Mmabun—Dɛn na Mode Mo Asetra Bɛyɛ?
“MEPƐ sɛ minya m’asetra so mfaso paa.” Saa na abeawa bi a wadu ne mpanyin afe so ka. Akyinnye biara nni ho sɛ wo nso wopɛ no saa. Nanso ɔkwan bɛn so koraa na wɔfa nya asetra so mfaso “paa”? Nsɛm ho amanneɛbɔfo ne w’atipɛnfo, ebia wo kyerɛkyerɛfo mpo betumi aka sɛ, wubetumi anya denam sika pii a wubenya ne adwuma a ɛwɔ din a wubenya ayɛ so—sɛ wubedi yiye wɔ asetram!
Nanso Bible no bɔ mmofra kɔkɔ sɛ honam fam yiyedi akyi a wobedi no yɛ “ahuhude ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:4) Ade biako ne sɛ, mmofra kakraa bi pɛ na wonya ahonyade ne din a wɔhwehwɛ no. Nanso wɔn a wonya bi no abam taa bu kɛse. Britaniani abofra bi a osuaa nhoma kɔɔ akyiri ka sɛ: “Ɛte sɛ adakato, sɛ wohwɛ mu a, hwee nnim.” Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a adwumayɛ tumi ma wunya ahonyade ne anuonyam. Nanso ɛrentumi nni wo “honhom fam ahiade” ho dwuma. (Mateo 5:3) Bio nso, 1 Yohane 2:17 bɔ kɔkɔ sɛ ‘wiase no retwam.’ Sɛ ɛba mpo sɛ wudi yiye wɔ wiase yi mu a, ɛrentra hɔ daa.
Enti Ɔsɛnkafo 12:1 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Kae wo bɔfo no bere a woda so yɛ ɔbabun no.” (Today’s English Version) Yiw, ade a eye sen biara a wubetumi de wo nkwa ayɛ wɔ Yehowa Nyankopɔn som mu. Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ woyɛ obi a wofata sɛ woyɛ Onyankopɔn som adwuma. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Na dɛn na ɔsom a ɛsɛ sɛ yɛde ma Onyankopɔn no kyerɛ?
Fata a Wobɛfata sɛ Yehowa Dansefo
Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛsom Nyankopɔn—na sɛ w’awofo yɛ Kristofo mpo a, saa ɔpɛ no mma kwa. Ɛsɛ sɛ w’ankasa ne Yehowa nya abusuabɔ. Abeawa bi asɛm ne sɛ: “Mpaebɔ boa wo ma w’ankasa ne Yehowa nya abusuabɔ.”—Dwom 62:8; Yakobo 4:8.
Romafo 12:2 si ɔkwan foforo a ɛsɛ sɛ wofa so so dua. Ɛka sɛ: ‘Monsɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no nhwɛ.’ So w’adwenem ayɛ wo naa pɛn wɔ nneɛma bi a wɔakyerɛkyerɛ wo pɛn no ho? Ɛnde di Bible afotu akyi na ‘sɔ wo ho hwɛ’ sɛ saa nneɛma yi yɛ nokware anaa! Yɛ w’ankasa nhwehwɛmu. Kenkan Bible no ne Bible ho nhoma ahorow. Nanso, Onyankopɔn ho ade a wubesua no, nkyerɛ nneɛma mu nhwehwɛmu ara kwa a wobɛyɛ. Gye bere fa dwennwen nea wokenkan no ho sɛnea ɛbɛyɛ a ebesian akɔ wo sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu. Eyi bɛma ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no ayɛ kɛse.—Dwom 1:2, 3.
Nea edi hɔ no, bɔ mmɔden sɛ wode nea woresua no bedi adanse bɔnnɔ so nkyerɛ, ebia wo mfɛfo sukuufo. Afie afie asɛnka adwuma a wode wo ho bɛhyem no ne ade a edi hɔ. Ɛtɔ da bi a bere a woredi adanse no wubehyia wo sukuuni, na mfiase no eyi betumi ama ehu aka wo. Nanso Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn ‘ani wu asɛmpa no ho.’ (Romafo 1:16) Wode nkwa ne anidaso asɛm na ɛreba! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ w’ani wu wɔ ho?
Afei, sɛ w’awofo yɛ Kristofo a, ebia wo ne wɔn reyɛ adwuma yi dedaw. Nanso so wutumi yɛ pii sen gyina a wugyina ɔpon ano dinn anaa nsɛmma nhoma ne nkratawa a wode ma kɛkɛ? So w’ankasa wutumi kasa wɔ ɔpon ano, de Bible kyerɛkyerɛ ofiewura no? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde na hwehwɛ mmoa fi w’awofo anaa asafo no muni bi a ne ho akokwaw nkyɛn. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛfata sɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu!
Bere rekɔ so no, wubenya nkɔso ahyira wo ho so—ahyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ wobɛsom no fi saa bere no rekɔ. (Romafo 12:1) Nanso, ahosohyira nyɛ kokoam adeyɛ kɛkɛ. Onyankopɔn hwehwɛ sɛ obiara ‘pae mu ka nkwagye’ asɛm no. (Romafo 10:10) Ansa na wobɛbɔ asu no, wudi kan de w’ano pae mu ka wo gyidi ho asɛm. Na afei nsu mu asubɔ adi hɔ. (Mateo 28:19, 20) Nokwarem no, ɛyɛ adeyɛ a anibere wom. Nanso ntwentwɛn wo nan ase esiane sɛ wote nka sɛ anhwɛ a worenni mu nokware nti. Sɛ wosrɛ Yehowa hɔ ahoɔden a, ɔbɛma wo “tumi a ɛboro so” na aboa wo ma woagyina pintinn.—2 Korintofo 4:7; 1 Petro 5:10.
Sɛ wobɔ asu a, wobɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. (Yesaia 43:10) Ɛsɛ sɛ eyi nya sɛnea wobɛbɔ wo bra no so nkɛntɛnso kɛse. Ahosohyira hwehwɛ sɛ ‘wopa wo ho akyi.’ (Mateo 16:24) Ebehia sɛ wode w’ankasa botae ahorow bi to nkyɛn na ‘wohwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no kan.’ (Mateo 6:33) Ahosohyira ne asubɔ bue akwan pii a wobɛfa so ayɛ saa. Ma yensusuw ebi ho.
Hokwan Ahorow a Wubenya Asom Onyankopɔn Bere Nyinaa
● Akwampae adwuma yɛ hokwan biako. Ɔkwampaefo dawurubɔfo yɛ Kristoni a wahyira ne nkwa so a ɔyɛ nhwɛso pa a wayɛ nhyehyɛe sɛ anyɛ yiye koraa no ɔde nnɔnhwerew 70 bɛka asɛmpa no ɔsram biara. Bere pii a wode bɛka asɛm no bɛboa wo ma wo ho akokwaw wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Akwampaefo pii anya anigye denam wɔn Bible adesuafo a wɔaboa wɔn ma wɔabɛyɛ Adansefo a wɔabɔ asu no so. Honam fam adwuma bɛn na ebetumi ama woanya anigye ne akomatɔyam a ɛte saa?
Nea ɛbɛyɛ na akwampaefo binom anya sika atua wɔn ho aka no, wɔn mu binom de wɔn bere fã yɛ adwuma. Nnipa pii di kan siesie wɔn ho ma saa asɛyɛde yi denam nsaanodwuma a wosua wɔ sukuu anaa wɔn awofo hɔ so. Sɛ wo ne w’awofo te nka sɛ ɛho behia sɛ wunya ntetee foforo bere a woawie ntoaso sukuu no a, hwɛ hu sɛ worenyɛ w’adwene sɛ wobɛhwehwɛ sika pii, na mmom nea ɛbɛma woanya nea wode bɛhwɛ wo ho ayɛ wo som adwuma na ebia woasom sɛ bere nyinaa somfo.
Nanso, ɔkwampaefo mfa n’ani nsi ne honam fam adwuma so titiriw wɔ n’asetram, na mmom ne som adwuma—sɛ́ ɔbɛboa afoforo ma wɔanya nkwa! Dɛn nti na womfa akwampae adwuma nyɛ wo botae? Akwampae adwuma taa bue hokwan pii. Sɛ nhwɛso no, akwampaefo binom tu kɔ mmeae a Ahenni adawurubɔfo ho hia kɛse. Ebinom sua ɔman foforo so kasa na wɔasom wɔ hɔnom asafo mu anaasɛ wɔ ɔman foforo so. Yiw, akwampae adwuma yɛ asetra kwan a mfaso wɔ so!
● Asɛmpatrɛw adwuma nso yɛ hokwan foforo. Efi 1943 no Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu no ama yɛanya akwampaefo a wɔn ho akokwaw a wɔanya asɛmpatrɛw adwuma ho ntetee. Wɔma wɔn a wɔawie wɔn adesua no dwumadi ma wɔkɔsom wɔ aman foforo so. Asetra yɛ den wɔ saa aman yi pii mu, enti akwahosan pa ne apɔwmuden ho hia ma asɛmpatrɛw adwuma no. Ne nyinaa akyi no, asɛmpatrɛwfo nya asetra a anigye wom.
● Asomfo Ntetee Sukuu no wɔyɛe ma wɔde atete mpanyimfo ne asomfo a wɔnwaree. Adesua a emu dɔ a wɔde adapɛn awotwe yɛ no fa mpanyimfo ne asomfo asɛyɛde, nhyehyɛe, ne sɛnea wɔkasa wɔ baguam ho. Wɔma ebinom som wɔ wɔn ankasa man mu. Wɔma ebinom nso kɔsom wɔ aman foforo so.
● Betel som hwehwɛ sɛ wutu wo ho ma kɔsom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow no biako mu. Betel abusua no mufo binom boa ma wotintim Bible ho nhoma no. Wɔma ebinom yɛ nnwuma te sɛ adan no ne mfiri ne nnwinnade a wosiesie, anaa Betel abusua no honam fam ahiade ho adwuma a wɔyɛ de boa. Adwuma biara a wɔyɛ wɔ hɔ no yɛ ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa. Bio nso, wɔn a wɔwɔ Betel no wɔ anigye efisɛ wonim sɛ nea wɔyɛ wɔ hɔ biara so wɔ mfaso ma wɔn nuanom pii a wɔwɔ wiase nyinaa no.
Ɛtɔ mmere bi a wɔto nsa frɛ anuanom mmarima a wɔwɔ nimdeɛ titiriw wɔ nnwuma bi ho ma wɔbɛsom wɔ Betel. Na wɔn mu pii nso nya wɔn ntetee no bere a wɔaba hɔ no. Ɛnyɛ honam fam yiyedi nti na wɔn a wɔsom wɔ Betel no wɔ hɔ, na mmom wɔn ani sɔ nhyehyɛe a wɔayɛ ama wɔn wɔ aduan, dabere, ne sika kakra a wɔde ma wɔn ma wɔde di wɔn ahiade ho dwuma no ho. Betel abusua no muni kumaa bi kaa ne som adwuma ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ɛyɛ anigye! Nnwuma a ɛwɔ hɔ no nna fam, nanso manya som a mesom wɔ hɔ no mu nhyira pii.”
● Amanaman ntam som adwuma ma obi nya kyɛfa wɔ baa dwumadibea ne Ahenni Asa horow si mu. Amanaman ntam asomfo, sɛnea wɔfrɛ wɔn no, tu kwan kɔ aman foforo so kɔboa adwuma a ɛte saa no. Eyi yɛ ɔsom kronn te sɛ adwuma a wɔn a wosii Salomo asɔrefie no yɛe no ara pɛ. (1 Ahene 8:13-18) Nhyehyɛe a wɔyɛ ma wɔde hwɛ amanaman ntam asomfo no te sɛ nea wɔyɛ ma Betel abusua no. Hwɛ hokwan ara a anuanom mmarima ne mmea yi anya sɛ wɔyɛ adwuma a ɛte saa yi de yi Yehowa ayɛ!
Fi Ɔkra Nyinaa Mu Som Yehowa
Yehowa a wobɛsom no no ne ɔkwan a eye sen biara a wubetumi afa so wɔ w’asetra mu. Dɛn nti na wunsusuw ho sɛ wode bɛyɛ wo botae sɛ wode wo bere nyinaa bɛsom Onyankopɔn? Wo ne w’awofo, w’asafo mu mpanyimfo, ne wo mansin sohwɛfo nsusuw bere nyinaa som adwuma no ho. Sɛ w’ani gye ho sɛ wobɛsom wɔ Betel, wobɛkɔ Gilead, anaa wɔbɛkɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi a, kɔ nhyiam a wɔayɛ ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyem a wɔyɛ wɔ amansin ne amantam nhyiam ahorow ase no bi.
Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ɔbɛfata anaa obetumi ayɛ bere nyinaa som adwuma. Ɛtɔ mmere bi a akwahosan ho nsɛnnennen, sikasɛm tebea, ne abusua mu asɛyɛde ahorow mma obi ntumi nyɛ pii. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa tie Bible mu ahyɛde yi: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!” (Mateo 22:37) Yehowa hwehwɛ sɛ wubefi wo pɛ mu ayɛ nea wo nsɛm tebea betumi ama woayɛ nyinaa. Enti sɛnea wo nsɛm tebea te biara, fa Yehowa a wobɛsom no no yɛ w’asetram botae. Fa teokrase botae ahorow a wubetumi adu ho sisi w’ani so. Yiw, “kae wo bɔfo no bere a woda so yɛ ɔbabun no”—na wobehyira wo daa sɛ woyɛɛ saa!
Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Twi Bible foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi nkyerɛase foforo bi mu. Faako a NW di asɛm a wɔafa aka akyi no, ɛkyerɛ sɛ efi Engiresi kasa mu New World Translation of the Holy Scriptures no mu.