Ti Awotwe
‘Ko a Yɛbɛko Atia Ahonhommɔne Dɔm’
1. Dɛn nti na ahonhommɔne dwumadi ho hia yɛn titiriw?
NNIPA pii di adwene a ɛkyerɛ sɛ ahonhommɔne wɔ hɔ no ho fɛw. Nanso ɛnyɛ aseresɛm. Sɛ́ ebia nkurɔfo gye di anaasɛ wonnye nni no, ahonhommɔne wɔ hɔ na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nhyɛso bɛba obiara so. Yehowa asomfo ka ho. Nokwarem no, wɔn na ɔde n’ani asi wɔn so titiriw. Ɔsomafo Paulo ma yehu saa nokwasɛm no bere a ɔkaa eyi no: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni [a ɛnyɛ nnipa de], ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.” (Efesofo 6:12) Wɔ yɛn bere yi mu no, nhyɛso a ahonhommɔne dɔm de ba no mu ayɛ den kɛse sen bere biara, efisɛ wɔatow Satan afi soro akyene na ne bo afuw, na onim sɛ bere a ɔwɔ no yɛ tiaa.—Adiyisɛm 12:12.
2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ako atia ahonhommɔne a wɔwɔ tumi sen nnipa na yɛadi nkonim?
2 So yebetumi adi nkonim wɔ ko a yɛko tia ahonhommɔne dɔm a wɔyɛ den sen nnipa no mu? Yiw, nanso ɛnam yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so koraa nkutoo so. Ɛsɛ sɛ yetie no na yedi N’asɛm so. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi akwati honam, abrabɔ, ne nkate fam haw a wɔn a Satan di wɔn so tumi no hyia no.—Yakobo 4:7.
Wiase Sodifo a Wɔwɔ Soro Hɔnom
3. Henanom na Satan sɔre tia denneennen, na ɔkwan bɛn so?
3 Yehowa ka sɛnea ohu wiase tebea no wɔ faako a ɔwɔ wɔ soro ho asɛm kyerɛ yɛn pefee. Ɔde anisoadehu bi a wɔyɛɛ Satan wom sɛ “ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ” maa ɔsomafo Yohane. Na wayɛ krado sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔbɛmene Onyankopɔn Mesia Ahenni no ntɛm ara bere a wɔde sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu no. Bere a Satan antumi anyɛ saa no, ɔde ɔsɔretia a emu yɛ den baa Ahenni no asase so ananmusifo so. (Adiyisɛm 12:3, 4, 13, 17) Ɔkwan bɛn so na na Satan bɛko saa ɔko yi? Ɔnam n’ankasa ananmusifo a wɔyɛ nnipa so.
4. Hena ne tumi a nnipa nniso ahorow wɔ no fibea, na yɛyɛ dɛn hu?
4 Afei wɔde akekaboa bi a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, aboa a “ɔwɔ mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so” tumi kyerɛɛ Yohane. Saa aboa no gyina hɔ ma wiase amammui nhyehyɛe no nyinaa. Wɔka kyerɛɛ Yohane sɛ “ɔtweaseɛ no [Satan Ɔbonsam] de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa [aboa] no.” (Adiyisɛm 13:1, 2, 7) Yiw, Satan na ɔde tumi ma nnipa nniso horow. Enti sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no, “wiase atumfoɔ” no ankasa ne “ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom” a wodi nnipa nniso so tumi no. Ehia sɛ wɔn a wɔbɛsom Yehowa nyinaa te nea eyi kyerɛ no ase koraa.—Luka 4:5, 6.
5. Mprempren wɔreboaboa amammui sodifo nyinaa ano akɔ he?
5 Ɛwom sɛ amammui sodifo pii kyerɛ sɛ wɔyɛ nyamesomfo de, nanso aman no mu biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ Yehowa nniso anaasɛ ne Hene a wapaw no, Yesu Kristo, de ase. Wɔn nyinaa pere denneennen sɛ wobekura wɔn ankasa tumidi mu. Ɛnnɛ, sɛnea Adiyisɛm kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, ‘nsɛm a ahonhommɔne ka’ rema wɔaboaboa wiase sodifo ano ama “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” wɔ Harmagedon.—Adiyisɛm 16:13, 14, 16; 19:17-19.
6. Dɛn nti na ahwɛyiye ho hia na amma wɔannaadaa yɛn amma yɛannyina Satan nhyehyɛe no afã?
6 Da biara, amammui, asetra, sikasɛm, ne nyamesom ntam akodi a ɛpaapae adesamma abusua mu no ka nkurɔfo asetra. Wɔ saa akodi yi mu no, nkurɔfo taa de—nea wɔka anaasɛ nea wɔyɛ—gyina ɔman, mmusua, kasa anaasɛ asetra mu akuw a wɔyɛ emufo no afã. Sɛ nnipa mfa wɔn ho nhyɛ akodi mu tẽẽ mpo a, wɔtaa hu sɛ wogyina ɔfã bi akyi na wɔsɔre tia ɔfã foforo no. Nanso, ɛmfa ho onipa anaa dekode a wogyina akyi no, hena ankasa na wɔreboa no? Bible ka no pefee sɛ: “Yenim sɛ yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Ɛnde ɔkwan bɛn so na obi betumi akwati sɛ ɔbɛma wɔadaadaa no aka adesamma a aka no ho? Ɛdenam Onyankopɔn Ahenni akyi a obegyina koraa na onnyina ɔfã biara wɔ wiase akodi mu no so.—Yohane 17:15, 16.
Ɔbɔne No Nnɛɛdɛe Ahorow
7. Ɔkwan bɛn so na Satan ada anifere a ɔyɛ no adi wɔ atoro som a ɔde di dwuma no mu?
7 Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Satan de nsɛm ne nipadua mu ɔtaa adi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛdan nnipa afi nokware som ho. Ɔde anifere akwan pii—nnɛɛdɛe adi dwuma. Ɔde anifere aka adesamma mu fã kɛse no ara ahyɛ sum mu denam atoro som so, na ɔma wosusuw sɛ wɔresom Onyankopɔn. Esiane sɛ wonni Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ ne ɔdɔ ma nokware nti, ebia ahonhonsɛmdi ne asɔre a wɔde kanyan nkate anaa ahoɔdenne bɛtwetwe wɔn. (2 Tesalonikafo 2:9, 10) Nanso wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ wɔn a wɔasom nokware som pɛn mpo no mu ‘binom bɛwae akotie nnaadaa honhom ne adaemone nkyerɛkyerɛ.’ (1 Timoteo 4:1) Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa?
8. Sɛ yɛresom Yehowa mpo a, ɔkwan bɛn so na Satan betumi adaadaa yɛn ma yɛde yɛn ho akɔhyɛ atoro som mu?
8 Ɔbonsam nam anifere kwan so kanyan yɛn mmerɛwyɛ. So onipa ho suro da so ara wɔ yɛn so tumi? Sɛ saa a, yebetumi agyae yɛn ho mu ama abusuafo anaasɛ afipamfo nhyɛso ma yɛde yɛn ho ahyɛ nneyɛe a efi atoro som mu no mu. So yɛyɛ ahantan? Sɛ saa a, ebia yɛn bo befuw bere a wɔretu yɛn fo anaasɛ bere a afoforo nnye yɛn nsusuwii a yɛda no adi ntom no. (Mmebusɛm 15:10; 29:25; 1 Timoteo 6:3, 4) Sɛ anka yɛbɛsakra yɛn adwene ma ɛne Kristo nhwɛso ahyia no, ebia yɛbɛdan akɔ wɔn a ‘wonunu yɛn asom’ no nkyɛn denam ka a yɛbɛka sɛ Bible no a yɛbɛkenkan kɛkɛ na yɛabu bra pa no ara dɔɔso no so. (2 Timoteo 4:3) Sɛ́ ebia yɛbɛdɔm ɔsom foforo bi anaasɛ yɛbɛtra yɛn ankasa som bi mu no ho nhia Satan, bere tenten a yɛnsom Yehowa wɔ ɔkwan a Onyankopɔn nam N’asɛm ne n’ahyehyɛde so kyerɛ no so no.
9. Ɔkwan bɛn so na Satan nam anifere kwan so de ɔbarima ne ɔbea nna di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obedu ne botae ho?
9 Satan de anifere nso daadaa nkurɔfo ma wodwudwo wɔn akɔnnɔ ano wɔ akwan a ɛnteɛ so. Ɔde ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ ayɛ eyi. Esiane sɛ wiase no mu nnipa pii po Bible mu abrabɔ pa no nti, wobu nnipa a wɔnwaree a wɔne wɔn ho da no sɛ anigyede a mfomso nni ho anaasɛ ɔkwan a wɔfa so kyerɛ sɛ wɔanyin. Na wɔn a wɔaware nso ɛ? Wɔn mu pii sɛe aware. Na bere a wɔn ahokafo mfii wɔn akyi wɔ aware no mu mpo no, nnipa pii hwehwɛ awaregyae anaa ntetewmu na ama wɔatumi ne obi foforo atra. Satan nnɛɛdɛe no botae ne sɛ ɛbɛdaadaa nkurɔfo ma wɔatra ase ama anigyede nnɛ, na ɛnyɛ nea ɛbɛba wɔne afoforo so daakye nko na wobu wɔn ani gu so na mmom ne titiriw no, wobu wɔn ani gu wɔne Yehowa ne ne Ba no ntam abusuabɔ so nso.—1 Korintofo 6:9, 10; Galatifo 6:7, 8.
10. Ɔkwan bɛn so na Satan abɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe adwene a yekura wɔ ɔbrasɛe ne basabasayɛ ho no?
10 Ade foforo nso a yɛn kɔn betumi adɔ ne anigyede. Sɛ eye a, ebetumi ama yɛanya nipadua, adwene ne nkate mu ahoɔden. Nanso yɛyɛ yɛn ade dɛn bere a Satan nam anifere kwan so de ahomegye bere di dwuma de bɔ mmɔden sɛ ɔremma yensusuw nneɛma ho te sɛ Onyankopɔn no? Sɛ nhwɛso no, yenim sɛ Yehowa kyi nna mu ɔbrasɛe ne basabasayɛ. Nanso bere a woyi kyerɛ wɔ sini, television so, anaasɛ agodibea no, so yɛtra hɔ komm hwɛ ne nyinaa? Kae nso sɛ, Satan bɛhwɛ ahu sɛ bere a wɔde no bɛto bun mu rebɛn no, ɔbɛma nneɛma a ɛtete saa no asɛe akɔ akyiri, efisɛ “nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.” (2 Timoteo 3:13; Adiyisɛm 20:1-3) Enti, ɛsɛ sɛ yɛko tia Satan mfiri bere nyinaa.—Genesis 6:13; Dwom 11:5; Romafo 1:24-32.
11. Akwan bɛn so na sɛ obi mpo a onim nokware a ɛfa ahonhonsɛmdi ho no amma n’ani anna hɔ a, ebetumi asum no afiri?
11 Yenim nso sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi biara—adebisa, abayisɛm ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔne awufo bɛkasa—mu no yɛ Yehowa akyide. (Deuteronomium 18:10-12) Bere a ɛno wɔ yɛn adwenem no, yɛrennya adwene sɛ yɛbɛkɔ akobisa ade wɔ asamanfrɛfo hɔ, na ɛda adi sɛ yɛrennye wɔn mma yɛn fie sɛ wommedi wɔn adaemonesɛm no wɔ hɔ. Na sɛ wɔba yɛn television anaa Intanɛt so a, so yebetie wɔn na yɛde ahodwiriw ahwɛ wɔn? Ɛwom sɛ yɛrempene so mma ɔkɔmfo bi nsa yɛn yare de, nanso so yɛde hama bi bɛto yɛn ba a yɛawo no foforo nsa a yekura adwene sɛ ebetumi abɔ ne ho ban afi ɔhaw ho anaa? Bere a yenim sɛ Bible no kasa tia kaberɛ a wɔde kyekyere afoforo no, so yɛbɛma kwan ma nkonyaayifo bi akyerɛ yɛn adwene kwan wɔ bere tiaa bi mpo mu anaa?—Galatifo 5:19-21.
12. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde nnwom di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yebesusuw nneɛma a yenim sɛ enye ho? (b) Ɔkwan bɛn so na obi atadehyɛ, sɛnea ɔyɛ ne ti, anaa sɛnea ɔkasa betumi akyerɛ sɛ n’ani gye wɔn a Yehowa mpene wɔn asetra kwan so no ho? (d) Sɛ yɛbɛkwati Satan anifere nnɛɛdɛe ahorow a yɛbɛma anya yɛn no a, dɛn na wɔhwehwɛ wɔ yɛn fam?
12 Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ (yɛde adwene a ɛnteɛ) bɔ aguamammɔ ne afideyɛ biara din wɔ yɛn mu mpo. (Efesofo 5:3-5) Na sɛ wɔnam anifere kwan so de nsɛm a ɛte saa yɛ nnwom a ɛyɛ dɛ na ɛkanyan yɛn nso ɛ? So yebefi ase ato nnwom a ɛkamfo ɔbarima ne ɔbea nna a nnipa a wɔnyɛ awarefo de wɔn ho hyem, nnubɔne a wɔde di dwuma de gye wɔn ani ne nneɛma bɔne foforo pii kyerɛ no bi? Anaasɛ bere a yenim sɛ ɛnsɛ sɛ yesuasua wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nneɛma a ɛtete saa mu abrabɔ no, so yɛne wɔn bɔ denam ɔkwan a wɔfa so hyɛ wɔn ntade, sɛnea wɔyɛ wɔn ti, anaa sɛnea wɔkasa a yesuasua no so? Hwɛ sɛnea akwan a Satan fa so daadaa nnipa ma wɔyɛ wɔn ade ma ɛne ne nsusuwii a ɛnteɛ hyia no yɛ anifere fa! (2 Korintofo 4:3, 4) Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremma n’anifere nnɛɛdɛe no nnya yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛkwati bɔ a yɛne wiase no bɛbɔ no. Ɛho hia sɛ yɛma wɔn a wɔyɛ “wiase yi sum mu atumfoɔ” no ho asɛm tra yɛn adwenem na yɛde nnamyɛ ko tia wɔn nkɛntɛnso.—1 Petro 5:8.
Wɔasiesie Yɛn na Ama Yɛayɛ Nkonimdifo
13. Ɔkwan bɛn so na yɛn sintɔ ahorow nyinaa akyi no, yɛn mu biara betumi adi wiase a Satan di so tumi no so nkonim?
13 Ansa na Yesu rewu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase no so nkonim.” (Yohane 16:33) Na wɔn nso betumi adi nkonim. Bɛyɛ mfirihyia 60 akyi no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Ɛhena ne nea odi wiase so nkonim sɛ nea ogye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba?” (1 Yohane 5:5) Yɛnam Yesu ahyɛde horow a yedi so ne yɛn ho a yɛde to Onyankopɔn Asɛm so no so na yɛda gyidi a ɛte saa no adi, sɛnea Yesu yɛe no. Dɛn bio na wɔhwehwɛ? Wɔhwehwɛ sɛ yɛde yɛn ho bɔ asafo a ɔno ne ne Ti no ho kɛse. Sɛ yɛtɔ sin a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kyerɛ ahonu na yɛfa Yesu afɔrebɔ no so hwehwɛ Onyankopɔn hɔ fafiri. Ɛmfa ho sɛ yɛwɔ sintɔ ahorow no, yɛn nso yebetumi ayɛ nkonimdifo wɔ saa kwan yi so.—Dwom 130:3, 4.
14. Kenkan Efesofo 6:13-17, na fa nsɛmmisa ne kyerɛw nsɛm a wɔde ama wɔ nkyekyɛm yi mu no susuw mfaso horow a efi honhom fam akode no mu biara mu ba no ho.
14 Sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi nkonim no, ɛho hia sɛ yɛhyɛ “Onyankopɔn akode no nyinaa” a yɛremmu yɛn ani ngu emu biara so. Yɛsrɛ sɛ, bue wo Bible no kɔ Efesofo 6:13-17, na kenkan nkyerɛkyerɛmu a ɛde ma wɔ akode no ho no. Afei susuw sɛnea wubetumi anya mfaso afi ahobammɔ a akode no fã biara de ma no ho denam nsɛmmisa a ɛwɔ ase ha a wubebua no so.
“Momfa nokware nkyekye mo asen”
Ɛwom sɛ ebia yenim nokware no de, nanso ɔkwan bɛn so na adesua a yɛyɛ daa, Bible mu nokware ho a yedwennwen, ne asafo nhyiamkɔ bɔ yɛn ho ban? (1 Korintofo 10:12, 13; 2 Korintofo 13:5; Filipifo 4:8, 9)
“Trenee nkatabo”
Eyi yɛ hena trenee gyinapɛn? (Adiyisɛm 15:3)
Kyerɛ sɛnea Yehowa akwantrenee akyi a obi nni no de no kɔ honhom fam haw mu. (Deuteronomium 7:3, 4; 1 Samuel 15:22, 23)
“Asomdwoe asɛmpa ho ahodaso nhyehyɛ mo anan”
Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ ahobammɔ sɛ yɛbɛma yɛn anan ayɛ hare na yɛakɔka Onyankopɔn nsiesiei a wayɛ ama asomdwoe no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo? (Dwom 73:2, 3; Romafo 10:15; 1 Timoteo 5:13)
“Gyidi kyɛm”
Sɛ yɛwɔ gyidi a atim pintinn a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ mmɔden ahorow a wɔbɔ sɛ wɔbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn nãã anaasɛ yɛasuro no ho? (2 Ahene 6:15-17; 2 Timoteo 1:12)
“Nkwagye dade kyɛw”
Ɔkwan bɛn so na nkwagye ho anidaso no boa obi ma ɔkwati honam fam nneɛma ho adwene ntraso a ebesum no afiri no? (1 Timoteo 6:7-10, 19)
“Honhom nkrante”
Bere a yɛko tia ntua ahorow a wɔde ba yɛn anaa afoforo honhom fam yiyedi so no, dɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to bere nyinaa? (Dwom 119:98; Mmebusɛm 3:5, 6; Mateo 4:3, 4)
Dɛn bio na ɛho hia na ama yɛadi nkonim wɔ honhom fam akodi no mu? Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma? Ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma ma henanom? (Efesofo 6:18, 19)
15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ako honhom fam ko no denneennen?
15 Sɛ́ Kristo asraafo no, yɛka asraafo dɔm kɛse bi a wɔredi honhom fam ako no ho. Sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ na yɛde Onyankopɔn akode no nyinaa di dwuma kosi ase a, wɔrenkunkum yɛn wɔ saa ɔko no mu. Mmom no, yɛbɛhyɛ yɛn mfɛfo Onyankopɔn asomfo den. Yɛbɛyɛ krado sɛ yebenya ɔpɛ sɛ yebedi kan ayɛ ade de atrɛw Onyankopɔn Mesia Ahenni nniso a Satan sɔre tia denneennen no ho asɛmpa no mu.
Asɛm no mu Ntĩmu
• Dɛn nti na Yehowa asomfo kɔ so kura afã biara a wonni mu wɔ wiase no akodi mu?
• Anifere nnɛɛdɛe a Satan de di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe Kristofo wɔ honhom fam no bi ne nea ɛwɔ he?
• Ɔkwan bɛn so na honhom fam akode a Onyankopɔn de ama no bɔ yɛn ho ban wɔ yɛn honhom fam akodi no mu?
[Kratafa 76 mfonini ahorow]
Wɔreboaboa amanaman ano akɔ Harmagedon