ADESUA 1
Akenkan a Emu Da Hɔ
KYERƐWNSƐM no ka sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Tim. 2:4) Nea ɛne ɛno hyia no, sɛ yɛkenkan Bible no den a, ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛda nokware nimdeɛ adi no da adi wɔ sɛnea yɛkenkan no mu.
Sɛnea wotumi kenkan Bible no ne nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu no ho hia ma mmofra ne mpanyimfo nyinaa. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛwɔ asɛyɛde a ɛne sɛ yɛka Yehowa ho nimdeɛ ne n’akwan ho asɛm kyerɛ afoforo. Mpɛn pii no, ɛno hwehwɛ sɛ yɛkenkan kyerɛ obi anaa nnipakuw ketewa bi. Afei nso yɛkenkan ade wɔ ɔkwan a ɛte saa so wɔ yɛn abusua mu. Wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no, hokwan pii wɔ hɔ ma anuanom mmarima ne mmea, mpanyin ne mmofra sɛ wobenya afotu wɔ sɛnea wɔkenkan ade ma epue no ho.
Bible no a yɛbɛkenkan wɔ baguam akyerɛ nkurɔfo anaa asafo no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛfa no aniberesɛm paa. Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Bio nso, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, . . . na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Heb. 4:12) Onyankopɔn Asɛm kura nimdeɛ a ɛso nni a wontumi nnya no baabiara. Ebetumi aboa obi ma wahu nokware Nyankopɔn koro no, na ɔne no anya abusuabɔ a edi mu, na afei nso ama watumi adi asetram nsɛnnennen ho dwuma yiye. Ɛkyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden akenkan Bible no sɛnea yebetumi biara.—Dw. 119:140; Yer. 26:2.
Sɛnea Wobɛkenkan Ma Emu Ada Hɔ. Nneɛma pii na ɛma akenkan tu mpɔn, nanso sɛnea wobɛkenkan ma emu ada hɔ no ne nea edi kan. Ɛno kyerɛ sɛ wobɛkenkan nsɛm a wɔatintim no pɛpɛɛpɛ. Hwɛ yiye sɛ woremmɔ nsɛmfua bi ntra, ntwa nsɛmfua bi fã ngu, anaasɛ wonkenkan nsɛmfua bi nsɛe no esiane sɛ ɛne afoforo di nsɛ nti.
Nea ɛbɛyɛ na woakenkan nsɛmfua yiye no, ebehia sɛ wote nsɛm a ɛfa ho no ase. Ɛno bɛhwehwɛ sɛ wusiesie wo ho yiye. Bere kɔ so no, sɛ wusua sɛnea wobɛma w’ani akɔ nsɛmfua a edi so no so na wususuw sɛnea asɛm no kɔ ho a, sɛnea w’akenkan mu da hɔ no betu mpɔn.
Ɔkasa mu home agyirae ne ɛnne nnyigyei agyirae yɛ nneɛma a ɛho hia wɔ nsɛm a wɔakyerɛw mu. Kasa mu home agyirae betumi akyerɛ baabi a ɛsɛ sɛ wohome wo kasa so, bere tenten a ɛsɛ sɛ wode home so, ne ebia hia a ehia sɛ wosakra wo nne. Wɔ kasa ahorow bi mu no, sɛ woansakra wo nne sɛnea kasa mu home agyirae no kyerɛ a, ebetumi ama asɛmmisa bi adan asɛm bi ara kwa, anaasɛ ɛbɛsakra nea ɛkyerɛ koraa. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, dwuma a kasa mu home agyirae di no gyina kasa mmara so titiriw. Wɔ kasa ahorow pii mu no, wuntumi nkenkan mma emu nna hɔ bere a wubu w’ani gu ɛnne nnyigyei agyirae—nea wɔkyerɛw ne nea wɔnam asɛm a ɛfa ho so hu no nyinaa so no. Eyinom na ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ nkyerɛwde a ɛbata ho no gyigye. Bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛnea wɔde kasa mu home agyirae ne ɛnne nnyigyei agyirae di dwuma wɔ wo kasa mu no yiye. Eyi yɛ ɔkwan titriw a wɔfa so kenkan ade yiye. Kae sɛ ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae sɛ wobɛda aba a ɛwom adi, ɛnyɛ sɛ wobɛbobɔ nsɛmfua din ara kwa.
Sɛ wopɛ sɛ wutumi kenkan ade ma emu da hɔ a, ehia sɛ wusua sɛnea wɔkenkan. Di kan kenkan nkyekyem biako pɛ, na afei san tĩ mu kosi sɛ wobɛkenkan awie a mfomso biara mma mu. Afei kɔ nkyekyem a edi hɔ no so. Awiei koraa no, bɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan nkratafa pii a wommobɔ bi mfa so, wuntĩ mu, anaa wonkenkan nsɛmfua biara nsɛe no. Sɛ wofa saa akwan no so wie a, ma obi nhwɛ sɛnea wokenkan na ɔnna wo mfomso biara a ebia wobɛyɛ adi nkyerɛ wo.
Wɔ wiase no afã bi no, nkurɔfo aniwa a enye papa ne nkanea a ɛnnɔɔso ma akenkan yɛ den. Sɛ wobetumi ayɛ eyi ho biribi a, akyinnye biara nni ho sɛ ebetumi ama akenkan atu mpɔn.
Bere kɔ so no, wobetumi ato nsa afrɛ anuanom a wɔkenkan ade yiye no ma wɔakenkan adesua asɛm wɔ baguam wɔ Asafo Nhoma Adesua ne Ɔwɛn-Aban Adesua ase. Nanso sɛ wubedi hokwan a ɛte saa ho dwuma yiye a, pii ho hia sen sɛ wubetumi abobɔ nsɛmfua din yiye ara kwa. Sɛ wubetumi ayɛ baguam ɔkenkanfo a otu mpɔn wɔ asafo no mu a, ebehia sɛ w’ankasa wunya akenkan ho su pa. Eyi hwehwɛ sɛ wubehu sɛ asɛmfua biara wɔ dwuma a edi wɔ kasamu mu. Wuntumi nnyaw bi wom na wonte nea wɔreka no ase yiye. Sɛ woankenkan nsɛmfua bi yiye a, ɛmfa ho sɛ ebia w’ankasa na worekenkan w’ade no, emu renna hɔ. Nea ɛmma wuntumi nkenkan yiye ne sɛ ebia woansusuw ɛnne nnyigyei agyirae anaa ɔsɛmpɔw a wɔde nsɛmfua no redi ho dwuma no ho. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea asɛmfua biara kyerɛ ase wɔ tebea a wɔada no adi no mu. Afei nso, susuw sɛnea kasa mu home agyirae no ka kasamu no mu ntease no ho. Kae sɛ mpɛn pii no, wɔnam nsɛmfua akuwakuw so na ɛda nsusuwii ahorow adi. Hyɛ no nsow sɛ sɛ worekenkan ade den a, wobɛkenkan nsɛmfua akuwakuw—kasasin ne kasamufa kumaa—sen sɛ wobɛkenkan nsɛmfua ara kwa. Ɛda adi pefee sɛ nea worekenkan a wobɛte ase no yɛ ade a ehia na ama wonam baguam akenkan so atumi ada nokware nimdeɛ adi akyerɛ afoforo.
Kristoni panyin a ne ho akokwaw na ɔsomafo Paulo kyerɛw no sɛ: “Bata ɔkenkan ho” no. (1 Tim. 4:13) Ɛda adi sɛ eyi yɛ ade a yɛn nyinaa betumi anya nkɔso wɔ mu.