Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 48 kr. 251-kr. 254 nky. 2
  • Sɛnea Wosusuw Nsɛm Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wosusuw Nsɛm Ho
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Munnya Afoforo ho Ntease
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Suasua Yehowa Na Yɛ Fakaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nsɛmmisa a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Etu Mpɔn So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 48 kr. 251-kr. 254 nky. 2

ADESUA 48

Sɛnea Wosusuw Nsɛm Ho

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Fa kyerɛw nsɛm, mfatoho ahorow, ne nsɛmmisa di dwuma wɔ ɔkwan a ntease wom na ebetumi akanyan nkurɔfo ma wɔatie asɛm adwen ho so.

Dɛn nti na ɛho hia?

Nsɛm a wɔka no penpen, anaa katee tumi dan nnipa adwene fi asɛm no so. Nsɛm a wɔka ma wosusuw asɛm ho hyɛ nkɔmmɔbɔ ho nkuran, ɛma nkurɔfo nya biribi susuw ho akyiri yi, na ebue nkɔmmɔbɔ ho kwan ma bere foforo. Etumi dan ti wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.

YƐN ani sɔ nsakrae a Nyankopɔn Asɛm ama yɛanya wɔ asetra mu no, na yɛpɛ sɛ afoforo nso nya bi. Bio nso, yehu sɛ sɛnea nkurɔfo betie asɛmpa no bɛka daakye ho anidaso a wobenya no. (Mat. 7:13, 14; Yoh. 12:48) Yefi koma mu pɛ sɛ wogye nokware no. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛde nhumu ka ahotoso kɛse a yɛwɔ ne nsi a yɛyɛ no ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya so mfaso kɛse.

Sɛ mpo wode Kyerɛwnsɛm pii bata nokwasɛm ho ka nsɛm penpen de bɔ obi gyidi a onni ho agoru gu a, wɔntaa ntie. Sɛ nhwɛso no, sɛ wokasa tia afahyɛ bi a agye din sɛ efi abosonsom mu a, eyi rensesa adwene a ebinom kura wɔ ho no. Mpɛn pii no, sɛ woda ntease adi na wususuw nsɛm ho a, etumi sow aba. Sɛ́ obi bɛda ntease adi no kyerɛ dɛn?

Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ ‘nyansa a efi soro no de ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ ntease.’ (Yak. 3:17, NW) Nea Hela kasa a wɔde dii dwuma wɔ ha sɛ “ntease” kyerɛ ankasa ne “gyae nsɛm mu.” Ebinom kyerɛ ase “tema,” “odwo,” anaa “boasetɔ.” Hyɛ no nso sɛ ntease ne asomdwoe na ɛnam. Wɔ Tito 3:2 no, wɔbɔ din de ka odwo ho na ɛne anuɔden bɔ abira. Filipifo 4:5, NW kyerɛ yɛn sɛ yɛmma nnipa nyinaa nhu yɛn “ntease.” Obi a ɔwɔ ntease no susuw abusua ko a wɔn a ɔne wɔn kasa no fi mu, wɔn nsɛm tebea, ne wɔn nkate ho. Ɔwɔ ɔpɛ sɛ obegyae nsɛm mu bere a ɛfata sɛ ɔyɛ saa no. Afoforo a yɛne wɔn bedi nsɛm ɔkwan a ɛte saa so no boa ma ebue wɔn adwene ne wɔn koma mu bere a yefi Kyerɛwnsɛm mu ne wɔn susuw nsɛm ho no.

Faako a Ɛsɛ sɛ Yefi Ase. Abakɔsɛm kyerɛwfo Luka bɔɔ amanneɛ sɛ bere a ɔsomafo Paulo wɔ Tesalonika no, ɔde Kyerɛwnsɛm no dii dwuma “kyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse sɛ etwa sɛ Kristo no hu amane, na ɔsɔre fi awufo mu.” (Aso. 17:2, 3) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Paulo yɛɛ eyi wɔ Yudafo hyiadan mu. Ná wɔn a ɔne wɔn rekasa no bu Hebri Kyerɛwnsɛm no. Enti na ɛfata sɛ ɔde biribi a wogye tom fi n’asɛm no ase.

Bere a na Paulo rekasa akyerɛ Helafo wɔ Areopago wɔ Atene no, wamfa Kyerɛwnsɛm mu nsɛm amfi ase. Mmom no, ɔde nneɛma a wonim na wogye tom na efii ase, na ɔde eyi dii dwuma de ma wosusuw Ɔbɔadeɛ no ne N’atirimpɔw ahorow ho.—Aso. 17:22-31.

Wɔ ɛnnɛ mmere yi mu no, nnipa ɔpepepem pii mfa Bible no nyɛ hwee wɔ wɔn asetram. Nanso ɛkame ayɛ sɛ obiara hyia nsɛnnennen wɔ n’asetram wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu. Nnipa hwɛ biribi pa kwan. Sɛ wudi kan kyerɛ sɛ nea ɛhaw wɔn no ho asɛm hia wo na afei wokyerɛ sɛnea Bible no kyerɛkyerɛ mu a, nsɛm a ɛte saa a ntease wom no betumi aka wɔn ma wɔatie nea Bible no ka fa Nyankopɔn atirimpɔw ma adesamma ho no.

Ebetumi aba sɛ nyamesom mu gyidi ne amanne ahorow bi ka nneɛma a Bible suani bi nya fii n’awofo nkyɛn no ho. Afei, osuani no behu sɛ gyidi ne amanne ahorow a ɛte saa no nsɔ Nyankopɔn ani, na ogyae akyidi bedi nea Bible kyerɛkyerɛ no akyi. Ɔkwan bɛn so na osuani no bɛfa akyerɛkyerɛ saa gyinaesi no mu akyerɛ n’awofo? Ebia wɔbɛte nka sɛ po a wapo ɔsom a onya fii wɔn nkyɛn no kyerɛ sɛ ɔrepo wɔn. Ebia Bible suani no besusuw sɛ, ansa na obefi Bible no mu akyerɛkyerɛ ne gyinaesi no mu akyerɛ wɔn no, ebehia sɛ odi kan da ɔdɔ ne obu a ɔwɔ ma wɔn no adi.

Bere a Ɛsɛ sɛ Wogyae Nsɛm Mu. Yehowa a n’ankasa wɔ tumi a obetumi de ahyɛ mmara no da ntease soronko adi. Bere a Yehowa bɔfo no regye Lot ne n’abusua no nkwa afi Sodom no, ɔkae sɛ: “Bepɔw so na guan kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.” Nanso, Lot srɛe sɛ: ‘O, Yehowa, mma ɛnnyɛ saa.’ Ɔsrɛe sɛ wɔmma no nguan nkɔ Soar. Yehowa susuw Lot ho denam ma a ɔmaa no kwan ma ɔyɛɛ saa no so; enti bere a wɔsɛee nkurow a aka no, wɔansɛe Soar. Nanso, akyiri yi, Lot dii akwankyerɛ a Yehowa dii kan de maa no no so kɔɔ bepɔw no so. (Gen. 19:17-30) Na Yehowa nim sɛ n’akwan teɛ, nanso onyaa ntoboase kosii sɛ Lot tee nea ɔkae no ase.

Nea ɛbɛyɛ na yɛne afoforo adi no yiye no, ɛho hia sɛ yɛn nso yɛda ntease adi. Ebia ɛbɛyɛ yɛn adwene sɛ ɔfoforo no na wadi mfomso, na ebia na yɛwɔ adanse a edi mu a yɛde bɛkyerɛ saa. Nanso ɛtɔ mmere bi a eye sɛ yenni akyi pii. Ntease a yebenya no nkyerɛ sɛ yebebu yɛn ani agu Yehowa gyinapɛn ahorow so. Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ woda ɔfoforo no ase sɛ wakyerɛ n’adwene anaasɛ worenka asɛm bi a ɛnyɛ nokware a ɔka no ho hwee sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de adwene asi biribi a mfaso bɛba so kɛse so. Mpo sɛ ɔkasa tia nea wugye di no a, nyɛ ade mma ɛntra so. Wubetumi abisa no nea enti a ɔte nka saa. Tie mmuae a ɔbɛma no yiye. Eyi bɛma woahu n’adwene yiye. Afei nso ebetumi abue nkɔmmɔbɔ a mfaso wɔ so ho kwan daakye bi.—Mmeb. 16:23; 19:11.

Yehowa de ɔpɛ a adesamma wɔ sɛ wɔbɛpaw nea wɔpɛ ama wɔn. Ɔma wɔn kwan ma wɔde saa su no di dwuma, ɛmfa ho mpo sɛ ɛtɔ da a wɔmfa nni dwuma wɔ ɔkwan pa so. Sɛ́ Yehowa kasamafo no, Yosua kaa sɛnea Nyankopɔn ne Israelfo dii no ho asɛm. Na afei ɔkae sɛ: ‘Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom Yehowa a, ɛnde ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom Yehowa.’ (Yos. 24:15) Ɛnnɛ, yɛn adwuma ne sɛ yebedi “adanse,” na yɛde ahotoso akasa, nanso yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ afoforo ma wɔagye adi. (Mat. 24:14) Ɛsɛ sɛ yɛma wɔn kwan ma wɔpaw nea wɔpɛ na yɛmfa hokwan a ɛte saa nkame wɔn.

Bisabisa Nsɛm. Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛda nsow wɔ nsɛm a yɛne nkurɔfo besusuw ho no ho. Osusuw wɔn tebea ho de mfatoho ahorow a wobetumi ate ase ntɛm dii dwuma. Ɔde nsɛmmisa dii dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so nso. Eyi maa afoforo nyaa hokwan daa sɛnea wɔte nka adi na wɔkaa nea ɛwɔ wɔn komam kyerɛe. Ɛhyɛɛ wɔn nkuran nso ma wodwennwen nea wɔresusuw ho no ho.

Ɔbarima bi a onim Mmara bisaa Yesu sɛ: “Kyerɛkyerɛfo menyɛ dɛn na manya nkwa?” Na anka Yesu betumi ama no mmuae ntɛm ara. Nanso ɔmaa ɔbarima no kyerɛɛ n’adwene. ‘Dɛn na wɔakyerɛw Mmara no mu? Wokan no dɛn?’ Ɔbarima no buaa no yiye. So mmuae a ɛteɛ a ɔmae no twaa saa nkɔmmɔbɔ no so? Dabida. Yesu amma ɔbarima no annyae kasa, na nsɛm a ɔbarima no ankasa bisae no kyerɛe sɛ na ɔpɛ sɛ obu no ho bem. Obisae sɛ: “Hena ne me yɔnko?” Sɛ anka Yesu de nkyerɛkyerɛmu a anka ɔbarima no betumi agye ho kyim esiane sɛnea na Yudafo bu Amanaman mufo ne Samariafo nti bɛma no, Yesu maa no susuw mfatoho bi ho. Na ɛfa mmoa a Samariani bi de maa ɔkwantufo bi a akwanmukafo gyee ne ho nneɛma na wɔboroo no, nanso ɔsɔfo ne Lewini bi ammoa no ho. Yesu bisaa ɔbarima no asɛm tiawa bi de hwɛe sɛ ɔte nea ɔkae no ase anaa. Ɔkwan a Yesu faa so ne Ɔbarima no susuw asɛm no ho no maa no bɛtee asɛmfua “yɔnko” ase wɔ ɔkwan foforo koraa a na onsusuw ho da so. (Luka 10:25-37) Nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua bɛn ara ni! Sɛ́ anka wo nkutoo bɛkasa na woadwennwen nsɛm ho ama wo fiewura no, sua sɛnea wɔde anifere bisa nsɛm na yɛ mfatoho fa hyɛ wo tiefo no nkuran ma onnwen.

Fa Nkyerɛkyerɛmu Ma. Bere a ɔsomafo Paulo kasae wɔ hyiadan mu wɔ Tesalonika no, ɔyɛɛ pii sen sɛ ɔbɛkenkan nhoma a n’atiefo no gye tom kɛkɛ. Luka bɔɔ amanneɛ sɛ Paulo kyerɛkyerɛɛ nea ɔkenkanee no mu, kyerɛɛ nea enti a ɔyɛɛ saa, na ɔyɛɛ ho mfatoho. Nea efi mu bae ne sɛ, “wɔn mu binom gye dii, na wɔde wɔn ho bɔɔ Paulo ne Silas ho.”—Aso. 17:1-4.

Ɛmfa ho nnipa a wɔretie w’asɛm no, ɔkwan a wɔfa so susuw asɛm ho a wode bedi dwuma no so betumi aba mfaso. Saa ara na ɛte bere a wudi w’abusuafo adanse, wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma anaa wɔn a wo ne wɔn kɔ sukuu rekasa, wo ne ahɔho kasa wɔ baguam adansedi mu, woyɛ Bible adesua, anaa woma ɔkasa wɔ asafo no mu no. Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi a, ebia wobɛte nea ɛkyerɛ no ase nanso ebia na obi foforo nte ase. Wo nkyerɛkyerɛmu anaa nsɛm a woka fa ho no betumi ayɛ katee wɔ n’asom. So kyerɛwsɛm no mu nsɛntitiriw bi a wobɛpaw akyerɛkyerɛ mu betumi aboa? So wubetumi de adanse bi a ebia efi nea woka no mu anaasɛ efi kyerɛwsɛm foforo mu afoa so? So mfatoho bi betumi akyerɛkyerɛ ntease a ɛwɔ nea woaka no mu? So nsɛmmisa betumi aboa w’atiefo no ma wɔasusuw asɛm no ho? Ɔkwan a ɛte saa a wofa so susuw nsɛm ho no bɛma atiefo anya adwempa, na wɔanya biribi asusuw ho.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Sɛ woresusuw sɛnea wubefi wo nkɔmmɔbɔ ase ho a, susuw w’atiefo no tebea ne wɔn suban ho.

  • Nnye asɛm a ɛnyɛ nokware biara a wɔbɛka ho akyinnye.

  • Fa ahotoso kasa, nanso kae sɛ afoforo wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ sɛ wogye di te sɛ wo ara.

  • Sɛ́ anka wubeyi nsɛm ano ntɛm no, fa nsɛmmisa anaa mfatoho ahorow di dwuma fa boa nea ɔrepɛ biribi ahu no ma onsusuw asɛm no ho.

  • Fa yɛ wo su sɛ wobɛdwen kyerɛwsɛm no ho denam nsɛntitiriw a wobɛkyerɛkyerɛ mu, na woakyerɛ sɛnea kyerɛwsɛm afoforo foa nea ɛkyerɛ no so so, anaa fa nhwɛso bi ma fa kyerɛ sɛnea ɛfa kyerɛwsɛm no ho.

DWUMADI AHOROW: (1) Bere a woadi obi a ɔwɔ nsusuwii bi a ɛyɛ den adanse awie no, susuw ɔkwan a wofaa so dii ho dwuma no ho. Adanse bɛn na wode mae? Mfatoho bɛn na wode kaa ho? Nsɛmmisa bɛn na wode dii dwuma? Ɔkwan bɛn so na wususuw ne tebea ne ne nkate ho? Sɛ woantumi anyɛ eyi wɔ asɛnka mu a, wo ne ɔdawurubɔfo foforo mmobɔ sɛnea wɔyɛ no no so. (2) Sua sɛnea wo ne obi (wo tipɛn anaa abofra bi) a ɔredwen ade bɔne bi a ɔbɛyɛ ho besusuw nsɛm ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena