Ti 23
Nea Enti a Nnipa Yare
SO WUNIM obi a ɔyare?— Ɛtɔ mmere bi a w’ankasa woyare. Wubetumi anya ɔpakum, anaa wo yafunu bɛyɛ wo yaw. Nnipa binom yare paa. Sɛ obi anso wɔn mu a, wontumi nsɔre mpo. Eyi taa si bere a nkurɔfo bɔ nkwakoraa ne mmerewa no.
Obiara tumi yare bere bi. So wunim nea enti a nnipa yare, bɔ nkwakoraa ne mmerewa, na wowuwu no?— Da bi wɔde ɔbarima bi a ontumi nnantew brɛɛ Yesu, na Yesu kyerɛɛ nea enti a nnipa yare na wowuwu. Ma menka ho asɛm nkyerɛ wo.
Na Yesu te fie bi a ɛbɛn Galilea Po ho. Nnipadɔm bi baa ne nkyɛn. Nnipa pii bae araa ma na ebinom nnya kwan nwura fie hɔ. Na obiara ntumi mmɛn pon no mpo. Nanso na nnipa no gu so ara reba! Nnipakuw bi de ɔbarima bi a wabubu a ontumi nnantew mpo bae. Mmarima baanan na wɔsoaa no wɔ mpa ketewa anaa kɛtɛ bi so.
So wunim nea enti a na wɔpɛ sɛ wɔde ɔbarima yarefo yi brɛ Yesu no?— Na wɔwɔ gyidi sɛ Yesu betumi aboa no. Na wogye di sɛ Yesu betumi asa no yare. So wunim ɔkwan a wɔfaa so maa ɔbarima a wabubu no duu Yesu anim bere a na nnipa pii atwa ne ho ahyia wɔ fie hɔ no?—
Wiɛ, mfonini a wuhu wɔ ha no kyerɛ sɛnea wɔyɛe. Nea edi kan no, wɔsoaa ɔbarima no kɔɔ dan no atifi. Na atifi hɔ yɛ tratraa. Na afei wotuu tokuru kɛse bi wɔ mu. Awiei koraa no, wogyaagyaa ɔbarima a ɔda ne kɛtɛ so no faa tokuru no mu kɔɔ dan no mu. Hwɛ gyidi ara a na wɔwɔ!
Bere a nnipa a wɔwɔ fie hɔ nyinaa huu nea ɛrekɔ so no, wɔn ho dwiriw wɔn. Ɔbarima a wabubu a ɔda kɛtɛ so no duu wɔn mfinimfini pɛɛ. Bere a Yesu huu nea mmarima no ayɛ no, so ne bo fuwii?— Dabida! N’ani gyei sɛ ohui sɛ wɔwɔ gyidi. Ɔka kyerɛɛ ɔbarima a wabubu no sɛ: ‘Wɔde wo bɔne afiri wo.’
Na nnipa no mu binom susuw sɛ ɛnteɛ sɛ Yesu bɛka saa. Na wonsusuw sɛ obetumi de bɔne afiri. Enti nea ɛbɛkyerɛ ankasa sɛ na Yesu betumi de bɔne afiri no, ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!”
Bere a Yesu kaa saa no, ɔbarima no nyaa ayaresa! Afei na ɔnyɛ obi a wabubu bio. Afei de n’ankasa tumi sɔre nantewee. Nnipa a wohuu anwonwade yi ho dwiriw wɔn. Na wonhuu biribi a ɛyɛ nwonwa saa wɔ wɔn asetram da! Woyii Yehowa ayɛ sɛ wama wɔn Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse a ɔte saa a otumi sa nkurɔfo yare mpo.—Marko 2:1-12.
Dɛn na yesua fi anwonwade yi mu?— Yesua sɛ Yesu wɔ tumi sɛ ɔde bɔne firi na ɔma ayarefo ho yɛ wɔn den. Nanso yesua biribi foforo a ehia paa nso. Yesua sɛ bɔne nti na nnipa yare.
Esiane sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛn nyinaa tumi yare nti, so eyi kyerɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo?— Yiw, Bible ka sɛ wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. So wunim nea bɔne mu a wɔbɛwo obi no kyerɛ?— Ɛkyerɛ sɛ wɔwo yɛn a yɛnyɛ pɛ. Ɛtɔ mmere bi a yɛyɛ nneɛma a ɛnteɛ, ɛwom mpo sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ de. So wunim nea ɛyɛe a yɛn nyinaa bɛyɛɛ bɔne?—
Yɛbaa tebea yi mu efisɛ onipa a odi kan, Adam, antie Onyankopɔn asɛm. Ɔyɛɛ bɔne bere a obuu Onyankopɔn mmara so no. Na yɛn nyinaa nyaa bɔne fii Adam mu. So wunim nea ɛyɛe a yenyaa bɔne fii ne mu no? Ma menkyerɛ mu wɔ ɔkwan bi a wubetumi ate ase so.
