Ti 22
Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Yedi Atoro
FA NO sɛ abeawa bi ka kyerɛ ne maame sɛ: “Yoo, sɛ mepɔn sukuu ara pɛ, mɛba fie.” Nanso ɔtra sukuu mu ne ne nnamfonom di agoru, na akyiri yi ɔbɛka kyerɛ ne maame sɛ: “Yɛpɔn sukuu no, me kyerɛkyerɛfo maa mekaa mu.” So eye sɛ wobɛka biribi a ɛte saa?—
Anaasɛ abarimaa bi ka kyerɛ ne papa sɛ: “Dabi, mammɔ bɔɔl no wɔ fie.” Na sɛ ɔbɔe wɔ fie nso ɛ? So ɛbɛyɛ mfomso sɛ ɔbɛka sɛ wammɔ wɔ fie?—
Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kyerɛɛ yɛn ade pa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɔkae sɛ: ‘Ma wo Yiw nyɛ Yiw, na wo Dabi, nyɛ Dabi; biribi foforo biara fi ɔbɔnefo no mu.’ (Mateo 5:37) Dɛn na na Yesu rekyerɛ?— Ná ɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛka.
Asɛm bi wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛka nokware. Ɛfa nnipa baanu bi a wɔkae sɛ wɔyɛ Yesu asuafo ho. Ma yɛnhwɛ nea esii.
Yesu wui akyi bɛyɛ asram abien no, nnipa pii fi akyirikyiri baa Yerusalem bedii Yudafo afahyɛ bi a ɛho hia a wɔfrɛ no Pentekoste no. Ɔsomafo Petro maa ɔkasa bi a ɛyɛ anigye a emu na ɔkaa Yesu a Yehowa nyanee no fii awufo mu no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. Na eyi ne bere a edi kan a nnipa a wɔbaa Yerusalem no mu pii ate Yesu ho asɛm. Afei na wɔpɛ sɛ wohu pii. Enti, dɛn na wɔyɛe?
Wodii nna pii wɔ hɔ sen sɛnea na anka wobedi no. Nanso bere bi akyi no, wɔn mu binom sika sae, na na wohia mmoa na ama wɔatumi atɔ aduan. Asuafo a wɔwɔ Yerusalem no pɛe sɛ wɔboa ahɔho no. Enti, wɔn mu pii tontɔn wɔn ho nneɛma, na wɔde sika no brɛɛ Yesu asomafo no. Asomafo no nso de sika no maa wɔn a wohia no.
Anania ne ne yere Safira a na wɔyɛ Kristofo asafo a ɛwɔ Yerusalem no mufo no tɔn wɔn asase bi. Ɛnyɛ obiara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntɔn. Wɔn ankasa na wosii ho gyinae. Nanso ɛnyɛ Yesu asuafo foforo no ho dɔ nti na wɔyɛɛ saa. Nokwarem no, Anania ne Safira pɛe sɛ nkurɔfo susuw sɛ woye sen sɛnea wɔte ankasa no. Enti wosii gyinae sɛ wɔbɛka sɛ wɔde sika no nyinaa rema de aboa afoforo. Na wɔde fã bi pɛ na ɛrekɔma na wɔaka sɛ wɔde ne nyinaa na ɛrema. Wususuw ɛno ho dɛn?—
Wiɛ, Anania behuu asomafo no. Ɔde sika no maa wɔn. Nanso, Onyankopɔn hui sɛ ɛnyɛ ne nyinaa na ɔde rema. Enti Onyankopɔn maa ɔsomafo Petro hui sɛ Anania anka asɛm no mu nokware.
Enti Petro kae sɛ: ‘Anania, adɛn nti na woama Satan ama woayɛ eyi? Asase no yɛ w’ankasa dea. Ná enhia sɛ wotɔn. Na wotɔn asase no mpo no, na wowɔ ho kwan sɛ wusi nea wode sika no bɛyɛ ho gyinae. Na adɛn nti na woboapa ayɛ sɛ nea wode sika no nyinaa rema, bere a fã bi pɛ na wode rema? Ɛnyɛ yɛn nko na woredi atoro akyerɛ yɛn, na mmom Onyankopɔn nso.’
Ɛyɛ aniberesɛm ankasa. Anania redi atoro! Wanyɛ nea ɔkae sɛ ɔreyɛ no. Ɔde n’ano na ɛkae kɛkɛ. Bible ka nea esii kyerɛ yɛn. Ɛka sɛ: ‘Anania tee Petro asɛm no ara pɛ na ɔhwee ase wui.’ Onyankopɔn kum Anania! Ɛno akyi no, wɔfaa ne funu kosiei.
Bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, Safira baa hɔ. Na onnim nea ato ne kunu. Enti Petro bisaa no sɛ: ‘So mo baanu tɔn asase no gyee sika a mode brɛɛ yɛn no?’
Safira buae sɛ: ‘Yiw, saa ara na yɛtɔn no.’ Nanso, na ɛyɛ atoro! Wɔde asase a wɔtɔnee no sika no bi siei. Enti Onyankopɔn kum Safira nso.—Asomafo no Nnwuma 5:1-11.
Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi nea ɛtoo Anania ne Safira no mu?— Ɛkyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn kyi wɔn a wodi atoro. Ɔpɛ sɛ yɛka nokware bere nyinaa. Nanso, nnipa pii ka sɛ mfomso biara nni ho sɛ wubedi atoro. So wugye di sɛ saa nkurɔfo yi reka nokware?— So wunim sɛ atoro na ɛkɔfaa nyarewa, ɛyaw, ne owu a ɛwɔ asase so no nyinaa bae?—
Kae sɛ, Ɔbonsam dii atoro kyerɛɛ ɔbea a odi kan, Hawa. Ɔka kyerɛɛ no sɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn so asoɔden na odi aduaba a Onyankopɔn aka sɛ ɛnsɛ sɛ odi no bi a ɔrenwu. Hawa gyee Ɔbonsam dii na odii aduaba no bi. Ɔbea no maa Adam nso dii bi. Afei na wɔabɛyɛ abɔnefo, na na wɔbɛwo wɔn mma nyinaa abɔnefo. Na esiane sɛ na Adam mma no yɛ abɔnefo nti, wɔn nyinaa huu amane wuwui. Dɛn na ɛkɔfaa ɔhaw yi nyinaa bae?— Ɛyɛ atorodi.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu kae sɛ Ɔbonsam ‘yɛ ɔtorofo ne atoro agya no’! Ɔno na odii kan dii atoro. Sɛ obi di atoro a, na ɔreyɛ biribi a Ɔbonsam dii kan yɛe. Sɛ ɛtɔ bere bi na ɛyɛ yɛn sɛ yenni atoro a, ɛsɛ sɛ yesusuw eyi ho.—Yohane 8:44.
Bere bɛn na ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ di atoro?— So ɛnyɛ bere a woadi mfomso bi no?— Ɛwom, wubetumi abɔ biribi a woanhyɛ da. Sɛ wobisa wo ho asɛm a, so ɛsɛ sɛ woka sɛ wo nuabarima anaa wo nuabea na ɔyɛe? Anaasɛ ɛsɛ sɛ woyɛ sɛ nea wunnim nea ɛyɛe a ɛbɔe?—
Na sɛ wɔma wo adwuma wɔ sukuu sɛ kɔyɛ wɔ fie, nanso woyɛ fã bi nso ɛ? So ɛsɛ sɛ woka sɛ woyɛɛ ne nyinaa, bere a woanyɛ?— Ɛsɛ sɛ yɛkae Anania ne Safira. Wɔanka asɛm no mu nokware nyinaa. Enti Onyankopɔn kyerɛɛ sɛnea enye sɛ wɔyɛ saa denam kum a okum wɔn no so.
Enti ɛmfa ho nea yɛbɛyɛ biara no, sɛ yedi atoro a, yɛsɛe yɛn asɛm koraa bere nyinaa, na ɛnsɛ sɛ yɛka asɛm bi mu nokware gyaw bi. Bible ka sɛ: ‘Ka nokware.’ Ɛka nso sɛ: “Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho.” Yehowa ka nokware bere nyinaa, na ɔhwɛ kwan sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ saa ara.—Efesofo 4:25; Kolosefo 3:9.
Ɛsɛ sɛ yɛka nokware bere nyinaa. Ɛno ne asɛm a ɛwɔ Exodus 20:16; Mmebusɛm 6:16-19; 12:19; 14:5; 16:6; ne Hebrifo 4:13 no.
[Mfonini wɔ kratafa 117]
Adebɔne bɛn na abarimaa yi ayɛ?
[Mfonini wɔ kratafa 118]
Atoro bɛn na Anania redi akyerɛ Petro yi?
[Mfonini wɔ kratafa 119]
Esiane sɛ Anania dii atoro nti, dɛn na ɛtoo no?
[Mfonini wɔ kratafa 120]
Hena na Yesu kae sɛ odii kan dii atoro, na dɛn na efii mu bae?
[Mfonini wɔ kratafa 121]
Bere bɛn na ebetumi ayɛ wo sɛ di atoro?