Ti 15
Ayamye a Yɛbɛda no Adi Ho Asuade
SO WUNIM nea nnipa ho adwemmɔne a wonya kyerɛ?— Wiɛ, nea nnipa ho adwemmɔne a wonya kyerɛ ne sɛ wompɛ obi asɛm esiane sɛ ebia ɛsono sɛnea ɔte anaasɛ ɔka kasa foforo bi nti. Enti obi ho adwemmɔne a wubenya no ne sɛ wubedi kan anya obi gyidi anaa sɛnea ɔte ho adwene a ɛnteɛ ansa na woahu sɛnea ɔte ankasa.
So wususuw sɛ ɛteɛ sɛ wubedi kan atan obi bere a wunnim sɛnea ɔte ankasa anaasɛ ebia ɛsono sɛnea ɔte kɛkɛ nti?— Dabi, ɛnteɛ sɛ wubenya obi ho adwemmɔne, na ɛnkyerɛ ayamye nso. Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ obi atirimmɔden esiane sɛ ebia ɛsono sɛnea ɔte nti.
Wo de susuw ho hwɛ. So wunim obi a ɛsono ne honam ani hwɛbea anaasɛ ɛsono kasa a ɔka?— Ebetumi aba mpo sɛ wunim nkurɔfo bi a ɛsono sɛnea wɔte esiane dɛmdi anaa ɔyare bi nti. So woda ayamye ne ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a ɛsono sɛnea wɔte no?—
Sɛ yetie Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu Kristo a, yɛbɛda ayamye adi akyerɛ obiara. Ɛnsɛ sɛ ɔman a obi fi mu anaa ne honam ani hwɛbea yɛ ade foforo biara ma yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ no. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na egye eyi di de, nanso ɛyɛ asuade bi a Yesu kyerɛe. Ma yɛnka ho asɛm ɛ.
Yudani bi a na onni afoforo ho adwempa baa Yesu nkyɛn bebisaa asɛm yi sɛ, ‘Dɛn na menyɛ na matra ase daa?’ Ná Yesu nim sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ɔka sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn a yɛne wɔn fi abusua biako anaa ɔman biako mu nkutoo. Enti sɛ́ anka Yesu ankasa bebua asɛm no, obisaa ɔbarima no sɛ: ‘Dɛn na Onyankopɔn Mmara kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ?’
Ɔbarima no buae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn, na ɛsɛ sɛ wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Yesu kae sɛ: ‘Woabua no yiye. Kɔ so yɛ eyi na wubenya daa nkwa.’
Nanso, na ɔbarima no mpɛ sɛ ɔda ayamye anaa ɔdɔ adi kyerɛ nkurɔfo a ɛsono sɛnea wɔte. Enti ɔbɔɔ mmɔden sɛ obenya nsɛm bi de ayi ne ho ano. Obisaa Yesu sɛ: “Hena ne me yɔnko?” Ebia na anka ɔpɛ sɛ Yesu ka sɛ: “W’afipamfo na wɔyɛ wo yɔnkonom,” anaasɛ “Wɔne nkurɔfo a wɔte sɛ wo ara no.” Nea ɛbɛyɛ na Yesu abua asɛm no, ɔkaa asɛm bi a ɛfa Yudani ne Samariani bi ho. Sɛnea ɔkaa asɛm no ni.
Ná ɔbarima bi nam kwan so fi Yerusalem kurow no mu rekɔ Yeriko. Na saa barima yi yɛ Yudani. Ɔnam kwan so rekɔ ara na akwanmukafo kyeree no. Wɔbɔɔ no hwee fam, na wogyee ne ho sika ne ne ntade. Akwanmukafo no boroo no na wogyaw no too ɔkwan no nkyɛn a na ɔreyɛ awu.
Ankyɛ na ɔsɔfo bi bɛfaa saa kwan no so. Ohuu ɔbarima a na wɔapirapira no yiye no. Sɛ ɛyɛ wo a, anka wobɛyɛ dɛn?— Wiɛ, ɔsɔfo no bu faa ɔkwan no fã foforo kɔe. Wannyina mpo. Wanyɛ hwee amfa ammoa ɔbarima no.
Ɛnna ɔbarima bi nso a n’ani gye nyamesom ho bɛfaa kwan no so. Ná ɔyɛ Lewini a ɔyɛ adwuma wɔ asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu. So obegyina aboa no anaa?— Dabi. Nea ɔsɔfo no yɛe no ara na ɔno nso yɛe.
Awiei koraa no, Samariani bi bɛfaa kwan no so. So wuhu no sɛ ɔnam kwan no so reba?— Ohuu Yudani no sɛ ɔda hɔ a wɔapirapira no yiye. Nanso na Samariafo dodow no ara ne Yudafo no nka koraa. (Yohane 4:9) Enti so na Samariani yi begyaw ɔbarima no hɔ a ɔremmoa no? So ɔbɛka wɔ ne tirim sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ meboa Yudani yi? Sɛ me na mipirae a, so anka ɔbɛboa me’?
Nanso, Samariani no hwɛɛ ɔbarima a ɔda kwankyɛn no, na n’asɛm yɛɛ no mmɔbɔ. Ná ontumi nnyaw no hɔ sɛ onwu. Enti ofii n’aboa no so sii fam kɔɔ ɔbarima no nkyɛn, na ofii ase de aduru totoo n’akuru no so. Ɔde ngo ne nsã guguu so. Na eyi bɛboa ma akuru no awu. Afei ɔde ntama kyekyeree akuru no so.
Samariani no maa ɔbarima a na wɔapirapira no no so brɛoo de no traa n’aboa no so. Ɛnna wɔde nkakrankakra siim faa kwan no so kosii sɛ woduu ahɔhofie anaa ahɔhodan ketewaa bi mu. Samariani no gyee baabi maa ɔbarima no trae wɔ hɔ, na ɔhwɛɛ no yiye.
Afei Yesu bisaa ɔbarima a na ɔne no rekasa no sɛ: ‘Wususuw sɛ mmarima baasa yi mu hena na na ɔyɛ ɔyɔnko pa?’ Anka wobebua dɛn? So na ɛyɛ ɔsɔfo no, Lewini no, anaa Samariani no?—
Ɔbarima no buae sɛ: ‘Ɔbarima a ogyinae na ɔhwɛɛ ɔbarima a na wɔapirapira no no ne ɔyɔnko pa.’ Yesu kae sɛ: ‘Woabua no yiye. Kɔ na wo nso kɔyɛ saa ara.’—Luka 10:25-37.
So ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ dɛ? Ɛma yehu wɔn a wɔyɛ yɛn yɔnkonom pefee. Wɔnyɛ yɛn nnamfonom a wɔbɛn yɛn paa kɛkɛ. Na wɔnyɛ nkurɔfo a yɛne wɔn honam ani hwɛbea yɛ pɛ anaa yɛne wɔn ka kasa koro. Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnna ayamye adi nkyerɛ nkurɔfo ɛmfa ho baabi a wofi, sɛnea wɔte, anaa kasa a wɔka.
Saa na Yehowa Nyankopɔn te. Onni obiara ho adwemmɔne. Yesu kae sɛ: ‘Mo Agya a ɔwɔ soro no ma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.’ Enti ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ obiara, sɛnea Onyankopɔn yɛ no.—Mateo 5:44-48.
Enti sɛ wuhu sɛ obi apira a, dɛn na wobɛyɛ?— Na sɛ onipa no fi ɔman foforo so anaasɛ ɛsono ne honam ani hwɛbea nso ɛ? Ɔda so ara yɛ wo yɔnko, na ɛsɛ sɛ woboa no. Sɛ wote nka sɛ ɛboro wo so a, wubetumi aka akyerɛ obi a wanyin ma waboa. Anaasɛ wubetumi afrɛ polisini anaa sukuu ɔkyerɛkyerɛfo bi. Ɛno bɛkyerɛ sɛ woreda ayamye adi te sɛ Samariani no.
Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no pɛ sɛ yɛda ayamye adi. Ɔpɛ sɛ yɛboa afoforo ɛmfa ho sɛnea wɔte. Ɛno nti na ɔkaa asɛm a ɛfa Samariani ɔyamyefo no ho no.
Ɛdefa asuade a ɛfa ayamye a yɛbɛda no adi akyerɛ nkurɔfo ɛmfa ho abusua anaa ɔman a wofi mu ho no, kenkan Mmebusɛm 19:22; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; ne 17:26.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 83]
Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a ebia ɛsono sɛnea wɔte no di nsɛm?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 84, 85]
Dɛn nti na na Samariani no yɛ yɔnko pa?
[Mfonini wɔ kratafa 86]
Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ ɔyɔnko pa?