Ebia woaboa obi ma watõ paanoo pɛn. Sɛ kyɛnsee a ɔtõõ mu no ho baabi amonkyem a, dɛn na ɛbɛba paanoo no ho? So wunim?— Saa ahyɛnsode anaa ɔkãm no bɛda paanoo biara a wode saa kyɛnsee no bɛtõ no ho, ɛnte saa?—
Na Adam te sɛ saa kyɛnsee no, na yɛte sɛ paanoo no. Ɔtɔɔ sin bere a obuu Onyankopɔn mmara so no. Na ɛte sɛ nea wanya ɔkãm anaa ahyɛnsode kɛse bi. Enti bere a ɔwoo mma no, na wɔbɛsɛ dɛn?— Ne mma nyinaa benya sintɔ ho ahyɛnsode yi bi.
Wɔmfa sintɔ kɛse a wubetumi ahu nwo mmofra pii. Wuhu wɔn nan ne wɔn nsa nyinaa. Nanso sintɔ a wɔwɔ no yɛ aniberesɛm a enti wɔyare na bere bi akyi no, wowu.
Ɛwom, nnipa binom yare mpɛn pii sen afoforo. Dɛn nti na ɛte saa? So ɛyɛ bɔne a ɛdɔɔso a wɔde woo wɔn nti?— Dabi, bɔne koro no ara na wɔde wo obiara. Wɔwo yɛn nyinaa a yɛnyɛ pɛ. Enti ɛnkyɛ na yɛn nyinaa anya yare bi. Nnipa a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi Onyankopɔn mmara nyinaa so na wɔnyɛ ade bɔne ankasa no mpo yare.
Ɛnde, dɛn nti na ebinom taa yare sen afoforo?— Efi nneɛma pii. Ebia wonnya aduan pa nni. Anaasɛ ebia wonni aduan a ɛfata sɛ wodi. Ebia wodi keeki ne tɔfe pii. Ade foforo nso ne sɛ ebia wɔnna ntɛm anadwo ma enti wɔnna nkyɛ. Anaasɛ ebia wɔnhyɛ ntade a emu yɛ duru ansa na wɔakɔ awɔw mu. Ebinom nipadua yɛ mmerɛw paa ma enti entumi nko ntia yare mmoawa, ɛmfa ho sɛ ebia wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ho so yiye no.
So bere bi bɛba a yɛrenyare bio? So bɔne befi yɛn ho da bi?— Wiɛ, dɛn na Yesu yɛ maa ɔbarima a na wabubu no?— Yesu de ne bɔne firii no, na ɔsaa no yare. Saa kwan no so no, Yesu kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ daakye ama wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no nyinaa.
Sɛ yɛma ɛda adi sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ bɔne, ne sɛ yɛtan bɔne a, Yesu bɛsa yɛn yare. Obeyi sintɔ a yɛwɔ mprempren no afi hɔ daakye. Ɔbɛyɛ eyi sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Wɔrenyi bɔne mfi yɛn nyinaa ho prɛko pɛ. Ebegye bere na wɔde ayi afi hɔ. Ɛno ansa na sɛ yɛn bɔne fi yɛn ho a, yɛrenyare bio. Yɛn nyinaa benya akwahosan a ɛyɛ pɛ. Hwɛ nhyira ara a ɛno bɛyɛ!
Sɛ wopɛ sɛ wunya sɛnea bɔne ka obiara no ho nsɛm pii a, kenkan Hiob 14:4; Dwom 51:5; Romafo 3:23; 5:12; ne 6:23.
[Mfonini wɔ kratafa 123]
Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima a na wabubu no sɛ ɔnyɛ?
[Mfonini wɔ kratafa 124]
Dɛn na yesua fi anwonwade yi mu?
[Mfonini wɔ kratafa 125]
Ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa bɛyɛɛ abɔnefo?
[Mfonini wɔ kratafa 126]
Sɛ yɛn bɔne nyinaa fi yɛn so a, akwahosan bɛn na yebenya?