Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 2 kr. 16-20
  • Krataa a Efi Onyankopɔn a Ɔwɔ Dɔ Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Onyankopɔn a Ɔwɔ Dɔ Hɔ
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • So Asɛmpa no Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Dɛn Ntia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Onyankopɔn Wɔ Din
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 2 kr. 16-20

Ti 2

Krataa a Efi Onyankopɔn a Ɔwɔ Dɔ Hɔ

KA KYERƐ me, nhoma bɛn na w’ani gye ho paa?— Mmofra bi bɛpaw nea ɛka mmoa ho nsɛm. Afoforo nso bɛpaw nhoma a mfonini pii wom. Nhoma a ɛtete saa no kan betumi ayɛ anigye.

Nanso nhoma a eye sen biara wɔ wiase nyinaa ne nea ɛka Onyankopɔn ho nokwasɛm kyerɛ yɛn. Nhoma yi mu biako som bo kyɛn afoforo a aka no nyinaa. So wunim nhoma ko?— Ɛyɛ Bible.

Dɛn nti na Bible ho hia saa?— Efisɛ efi Onyankopɔn hɔ. Ɛka ɔno ne nneɛma pa a ɔbɛyɛ ama yɛn ho asɛm kyerɛ yɛn. Na ɛkyerɛ yɛn nea yɛbɛyɛ a ɛbɛma yɛasɔ n’ani. Ɛte sɛ krataa a efi Onyankopɔn hɔ.

Anka Onyankopɔn betumi akyerɛw Bible mũ no nyinaa wɔ soro na ɔde ama nnipa. Nanso wanyɛ no saa. Ɛwom sɛ emu nsɛm no fi Onyankopɔn hɔ de, nanso ɔde ne nkoa a wɔwɔ asase so no na edii dwuma ma wɔkyerɛw Bible no fã kɛse no ara.

Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn faa so yɛɛ saa?— Sɛ yɛbɛte ɔkwan a ɔfaa so no ase a, ma yensusuw eyi ho. Sɛ yɛte obi nne wɔ radio so a, ebetumi aba sɛ ɛnne no fi obi a ɔwɔ akyirikyiri hɔ. Sɛ yɛhwɛ television a, yetumi hu nnipa a wɔwɔ aman foforo so mfonini, na yetumi te nea wɔreka no.

Nnipa tumi tra wɔn ahunmu hyɛn mu kɔ soro kodu ɔsram so mpo, na wotumi fi hɔ kasa ma yɛte wɔ asase so ha. So wunim saa?— Sɛ nnipa tumi yɛ saa a, so Onyankopɔn betumi afi soro akasa akyerɛ yɛn?— Yiw, obetumi! Na ɔyɛɛ saa bere tenteenten ansa na nnipa renya radio ne television mpo.

Mose yɛ onipa bi a ɔtee sɛ Onyankopɔn rekasa ankasa. Ná Mose ntumi nhu Onyankopɔn, nanso na ɔte Onyankopɔn nne. Bere a eyi sii no na nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ. Nokwarem no, saa da no, Onyankopɔn maa bepɔw bi wosowee, na aprannaa ne anyinam paapaee. Na nkurɔfo no nim sɛ Onyankopɔn na akasa, nanso na wosuro paa. Enti wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.” Akyiri yi Mose kyerɛw nsɛm a Onyankopɔn kae no nyinaa too hɔ. Na nea Mose kyerɛwee no wɔ Bible mu.—Exodus 20:18-21.

Mose na ɔkyerɛw Bible mu nhoma anum a edi kan no. Nanso ɛnyɛ ɔno nkutoo na ɔkyerɛw Bible no. Onyankopɔn de mmarima bɛyɛ 40 na edii dwuma ma wɔkyerɛw Bible no afã horow. Mmarima yi traa ase bere tenteenten bi a atwam, na edii mfe pii ansa na wɔrekyerɛw Bible no awie. Yiw, edii bɛyɛ mfe 1,600! Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, ɛwom sɛ na mmarima yi mu binom nnim wɔn ho, nanso nea wɔkyerɛwee nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ.

Na mmarima a Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no mu binom agye din. Ɛwom sɛ na Mose yɛ oguanhwɛfo de, nanso ɔbɛyɛɛ Israel man no kannifo. Ná Salomo yɛ ɔhene a onim nyansa na ɔsan yɛ ɔdefo sen obiara wɔ wiase. Nanso na akyerɛwfo a aka no mu pii nnyee din. Na Amos hwɛ borɔdɔma nnua so.

Bio nso, na Bible akyerɛwfo no mu biako yɛ oduruyɛfo. Wunim ne din?— Ɔno ne Luka. Na ɔkyerɛwfo biako gyigye tow. Ne din de Mateo. Bio nso na wɔn mu biako yɛ mmaranimfo, na na ne ho akokwaw wɔ Yudafo nyamesom mmara mu. Ɔkyerɛw Bible mu nhoma pii sen obiara. So wunim ne din?— Ɔno ne Paulo. Na Yesu asuafo Petro ne Yohane a wɔn nso kyerɛw Bible no bi no yɛ apofofo.

Bible akyerɛwfo yi mu pii kyerɛw nneɛma a na Onyankopɔn bɛyɛ no daakye ho asɛm. Wɔyɛɛ dɛn huu saa nsɛm no ansa na ɛresisi ankasa?— Ná Onyankopɔn aka akyerɛ wɔn. Ɔkaa nea ebesi kyerɛɛ wɔn.

Eduu bere a Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no baa asase so no, na wɔakyerɛw Bible no fã kɛse no ara awie. Afei kae sɛ, ná Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no atra soro. Ná onim nea Onyankopɔn ayɛ. So na ogye di sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ?— Yiw, na ogye di.

Sɛ Yesu ka Onyankopɔn nnwuma ho asɛm kyerɛ nkurɔfo no a, na ɔkenkan fi Bible mu. Ɛtɔ mmere bi a, na ofi n’adwenem ka emu asɛm kyerɛ wɔn. Afei nso Yesu de nsɛm foforo pii fii Onyankopɔn nkyɛn brɛɛ yɛn. Yesu kae sɛ: “Nea metee ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase no.” (Yohane 8:26) Ná Yesu ate nsɛm pii afi Onyankopɔn nkyɛn, efisɛ na ɔne Onyankopɔn atra. Na ɛhefa na yebetumi akenkan saa nsɛm a Yesu kae no?— Ɛwɔ Bible mu. Wɔkyerɛw ne nyinaa too hɔ maa yɛn sɛ yɛnkenkan.

Ɛwom, bere a Onyankopɔn nam nnipa so kyerɛw Bible no, wɔde kasa a wɔka no da biara no na ɛkyerɛwee. Enti wɔkyerɛw Bible no fã kɛse no ara wɔ Hebri kasa mu, ebi wɔ Aram kasa mu, na dodow bi nso wɔ Hela kasa mu. Esiane sɛ nnipa pii ntumi nkenkan saa kasa no nnɛ nti, wɔahwɛ Bible no so akyerɛw kɔ kasa afoforo mu. Ɛnnɛ wobetumi akenkan Bible no afã bi wɔ kasa horow bɛboro 2,260 mu. Wo de susuw ho hwɛ! Bible yɛ Onyankopɔn krataa a wakyerɛw ama nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa. Enti ɛmfa ho mpɛn dodow a wɔahwɛ so akyerɛw bi no, ɛda so ara yɛ nkrasɛm a efi Onyankopɔn hɔ.

Nea Bible ka no ho hia yɛn. Wɔkyerɛw fii teteete. Nanso ɛka nneɛma a ɛresisi nnɛ ho asɛm. Na ɛka nea Onyankopɔn bɛyɛ nnansa yi ara ho asɛm kyerɛ yɛn. Asɛm a ɛka no yɛ anigye! Ɛma yenya anidaso a ɛyɛ anigye.

Bible no san kyerɛ yɛn ɔkwan a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛfa so bɔ yɛn bra. Ɛkyerɛ yɛn nea eye ne nea enye. Ɛho hia sɛ wuhu eyi, na me nso saa ara. Ɛka nnipa bi a wɔyɛɛ nneɛma bɔne ne nea ɛbaa wɔn so ho asɛm kyerɛ yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtwe yɛn ho afi ɔhaw a ɛbaa wɔn so no ho. Afei nso ɛka nnipa a wɔyɛɛ nea ɛteɛ ne nneɛma pa a wonya fii mu no ho asɛm kyerɛ yɛn. Wɔkyerɛw ne nyinaa too hɔ maa yɛn yiyedi.

Nanso sɛ yebenya Bible no so mfaso paa a, ehia sɛ yenya asɛmmisa bi ho mmuae. Asɛmmisa no ne sɛ: Hena na ɔde Bible no maa yɛn? Wubebua dɛn?— Yiw, Bible mũ no nyinaa fi Onyankopɔn hɔ. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛyɛ anyansafo ankasa?— Denam Onyankopɔn a yebetie no na yɛayɛ nea ɔka no so.

Enti ehia sɛ yegye bere na yɛbom kenkan Bible no. Sɛ yɛn nsa ka krataa fi obi a yɛdɔ no yiye nkyɛn a, yɛkenkan no mpɛn pii. Ɛsom bo ma yɛn. Saa ara na ɛsɛ sɛ yebu Bible no efisɛ ɛyɛ krataa a efi Nea ɔdɔ yɛn sen biara no hɔ. Ɛyɛ krataa a efi Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ hɔ.

Afei fa simma kakra kenkan kyerɛw nsɛm yi a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa na wɔkyerɛw maa yɛn mfaso no: Romafo 15:4; 2 Timoteo 3:16, 17; ne 2 Petro 1:20, 21.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn betumi afi akyirikyiri akasa akyerɛ yɛn?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 19]

Bible akyerɛwfo yi din de dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Nneɛma bɛn na wubetumi asua afi Bible akenkan mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena