛmfua, anaa kyerɛwsɛm a wɔde adi dwuma wɔ nhoma a ɛwɔ Watchtower Library no so biara mu. Sɛ adwinnade a wɔde yɛ nhwehwɛmu yi bi nni wo kasa mu mpo a, wubetumi anya so mfaso wɔ kasa a wɔka no amanaman pii mu a ebia wunim no mu.

Teokrase Nhoma Afoforo

Wɔ Paulo krataa a ɛto so abien a efi honhom mu a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo mu no, ɔka kyerɛɛ aberantewaa no sɛ ɔmfa ‘nhoma mmobɔwee, ne titiriw no nhomapoee no’ mmrɛ no wɔ Roma. (2 Tim. 4:13) Paulo de nkyerɛwee bi a na ɛsom bo ma no paa no siei. Wubetumi ayɛ saa ara. So ɛyɛ a wode Ɔwɛn-Aban ne Nyan!, ne Yɛn Ahenni Som a wo nsa ka no sie, bere mpo a wɔasusuw mu nsɛm no ho wɔ nhyiam ahorow ase awie no? Sɛ saa a, wubetumi de adi dwuma sɛ adwinnade a wɔde yɛ nhwehwɛmu, de aka Kristofo nhoma ahorow a wowɔ no ho. Asafo ahorow dodow no ara kora teokrase nhoma ahorow so wɔ nhomakorabea wɔ Ahenni Asa so. Asafo mũ no nyinaa nti na eyi wɔ hɔ, sɛ wɔde bedi dwuma bere a wɔwɔ Ahenni Asa so no.

Kora W’ankasa Kyerɛwtohɔ So

Hwɛ nneɛma a ɛho hia wo a wubetumi de adi dwuma bere a worema ɔkasa anaa wokyerɛkyerɛ no so yiye. Sɛ wunya atesɛm krataa anaa nsɛmma nhoma mu nsɛm bi, anaa nhwɛso bi a wubetumi de adi dwuma wɔ w’asɛnka mu a, twa anaa hwɛ so kyerɛw bi to hɔ. Fa ɛda no, nsɛmma nhoma no din, ne ebia nea ɔkyerɛwee anaa otintimii no din ka ho. Wɔ asafo nhyiam ahorow ase no, kyerɛw nsɛm ne nkyerɛkyerɛmu a ebetumi aboa wo ma woakyerɛkyerɛ nokware no mu akyerɛ afoforo to hɔ. So woasusuw mfatoho bi a eye nanso wuntumi mfa nni dwuma ntɛm ara ho? Kyerɛw to hɔ, na fa sie wo nkrataa mu. Wubesiesie ɔkasa ahorow pii bere a woatra Teokrase Ɔsom Sukuu no mu akyɛ kakra no. Sɛ́ anka wobɛtow nsɛm a wokyerɛw fii ɔkasa ahorow yi mu agu no, fa sie. Ebia nhwehwɛmu a woyɛe no so bɛba wo mfaso akyiri yi.

Wo ne Nkurɔfo Nkasa

Wonya nsɛm pii fi nnipa nkyɛn. Bere a na Luka reboaboa ne Nsɛmpa no ano no, ɛda adi sɛ onyaa nsɛm pii denam nsɛm a obisabisaa wɔn a nsɛm sisii wɔn anim no so. (Luka 1:1-4) Ebia ɔyɔnko Kristoni bi betumi akyerɛkyerɛ asɛm bi a worebɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ mu nhwehwɛmu mu. Sɛnea Efesofo 4:8, 11-16 kyerɛ no, Kristo de ‘nnipa mu akyɛde’ di dwuma na ama yɛatumi anyin wɔ ‘Onyankopɔn Ba no ho nokware nimdeɛ’ mu. Wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn som mu osuahu a wubebisabisa wɔn nsɛm no betumi ama woanya nsɛm a mfaso wɔ so. Nkurɔfo a wo ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ no betumi ama wɔn nsusuwii nso ada adi, na eyi betumi ama woasiesie asɛm a wobetumi de adi dwuma ankasa.

Susuw Nea Wubenya Afi mu no Ho

Sɛ wotwa awi wie a, wɔporow aduan no fi ne ntɛtɛw no mu. Saa na nea ebefi wo nhwehwɛmu mu aba no te. Ansa na wubetumi de adi dwuma no, ɛsɛ sɛ wuyi nea ɛso wɔ mfaso no fi nea enhia no mu.

Sɛ wode nsɛm no rekodi dwuma wɔ ɔkasa mu a, bisa wo ho sɛ: ‘So asɛm a mepɛ sɛ meka no bɛboa asɛmti a mereka ho asɛm no yiye? Anaa, ɛmfa ho sɛ ebia ɛyɛ asɛm a ɛyɛ anika no, so ɛbɛtwe adwene afi asɛm a ɛsɛ sɛ meka no so?’ Sɛ nsɛm a esisii nkyɛe anaa nsɛm a efi adebɔ ho nyansahu mu a ɛsakra bere nyinaa no na wopɛ sɛ wode di dwuma a, hwɛ hu sɛ asɛm no ntwaa mu. Afei nso hu sɛ wɔayɛ nsakrae wɔ nsɛm bi a ɛwɔ yɛn nhoma dedaw bi mu mu, enti fa nea wotintimii nkyɛe wɔ asɛm no ho di dwuma.

Sɛ wopɛ sɛ wofa nsɛm fi wiase nhoma ahorow mu a, ehia sɛ woyɛ ahwɛyiye titiriw. Mma wo werɛ mmfi da sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware. (Yoh. 17:17) Yesu di dwuma titiriw wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mmamu ho. Enti Kolosefo 2:3 ka sɛ: “Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ ademude nyinaa akora.” Gyina saa adwene no so susuw nea ebefi wo nhwehwɛmu no mu aba ho. Ɛdefa wiase nhoma mu nhwehwɛmu ho no, bisa wo ho sɛ: ‘So wɔagugu asɛm yi mu, enni nnyinaso, anaa ensusuw nneɛma ho nkɔ akyiri? So pɛsɛmenkominya adwene anaa sika a wobenya nti na wɔkyerɛwee? So nhoma afoforo a wogye tom ne no hyia? Nea ɛsen ne nyinaa no, so ɛne Bible mu nokware hyia?’

Mmebusɛm 2:1-5 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nhwehwɛ nimdeɛ, ntease, ne nhumu ‘te sɛ dwetɛ ne akorade a ahintaw.’ Ɛno kyerɛ sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho mmɔden na yɛanya mfaso pii. Nhwehwɛmu gye mmɔdenbɔ, nanso sɛ woyɛ a, ɛbɛboa wo ma woahu Onyankopɔn adwene wɔ nsɛm ho, na woasiesie nsusuwii a enye, na woagyina nokware no afã pintinn. Ɛbɛsan ama ntease aba wo kasa mu na ayɛ dɛ, na ama ne ma ayɛ dɛ, na ne tie nso ayɛ anigye.

NNEƐMA A WƆDE YƐ NHWEHWƐMU YI MU NEA ƐWƆ HE NA WOWƆ?

  • New World Translation of the Holy Scriptures

  • Comprehensive Concordance

  • Ɔwɛn-Aban ne Nyan!

  • Reasoning From the Scriptures

  • Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom

  • Insight on the Scriptures

  • Watch Tower Publications Index

  • Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena