Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wt ti 15 kr. 136-143
  • Tie Afotu, Gye Nteɛso Tom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tie Afotu, Gye Nteɛso Tom
  • Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhwɛso Horow a Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn sɛ Afotu
  • Afotu a Yebegye Atom
  • Su Horow a Ɛsom Bo a Yebenya
  • Mpo Yehowa Nteɛso
  • Tie Afotu, Gye Nteɛso Tom
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • “Tie Anyansafo Nsɛm”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ɛyɛ a W’afotu “Ma Koma Di Ahurusi”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Afotufo A Wɔn Ho Akokwaw​—Nhyira Ma Wɔn Nuanom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Som Nokware Nyankopɔn Koro No
wt ti 15 kr. 136-143

Ti Dunum

Tie Afotu, Gye Nteɛso Tom

1. (a) Dɛn nti na yɛn nyinaa hia afotu ne nteɛso? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

BIBLE ka wɔ Yakobo 3:2 sɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.” Yebetumi asusuw mmere pii a yɛantumi anyɛ yɛn ade yiye sɛ nnipa a Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ yɛn ade sɛnea ɛfata no ho. Enti yegye tom sɛ nea Bible ka no teɛ bere a ɛka eyi no: “Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa wo akyiri nna mu.” (Mmebusɛm 19:​20) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛayɛ nsakrae ahorow wɔ yɛn asetra mu dedaw sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ behyia. Nanso sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi tu yɛn fo wɔ asɛm pɔtee bi ho a, yɛyɛ yɛn ade dɛn?

2. Sɛ wɔde afotu ma yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

2 Ebinom yɛ wɔn ade denam mmɔden a wɔbɔ sɛ wobebu wɔn ho bem na wɔabrɛ aniberesɛm a tebea no yɛ ase, anaasɛ wobepia asodi no ato afoforo so. Nanso, eye sɛ yebetie afotu na yɛde adi dwuma. (Hebrifo 12:​11) Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ obiara hwehwɛ pɛyɛ fi afoforo hɔ, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔde afotu ma wɔ nneɛma nketenkete anaa nneɛma a Bible ma kwan ma obiara paw nea ɔpɛ ho bere nyinaa. Afei nso, ebia na nea ɔde afotu rema no nsusuw nokwasɛm ahorow a ɛfa asɛm no ho nyinaa ho, na ebia wobefi obu mu atwe n’adwene akɔ eyinom so. Nanso, wɔ asɛm a edi hɔ a yɛrebesusuw ho yi mu no, ma yɛmfa no sɛ afotu anaa nteɛso a wɔde ma no fata, egyina Bible so. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade wɔ ho?

Nhwɛso Horow a Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn sɛ Afotu

3, 4. (a) Dɛn na ɛwɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya adwene a ɛteɛ wɔ afotu ne nteɛso ho? (b) Ɔhene Saul yɛɛ n’ade dɛn wɔ afotu ho, na dɛn na efii mu bae?

3 Asetra mu osuahu ahorow ankasa a ɛfa afotu a wɔde maa nnipa bi ho nsɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Mmere bi wɔ hɔ a na nteɛso bata afotu no ho. Obi a onyaa nteɛso a ɛte saa ne Israel hene Saul. Wanyɛ osetie amma Yehowa wɔ Amalek man no ho. Ná Amalekfo asɔre atia Onyankopɔn asomfo, na na Yehowa atemmu ne sɛ wɔntɔre Amalekfo ne wɔn mmoa nyinaa ase. Nanso, Ɔhene Saul koraa wɔn hene ne wɔn mmoa a woye sen biara no so.​—1 Samuel 15:​1-11.

4 Yehowa somaa odiyifo Samuel ma ɔkɔkaa Saul anim. Dɛn na Saul yɛe? Ɔkae sɛ wadi Amalekfo so nkonim na mmom wɔn hene no na wakora no so. Nanso, ɛnyɛ saa na Yehowa hyɛɛ no. (1 Samuel 15:​20) Saul bɔɔ mmɔden sɛ ɔde mmoa a ɔkoraa wɔn so no ho asodi bɛto ɔmanfo no so. Ɔkae sɛ: “Misuroo ɔman no na mitiee wɔn.” (1 Samuel 15:​24) Ɛte sɛ nea obu a na ɔbɛhwere no na na ɛho hia no kɛse, na ɔkae mpo sɛ Samuel nni no nĩ wɔ ne manfo no anim. (1 Samuel 15:​30) Awiei koraa no, Yehowa poo Saul sɛ ɔhene.​—1 Samuel 16:1.

5. Bere a Ɔhene Usia poo afotu no, dɛn na ɛbaa ne so?

5 Yuda hene Usia ‘fomee Yehowa ne Nyankopɔn, na ɔhyɛn Yehowa asɔredan mu sɛ ɔrekɔhyew aduhuam.’ (2 Beresosɛm 26:​16) Nanso, asɔfo no nkutoo na na wɔfata sɛ wɔhyew aduhuam. Bere a ɔsɔfo panyin no bɔɔ mmɔden sɛ obesiw Usia kwan no, ɔhene no bo fuwii. Dɛn na efii mu bae? Bible ka sɛ: ‘Kwata fifii ne moma so, efisɛ Yehowa aka no. Na ɔhene Usia yaree kwata kosii ne wuda.’​—2 Beresosɛm 26:​19-21.

6. (a) Dɛn nti na Saul ne Usia nyinaa ko tiaa afotu? (b) Dɛn nti na afotu a yɛbɛko atia yɛ aniberesɛm nnɛ?

6 Dɛn nti na ɛyɛɛ den maa Saulo ne Usia nyinaa sɛ wobegye afotu atom? Na ɔhaw titiriw no ne ahantan, na wɔn mu biara susuw ne ho ma ɛtra so. Nnipa pii de awerɛhow ba wɔn ankasa so esiane saa su yi nti. Ɛte sɛ nea wɔte nka sɛ afotu a wobegye atom no kyerɛ sɛ wɔwɔ mmerɛwyɛ bi anaasɛ ɛsɛe wɔn din. Nanso ahantan yɛ mmerɛwyɛ. Ahantan biri obi nsusuwii ani ma ɔko tia mmoa a Yehowa nam N’asɛm ne n’ahyehyɛde so de ma no no. Enti, Yehowa bɔ kɔkɔ sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.”​—Mmebusɛm 16:​18; Romafo 12:3.

Afotu a Yebegye Atom

7. Asuade ahorow a ɛhyɛ nkuran bɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Mose faa so yɛɛ n’ade wɔ afotu ho no mu?

7 Wɔn a wogyee afotu toom ho nhwɛso pa ahorow nso ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na yebetumi asua biribi afi eyinom mu. Susuw Mose a n’ase barima de afotu maa no wɔ sɛnea na ɔbɛyɛ n’adwuma a na emu yɛ duru no ho hwɛ. Mose tiee no na ɔde dii dwuma ntɛm ara. (Exodus 18:​13-24) Ɛwom sɛ na Mose wɔ tumi kɛse de, nanso dɛn nti na ogyee afotu no toom? Efisɛ na ɔbrɛ ne ho ase. “Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” (Numeri 12:3) Odwo ho hia dɛn? Sefania 2:3 da no adi sɛ ɛkyerɛ nkwa ma yɛn.

8. (a) Bɔne ahorow bɛn na Dawid yɛe? (b) Dawid yɛɛ n’ade dɛn wɔ Natan animka no ho? (d) Amanehunu bɛn na efii Dawid bɔne ahorow no mu bae?

8 Ɔhene Dawid ne Bat-Seba sɛee aware na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata so denam ɔbea no kunu, Uria, a ɔma wokum no no so. Yehowa somaa odiyifo Natan ma ɔkɔkaa Dawid anim. Onuu ne ho na ogye toom ntɛm ara sɛ: “Mayɛ [Yehowa, NW] bɔne.” (2 Samuel 12:13) Ɛwom sɛ Onyankopɔn gyee Dawid ahonu no toom, nanso na obehu amane wɔ ne bɔne no ho. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ nkrante ‘remfi ne fi,’ na wobegye ne yerenom ama ‘ne yɔnko,’ na ɔba a wɔbɛwo no wɔ n’awaresɛe mu no ‘bewu.’​—2 Samuel 12:​10, 11, 14.

9. Sɛ wotu yɛn fo anaasɛ wɔteɛ yɛn so a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi?

9 Ná Ɔhene Dawid nim mfaso a ɛwɔ afotu pa a wotie so. Bere bi ɔdaa Onyankopɔn ase wɔ nea wɔnam no so de mae no ho. (1 Samuel 25:​32-35) So yɛte saa? Sɛ saa a, ɛnde ɛbɛbɔ yɛn ho ban wɔ nsɛm a yɛbɛka ne nneɛma a yɛbɛyɛ a ebetumi ama yɛanu yɛn ho no ho. Nanso sɛ yɛba tebea horow a ɛma wɔde afotu anaa nteɛso a emu yɛ den mpo ma yɛn mu nso ɛ? Mommma yɛn werɛ mmfi sɛ eyi yɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ no ho adanse a yɛn daa yiyedi ho asɛm wom.​—Mmebusɛm 3:​11, 12; 4:13.

Su Horow a Ɛsom Bo a Yebenya

10. Su bɛn na Yesu kyerɛe sɛ ehia sɛ wɔn a wɔbɛkɔ Ahenni no mu no nya?

10 Sɛ yɛne Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo benya abusuabɔ pa a, ɛho hia sɛ yenya su ahorow bi. Yesu sii eyi mu biako so dua bere a ɔde abofra kumaa bi gyinaa n’asuafo no mfinimfini na ɔkae sɛ: “Moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.” (Mateo 18:​3, 4) Na ɛho hia sɛ Yesu asuafo no nya ahobrɛase, efisɛ na wɔagye kyim sɛ wɔn mu hena na ɔyɛ kɛse.​—Luka 22:​24-27.

11. (a) Hena na ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ n’anim, na dɛn ntia? (b) Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ afotu ho?

11 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Petro 5:5) Yenim sɛ ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ Onyankopɔn anim, nanso kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo abusuabɔ mu nso. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛremfa abufuw wɔ nyansahyɛ ahorow a ɛfata a afoforo de ma yɛn no ho, na mmom yebesua biribi afi mu.​—Mmebusɛm 12:15.

12. (a) Su a ɛho hia bɛn na ɛne ahobrɛase wɔ abusuabɔ kɛse? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea yɛn abrabɔ ka afoforo no ho?

12 Su a emu yɛ den a ɛne ahobrɛase wɔ abusuabɔ ne afoforo yiyedi a yɛbɛhwehwɛ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de. . . . Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam! Monnyɛ nea ɛto Yudafo anaa Helafo anaa Onyankopɔn asafo hintidua.” (1 Korintofo 10:​24-33) Paulo anka sɛ ɛsɛ sɛ yepia yɛn ankasa apɛde nyinaa gu nkyɛn, na mmom ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛhyɛ obi foforo nkuran ma wayɛ nea n’ahonim kyerɛ no sɛ enye no.

13. Nhwɛso bɛn na ebetumi akyerɛ sɛ ebia yɛde Kyerɛwnsɛm mu afotu no di dwuma?

13 So wode nnipa foforo yiyedi di nea w’ankasa wopɛ anim? Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sua sɛ yɛbɛyɛ saa. Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so ayɛ eyi. Sɛ nhwɛso no, susuw ntadehyɛ ne ahosiesie ho hwɛ. Eyinom yɛ ade a ɛfa nneɛma a obi ani gye ho a yɛde Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ a ɛne anidahɔ ne ahotew di ho dwuma no ho. Nanso sɛ ɛba sɛ wote sɛ esiane nkurɔfo a wɔte wo mpɔtam hɔ no nsɛm tebea nti, wo ntadehyɛ anaa w’ahosiesie mma afoforo ntie Ahenni ho asɛm no a, so wobɛyɛ nsakrae? Akyinnye biara nni ho sɛ obi foforo a wobɛboa no ma wanya daa nkwa no ho hia kɛse sen w’ankasa anigye a wubenya.

14. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya ahobrɛase na yesusuw afoforo ho?

14 Yesu nam ahobrɛase ne afoforo ho a osusuwii so yɛɛ nhwɛso, na ɔhohoroo n’asuafo no nan ho mpo. (Yohane 13:​12-15) Onyankopɔn Asɛm ka fa ne ho sɛ: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntra mo mu bi. Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wammu no mfasode sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ, na mmom oyii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu.”​—Filipifo 2:​5-8; Romafo 15:​2, 3.

Mpo Yehowa Nteɛso

15. (a) Nsakrae bɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ na ama yɛanya nipasu a ɛsɔ Onyankopɔn ani? (b) Ɔkwan bɛn na Yehowa nam so de afotu ne nteɛso ama yɛn nyinaa?

15 Esiane sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo nti, ɛho hia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn abrabɔ ne yɛn nneyɛe mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛda yɛn Nyankopɔn no nipasu adi. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ‘nipasu foforo.’ (Kolosefo 3:​5-14) Afotu ne nteɛso boa yɛn ma yehu mmeae ahorow a ɛho hia sɛ yɛyɛ nsakrae na afei yehu sɛnea yɛbɛyɛ eyi. Bible no ankasa ne saa afotu no fibea titiriw. (2 Timoteo 3:​16, 17) Bible ho nhoma ne asafo nhyiam ahorow a Yehowa ahyehyɛde no yɛ no boa yɛn ma yɛde Onyankopɔn Asɛm no di dwuma. Sɛ mpo yɛate afotu no pɛn a, so yebehu sɛ ɛho hia yɛn, na yɛabɔ mmɔden sɛ yebenya nkɔso?

16. Mmoa bɛn na Yehowa de ma yɛn sɛ ankorankoro?

16 Yehowa nam ɔdɔ mu a ofi susuw yɛn ho no so boa yɛn wɔ yɛn haw ahorow ho. Yɛnam ofie Bible adesua so aboa nnipa ɔpepem pii. Awofo tu wɔn mma fo teɛ wɔn so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi abrabɔ a ebetumi ama wɔadi yaw pii ho. (Mmebusɛm 6:​20-23) Wɔ asafo no mu no, ebinom taa kogye afotu ne nyansahyɛ ahorow fi asomfo a wɔwɔ osuahu hɔ na aboa wɔn ma wɔatu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛtɔ mmere bi a, mpanyimfo betumi ahwehwɛ afotu afi wɔn ho wɔn ho anaa afoforo a wɔwɔ osuahu wɔ ɔsom adwuma no mu hɔ. Wɔn a wɔfata wɔ honhom fam no de Bible no di dwuma de mmoa ma wɔn a wohia no, na wɔyɛ saa wɔ odwo honhom mu. Sɛ wode afotu rema a, kae sɛ ‘wobɛhwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ.’ (Galatifo 6:​1, 2) Yiw, yɛn nyinaa hia afotu ne nteɛso na ama yɛatumi asom nokware Nyankopɔn no wɔ biakoyɛ mu.

Asɛm no mu Ntĩmu

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa fi ɔdɔ mu boa yɛn ma yehu faako a ɛho hia sɛ yɛn ankasa yɛ nsakrae?

• Dɛn nti na ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobegye afotu a wohia atom, na eyi yɛ aniberesɛm dɛn?

• Su horow a ɛsom bo bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagye afotu atom, na ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso wɔ eyi mu?

[Kratafa 142 mfonini]

Usia poo afotu na kwata yɛɛ no

[Kratafa 142 mfonini]

Mose nyaa mfaso denam Yetro afotu a ogye toom so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena