Ti 9
Ehia sɛ Yɛko Tia Sɔhwɛ Ahorow
SO OBI aka akyerɛ wo sɛ yɛ biribi a enye pɛn?— So ɔhyɛɛ wo sɛ yɛ?— Anaasɛ ɔkae sɛ ɛbɛyɛ anigye na ɛrenyɛ bɔne ankasa sɛ wobɛyɛ?— Sɛ obi yɛ yɛn saa a, na ɔpɛ sɛ ɔsɔ yɛn hwɛ.
Sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? So ɛsɛ sɛ yɛpene so na yɛyɛ bɔne?— Ɛno rensɔ Yehowa Nyankopɔn ani. Nanso, so wunim onii a ɛbɛma n’ani agye?— Satan Ɔbonsam.
Satan yɛ Onyankopɔn tamfo, na Satan yɛ yɛn tamfo nso. Yentumi nhu no efisɛ ɔyɛ honhom. Nanso otumi hu yɛn. Da bi Ɔbonsam ne Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kasae, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ no ahwɛ. Ma yɛnhwɛ nea Yesu yɛe. Na ɛbɛma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a wɔresɔ yɛn ahwɛ no.
Na Yesu pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde bere nyinaa. Ɔdaa eyi adi pefee denam Yordan Asubɔnten mu a ɔbɔɔ asu no so. Ɛyɛ Yesu asubɔ akyi pɛɛ na Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ No ahwɛ no. Bible ka sɛ ‘ɔsoro bue maa’ Yesu. (Mateo 3:16) Eyi betumi akyerɛ sɛ afei na Yesu betumi afi ase akaakae asetra a na ɔwom kan wɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ soro no nyinaa.
Yesu asubɔ akyi no, ɔkɔɔ sare so kosusuw nneɛma a na wafi ase rekaakae no ho. Adaduanan twaam. Saa bere yi nyinaa no, Yesu anni hwee enti na ɔkɔm de no yiye. Ɛyɛ saa bere yi na Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Yesu ahwɛ.
Ɔbonsam kae sɛ: “Sɛ wone Onyankopɔn ba no a, kasa na abo yi nnan abodoo.” Hwɛ sɛnea na abodoo a obenya no bɛyɛ dɛ afa! Nanso, so na Yesu betumi ama abo adan abodoo?— Yiw, na anka obetumi. Dɛn ntia? Efisɛ na Yesu, Onyankopɔn Ba no, wɔ tumi soronko.
Sɛ wo na Ɔbonsam ka kyerɛɛ wo sɛ ma ɔbo nnan abodoo a, anka wobɛyɛ?— Na ɔkɔm de Yesu. So anka ɛrenyɛ papa sɛ Yesu bɛyɛ no pɛnkoro pɛ?— Na Yesu nim sɛ ɛyɛ bɔne sɛ ɔde ne tumi bedi dwuma wɔ saa kwan no so. Yehowa maa no saa tumi no sɛ ɔmfa ntwe nnipa mmra Onyankopɔn nkyɛn, na ɛnyɛ sɛ ɔde bɛyɛ ade ama n’ankasa ho.
Enti, Yesu kaa nea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no mmom kyerɛɛ Satan sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” Na Yesu nim sɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a ɔbɛyɛ no ho hia kɛse koraa sen aduan a obenya adi.
Nanso Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe bio. Ɔde Yesu kɔɔ Yerusalem, na ɔma okogyinaa asɔrefie no atifi. Ɛnna Satan ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ wone Onyankopɔn ba no a, tow wo ho kyene fam. Na wɔakyerɛw sɛ Onyankopɔn abɔfo bɛhwɛ wo so na woampira.’
Dɛn nti na Satan kaa eyi?— Ɔkaa saa de sɔɔ Yesu hwɛe sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ biribi a nyansa nnim. Bio, Yesu antie Satan. Ɔka kyerɛɛ Satan sɛ: ‘Wɔakyerɛw sɛ: Nsɔ Yehowa, wo Nyankopɔn, nhwɛ!’ Na Yesu nim sɛ ɛnteɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛto asiane mu de asɔ Yehowa ahwɛ.
Nanso, Satan annyae. Nea edi hɔ no, ɔfaa Yesu kɔɔ bepɔw tenteenten bi so. Ɛhɔ na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni, anaa nniso ne emu anuonyam nyinaa. Ɛnna Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa mɛma wo.”
Susuw nea Ɔbonsam kae sɛ ɔde bɛma no no ho hwɛ. So na nnipa ahenni, anaa nniso yi nyinaa yɛ Satan de ampa?— Wiɛ, Yesu anka sɛ ɛnyɛ Satan de. Sɛ ɛnyɛ Satan de a anka Yesu bɛka. Yiw, Satan ne wiase amanaman nyinaa sodifo ankasa. Bible mpo frɛ no “wi yi ase sodifo.”—Yohane 12:31.
Sɛ Ɔbonsam de biribi hyɛ wo bɔ sɛ, sɛ wosom no a ɔde bɛma wo a, dɛn na wobɛyɛ?— Na Yesu nim sɛ ɛnteɛ sɛ ɔbɛsom Ɔbonsam ɛmfa ho nea Obenya afi mu. Enti Yesu kae sɛ: ‘Fi me so, Satan! Efisɛ Bible ka sɛ kotow sɔre Yehowa, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’—Mateo 4:1-10; Luka 4:1-13.
Yɛn nso yehyia sɔhwɛ ahorow. So wunim eyinom bi?— Nhwɛso bi ni. Ebia wo maame bɛtõ keeki anaa ɔbɛyɛ nnɔkɔnnɔkɔwade bi a mubedi agu aduan so. Ebia ɔbɛka akyerɛ wo sɛ nni bi kosi sɛ adidibere bedu. Nanso ɔkɔm de wo paa, enti ebia ɛbɛyɛ wo sɛ di bi. So wubetie wo maame?— Satan pɛ sɛ woyɛ wo maame so asoɔden.
Kae Yesu. Na ɔkɔm de ɔno nso paa. Nanso na onim sɛ sɔ a ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani no ho hia kɛse sen aduan a obedi. Sɛ woyɛ nea wo maame ka kyerɛ wo sɛ yɛ no a, woma ɛda adi sɛ wote sɛ Yesu.
Ebia mmofra foforo bɛka akyerɛ wo sɛ memene nnuru bi. Ebia wɔbɛka akyerɛ wo sɛ ɛbɛma w’ani agye ankasa. Nanso ebia na nnuru yi yɛ nnubɔne. Ebetumi ama woayare paa na akum wo mpo. Anaasɛ ebia obi bɛma wo sigaret, a nnubɔne wɔ ɛno mu nso, na waka akyerɛ wo sɛ nom. Dɛn na wobɛyɛ?—
Kae Yesu. Satan bɔɔ mmɔden sɛ obenya Yesu ma ɔde ne nkwa ato asiane mu denam ka a ɔka kyerɛɛ no sɛ onhuruw mfi asɔrefie no atifi no so. Nanso Yesu anyɛ. Sɛ obi hyɛ wo sɛ yɛ biribi a ɛyɛ hu a dɛn na wobɛyɛ?— Yesu antie Satan. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wutie obi a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma woayɛ nneɛma a ɛnteɛ no.
Ebia da koro wɔbɛka akyerɛ wo sɛ som ohoni, biribi a Bible no se ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. (Exodus 20:4, 5) Ebia na ɛka sukuu guasodeyɛ ho. Ebia wɔbɛka akyerɛ wo sɛ sɛ woanyɛ eyi a worentumi nkɔ sukuu bio mpo. Dɛn na wobɛyɛ?—
Sɛ obiara reyɛ nea ɛteɛ a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ bi. Nanso ebetumi ayɛ den yiye bere a afoforo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛayɛ nea ɛnteɛ no. Ebia wɔbɛka sɛ nea wɔreyɛ no nyɛ bɔne ankasa. Nanso asɛmmisa a ɛho hia no ne sɛ, Dɛn na Onyankopɔn ka wɔ ho? Ɔno na onim nea eye sen biara.
Enti ɛmfa ho nea afoforo ka no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a Onyankopɔn ka sɛ enye da. Saa kwan no so no, yɛbɛma Onyankopɔn ani agye, na yɛrenyɛ nneɛma a ɛbɛsɔ Ɔbonsam ani da.
Wubetumi anya ɔkwan a wobɛfa so ako atia sɔhwɛ a ɛbɛma woayɛ nea ɛnteɛ wɔ Dwom 1:1, 2; Mmebusɛm 1:10, 11; Mateo 26:41; ne 2 Timoteo 2:22.
[Mfonini wɔ kratafa 52]
Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ Yesu fii ase kaakaee bere a wɔbɔɔ no asu no?
[Mfonini wɔ kratafa 53]
Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam de abo sɔɔ Yesu hwɛe?
[Mfonini wɔ kratafa 55]
Dɛn nti na na Satan betumi de ahenni yi nyinaa ama Yesu?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 55]
Sɛ wɔsɔ wo hwɛ a wobɛyɛ dɛn?
[Mfonini wɔ kratafa 56]
Dɛn nti na ɛnteɛ sɛ wode ahoni bedi dwuma wɔ ɔsom mu?