Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 14 kr. 128-kr. 130 nky. 4
  • Wo Nne Ankasa a Wode Kasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Nne Ankasa a Wode Kasa
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɔmmɔbɔ Kwan So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Osuani Dwumadi a Wubesiesie Wɔ Sukuu no Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 14 kr. 128-kr. 130 nky. 4

ADESUA 14

Wo Nne Ankasa a Wode Kasa

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Kasa sɛnea wokasa daa—da nkɔmmɔbɔ su adi, fi komam kasa, na nhyɛ wo ho nkasa.

Dɛn nti na ɛho hia?

Sɛ ehu ka wo, w’ano yɛ duruduruudu anaa wo ho popo esiane sɛ wudwennwen nea woreyɛ no ho nti a, ebetumi atwetwe afoforo adwene afi w’asɛm no so.

WO NNE ankasa a wode bɛkasa no bɛboa ma afoforo anya wo mu ahotoso. So wubegye obi a ɔmpɛ sɛ wuhu n’anim nti wahyɛ nkataanim asɛm adi? Na sɛ nkataanim no yɛ fɛ sen nea ɔrekasa no ankasa anim nso ɛ, so wubenya ne mu ahotoso? Dabida. Enti sɛ anka wobɛsakra wo nne no, kasa sɛnea wokasa daa no.

Ɛnsɛ sɛ wubu wo nne ankasa a wode kasa no sɛ ɛkyerɛ anibiannaso adeyɛ. Kasa mmara a wɔmfa nni dwuma yiye, nsɛmfua a wɔmmobɔ no yiye, ne nsɛm a wommue ano nka no yiye nyɛ papa. Kwati sɛ wode nsɛmfua a nnipakuw bi pɛ na wɔte ase nso bedi dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛda nidi a ɛfata nso adi wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nyinaa mu. Obi a ɔde ne nne ankasa kasa saa no nyɛ katee anaa onnwen sɛ ɔbɛsɔ afoforo ani mmoroso.

Wɔ Asɛnka Adwuma Mu. Sɛ wobɛn fie bi anaa wokɔ obi anim a atirimpɔw no ne sɛ wubedi no adanse a, so ehu ka wo? Ehu tumi ka yɛn mu pii, nanso ebinom de kyɛ sen afoforo. Ahoyeraw betumi ama ɛnne no asesa anaa apopo, anaa ehu betumi ama wo nsa anaa wo ti awosowosow.

Nneɛma bi na ebetumi ama ɔdawurubɔfo bi ahyia nsɛnnennen yi. Ebia na ɔredwen nea ebefi mu aba no ho anaasɛ ɔresusuw ho sɛ ebia n’asɛm no bɛkɔ yiye anaa ɛnkɔ yiye. Eyinom mu biara taa si, nanso sɛ wodwennwen nneɛma a ɛtete saa ho a, ɛma nsɛnnennen sɔre. Sɛ ehu ka wo ansa na woafi asɛnka ase a, dɛn na ebetumi aboa wo? Siesie wo ho yiye na fa mpaebɔ a emu yɛ den kɔ Yehowa anim. (Aso. 4:29) Dwen Yehowa mmɔborohunu kɛse a ɔde reto nsa afrɛ nnipa sɛ wommenya akwahosan pa ne daa nkwa mu anigye wɔ Paradise no ho. Dwen wɔn a worebɔ mmɔden sɛ wobɛboa wɔn no, ne hia a ehia sɛ wɔte asɛmpa no ho.

Kae nso sɛ, nnipa wɔ hokwan sɛ wofi wɔn pɛ mu yɛ ade, enti wobetumi atie asɛm no anaasɛ wɔapo. Saa ara na na ɛte bere a Yesu dii adanse wɔ tete Israel no. Wo dwumadi ara ne sɛ wobɛka asɛm no kɛkɛ. (Mat. 24:14) Sɛ nkurɔfo amma woankasa a, kɔ a wokɔe no nko ara yɛ adansedi. Sɛ ɛba saa a woadi nkonim, efisɛ womaa Yehowa de wo dii n’apɛde ho dwuma. Mmere a wubenya hokwan akasa no, ɔkwan bɛn so na wobɛkasa? Sɛ wusua sɛ wode w’adwene besi afoforo ahiade so a, wode wo nne ankasa na ɛbɛkasa na ɛbɛyɛ dɛ.

Sɛ woredi adanse na wokasa sɛnea wokasa daa a, eyi bɛma w’atiefo de abotɔyam atie wo. Wobetumi atie Kyerɛwnsɛm mu nsɛntitiriw a wopɛ sɛ wo ne wɔn susuw ho no yiye. Sɛ anka wobɛyɛ no sɛ nea worema wɔn kasa no, wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Da adamfofa su adi. Kyerɛ wɔn ho anigye, na tie nea wɔwɔ ka. Nokwarem no, baabi a ɛhɔ kasa anaa amammerɛ hwehwɛ sɛ woyɛ biribi de kyerɛ nidi bere a wo ne ahɔho kasa no, ɛsɛ sɛ wudi eyinom so. Nanso siesie wo ho sɛ bere nyinaa wobɛserew kakra.

Wɔ Asɛnka Agua So. Sɛ wokasa kyerɛ nnipakuw bi a, wo nne ankasa a wode kasa nkɔmmɔbɔ kwan so daa no na ɛfata sen biara. Nanso sɛ atiefo no dɔɔso a, ebehia sɛ woma wo nne so kɛse. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛkyere wo nsɛm agu wo tirim anaasɛ wobɛkyerɛw wo nsɛm no tenteenten a, ɛda adi sɛ wudwennwen sɛnea wobɛbobɔ nsɛmfua din yiye ho dodo. Nsɛmfua din a wɔbɛbobɔ no yiye no ho hia, nanso sɛ wode adwene si so pii a ɛma ɔkasa no mu yɛ den. Ɛmma wonkasa sɛnea wokasa ankasa no. Ɛsɛ sɛ wudi kan susuw nsɛm a wobɛka no ho yiye, nanso ɛnyɛ nsɛm pɔtee a wobɛka no so na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si kɛse, na mmom adwene a ɛwom no.

Saa ara na sɛ wobisabisa wo nsɛm wɔ nhyiam bi ase a, ɛsɛ sɛ woyɛ. Siesie wo ho yiye, nanso nkenkan mmuae no anaa nsua ngu wo tirim. Fa wo nne ankasa kasa na sakra mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm no ankasa bɛba ma ayɛ dɛ.

Sɛ wode kasa su a eye mpo di dwuma ma ɛboro so a, atiefo no behu sɛ ɛnyɛ saa na wokasa. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wokasa ma emu da hɔ, na wobobɔ nsɛmfua din yiye, nanso ɛnsɛ sɛ wokye ho. Sɛ wode nkate a wɔde si asɛm so dua anaa nipadua a wɔde kyerɛkyerɛ asɛm mu di dwuma yiye a, ɛbɛma wo kasa no mu ayɛ hyew, nanso sɛ woyeyere wo ho bere a woresi asɛm bi so dua anaasɛ woyɛ ma ɛboro so a, ɛbɛsɛe asɛm a woreka no. Fa ɛnne a ɛfata kasa, nanso bɔ mmɔden sɛ womma ano nyɛ den dodo. Eye sɛ wohyɛ wo kasa no mu gya bere ne bere mu de, nanso kwati sɛ wobɛteɛteɛm. Ɛsɛ sɛ wode nne nsakrae, anigye, ne nkate di dwuma wɔ ɔkwan a ɛntwetwe adwene mma wo so anaa ɛmma w’atiefo no nyɛ basaa so.

Nnipa binom fi awosu mu wɔ ɔkwan a wɔfa so kasa, bere mpo a wɔmma ɔkasa biara no. Ebinom nso wɔ nkɔmmɔbɔ su paa. Nea ehia ara ne sɛ daa wobɛkasa yiye na woadi wo ho ni sɛ Kristoni. Sɛ ɛba saa na sɛ wugyina asɛnka agua so a, ɛrenyɛ den mma wo sɛ wode wo nne ankasa bɛkasa ma ayɛ dɛ.

Bere a Worekenkan Ade Wɔ Baguam. Wo nne ankasa a wode bɛkenkan ade wɔ baguam no gye mmɔdenbɔ. Sɛ wubetumi ayɛ saa a ɛsɛ sɛ wohyɛ asɛm a worebɛkenkan no mu nsɛntitiriw nsow, na wuhu sɛnea wɔada no adi. Ma eyi ntra w’adwenem yiye; anyɛ saa a, nea wubehu ara ne sɛ worekenkan nsɛmfua no kɛkɛ. Hwɛ sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua a wontaa nhyia no din. Sua sɛnea wobɛkenkan ade den sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi adannan wo nne, na ama woatumi aboaboa nsɛm ano wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma adwene a ɛwom no ada adi yiye. Kɔ so kenkan ara kosi sɛ w’akenkan no bɛtɔ so. Te asɛm a wobɛkenkan no ase yiye sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ wokenkan no den a, w’akenkan no ayɛ te sɛ nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye. Ɛno na ɛkyerɛ sɛ wode wo nne ankasa na ɛrekasa no.

Ɛwom, yɛn baguam akenkan no pii fi yɛn nhoma ahorow a egyina Bible so no mu. Wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu akenkan akyi no, yɛkenkan kyerɛwsɛm wɔ asɛnka mu ne bere a yegyina asɛnka agua so rema ɔkasa. Wɔde nea wɔbɛkenkan wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Nhoma Adesua ase no hyɛ anuanom nsa. Wɔma anuanom a wɔn ho akokwaw dwumadi ma wɔkenkan ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa kyerɛ atiefo wɔ ɔmantam nhyiam ase. Sɛ́ ebia worekenkan Bible no anaa nhoma foforo no, kenkan afã bi a ɛte sɛ nea obi na ɔreka asɛm bi wɔ hɔ no sɛnea w’ankasa na woreka saa asɛm no. Sɛ wɔfa nnipa dodow bi asɛm ka a, fa ɛnne foforo ka obiara de. Hyɛ no nsow: Nyɛ mma ɛmmmoro so, nanso fa wo nne ankasa kenkan ma ɛnkanyan atiefo.

Obi nne ankasa a ɔde bɛkenkan ade no da nkɔmmɔbɔ su adi. Ɛnyɛ sɛ nea wɔde nsɛm ahyɛ n’anom, na ɛda ahotoso adi.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Kasa sɛnea wokasa daa no. Mfa w’adwene nsi wo ho so, na mmom fa si Yehowa ne hia a ehia sɛ nnipa sua ne ho ade no so.

  • Sɛ woresiesie ɔkasa a, mfa w’adwene nsi nsɛmfua so, na mmom fa si adwene a ɛwom so titiriw.

  • Sɛ worema ɔkasa anaa worebɔ nkɔmmɔ sɛnea woyɛ no daa no a, kwati nsɛm a ɛho nhia ne nneyɛe a ɛtwetwe adwene ba wo ho so.

  • Siesie wo ho yiye ma baguam akenkan. Fa nkate kenkan na hwɛ hu sɛ ntease wom.

DWUMADI AHOROW: (1) Kenkan Malaki 1:2-14 wɔ wo tirim na hyɛ wɔn a wɔrekasa no nsow. Afei kenkan no den ma emu nna hɔ sɛnea ɛfata. (2) Wɔ mmere ahorow abiɛsa mu ansa na wobɛkɔ asɛnka no, kenkan adesua yi nkyekyem abien a edi kan no ne nea ɛwɔ asɛmti ketewaa “Wɔ Asɛnka Adwuma Mu” ase wɔ kratafa 128 no. Bɔ mmɔden sɛ wode afotusɛm no bedi dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena