Ti 24
Nyɛ Owifo Da!
SO OBI awia w’ade pɛn?— Ɛmaa wotee nka dɛn?— Onii a owiae no yɛ owifo, na obiara mpɛ owifo asɛm. Wususuw sɛ dɛn na ɛma obi yɛ owifo? So saa na wɔwoo no?—
Ɛnkyɛe na yesuae sɛ wɔwo nnipa wɔ bɔne mu. Enti yɛn nyinaa nyɛ pɛ. Nanso wɔnwo obiara sɛ owifo. Obi a ɔyɛ owifo betumi afi abusua pa mu. Ebia na n’awofo, ne nuabarimanom, ne ne nuabeanom yɛ anokwafo. Nanso akɔnnɔ a obi ankasa benya ama nneɛma bi te sɛ sika ne nea obetumi de sika atɔ betumi ama wayɛ owifo.
Hena na wobɛka sɛ ɔyɛ owifo a odi kan?— Ma yensusuw ho nhwɛ. Ná Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nim onii ko bere a na ɔwɔ soro no. Ná saa owifo no yɛ ɔbɔfo. Nanso esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ abɔfo nyinaa a na wɔyɛ pɛ nti, ɛyɛɛ dɛn na saa bɔfo no bɛyɛɛ owifo?— Wiɛ, sɛnea yesuae wɔ nhoma yi Ti 8 no, na ɔpɛ biribi a ɛnyɛ ne dea. So wokae dekode no?—
Bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan akyi no, na saa ɔbɔfo no pɛ sɛ wɔsom no. Ná onni hokwan sɛ wɔsom no. Na ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn. Nanso owiae! Ɔbɔfo no nam Adam ne Hawa a onyaa wɔn ma wɔsom no no so na ɛbɛyɛɛ owifo. Ɔbɛyɛɛ Satan Ɔbonsam.
Dɛn na ɛma obi bɛdan owifo?— Ade a ɛnyɛ ne dea ho akɔnnɔ a onya. Saa akɔnnɔ yi mu betumi ayɛ den araa ma ebetumi ama onipa pa mpo ayɛ nneɛma bɔne. Ɛtɔ mmere bi a, nnipa a wɔbɛdan awifo no nsakra wɔn adwene mmɛyɛ ade pa bio. Ná wɔn mu biako yɛ Yesu somafo. Ná wɔfrɛ no Yuda Iskariot.
Ná Yuda nim sɛ enye sɛ owia ade efisɛ na wɔde Onyankopɔn Mmara akyerɛkyerɛ no fi bere a na ɔyɛ abarimaa ketewaa no. Ná onim mpo sɛ Onyankopɔn fi soro akasa akyerɛ ne nkurɔfo pɛn sɛ: ‘Wɔmmmɔ korɔn.’ (Exodus 20:15) Bere a Yuda nyinii no, ohyiaa Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no, na ɔbɛyɛɛ n’asuafo no mu biako. Akyiri yi, Yesu paw Yuda kaa n’asomafo 12 no ho mpo.
Yesu ne n’asomafo no boom tuu kwan. Wɔboom didii. Ná wɔde kuw no sika a wɔwɔ nyinaa sie adaka bi mu. Yesu de saa adaka no maa Yuda sɛ ɔnhwɛ so. Nanso, na sika no nyɛ Yuda dea. Nanso wunim nea akyiri yi Yuda yɛe?—
Yuda fii ase yii sika fii adaka no mu bere a na onni hokwan sɛ ɔyɛ saa. Na oyi bere a afoforo nhwɛ no no, na mpo ɔbɔɔ mmɔden sɛ obenya akwan a ɔbɛfa so anya sika no pii. Ofii ase susuw sika ho bere nyinaa. Ma yɛnhwɛ nea saa akɔnnɔ bɔne yi ma ɔyɛe nna kakra bi ansa na wɔrekum Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no.
Yesu adamfo Lasaro nuabea, Maria, faa ngo huamhuam bi hwie guu Yesu nan ho. Nanso Yuda kasa tiae. Wunim nea enti a ɔyɛɛ saa?— Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ anka wɔtɔn ngo no na wɔde sika no ma ahiafo. Nanso na ɔpɛ sɛ sika pii ba adaka no mu na wanya kwan awiawia.—Yohane 12:1-6.
Yesu ka kyerɛɛ Yuda sɛ ɔnnhaw Maria a wada ayamye adi saa no. Yesu kaa saa kyerɛɛ Yuda no, anyɛ no dɛ, enti ɔkɔɔ asɔfo mpanyin a na wɔyɛ Yesu atamfo no nkyɛn. Na wɔpɛ sɛ wɔkyere Yesu, nanso na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo nhu wɔn.
Yuda ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: ‘Sɛ moma me sika a, mɛkyerɛ mo ɔkwan a mobɛfa so anya Yesu. Sika ahe na mode bɛma me?’
Asɔfo no buae sɛ: ‘Yɛbɛma wo nnwetɛbona aduasa!’—Mateo 26:14-16.
Yuda gyee sika no. Na ɛte sɛ nea ɔretɔn Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ama saa mmarima no ara pɛ! So wubetumi asusuw ade bɔne a ɛte saa a obi bɛyɛ ho?— Awerɛhosɛm ne sɛ, saa ara na ɛba bere a obi abɛdan owifo na owia sika no. Ɔdɔ sika sen sɛnea ɔdɔ nnipa foforo anaa Onyankopɔn mpo.
Ebia wobɛka sɛ, ‘Merennɔ biribiara nsen Yehowa Nyankopɔn da.’ Eye sɛ wote nka saa. Ebetumi aba sɛ bere a Yesu paw Yuda sɛ ɔsomafo no, saa na Yuda tee nka. Ebetumi aba sɛ afoforo a wɔbɛyɛɛ awifo nso tee nka saa ara. Ma yɛnka wɔn mu binom ho asɛm.
Obiako ne Onyankopɔn somfo a na wɔfrɛ no Akan, a ɔtraa ase bere tenteenten ansa na wɔrewo Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no. Akan huu atade nguguso fɛfɛ bi, sika nnaame biako, ne nnwetɛbona ahorow bi. Ná ɛnyɛ ne dea. Bible ka sɛ na ɛyɛ Yehowa dea efisɛ na wɔagye afi Onyankopɔn nkurɔfo atamfo nsam. Nanso Akan ani beree araa ma owiae.—Yosua 6:19; 7:11, 20-22.
Nhwɛso foforo bi ni. Bere tenteenten a atwam no, Yehowa paw Dawid sɛ onni Israel man so hene. Da bi, Dawid fii ase hwɛɛ ɔbea hoɔfɛfo, Bat-Seba. Ɔkɔɔ so hwɛɛ Bat-Seba, na odwennwen ɔkwan a obenya no de no akɔ ne fie ho. Nanso, na ɔyɛ Uria yere. Dɛn na anka ɛsɛ sɛ Dawid yɛ?—
Na anka ɛsɛ sɛ Dawid gyae Bat-Seba a na obenya no no ho adwennwen. Nanso wanyɛ saa. Enti Dawid faa no kɔɔ ne fie. Na afei ɔma wokum Uria. Dɛn nti na Dawid yɛɛ saa nneɛma bɔne yi?— Efisɛ ɔkɔɔ so susuw ɔbea a ɔyɛ obi yere a na obenya no no ho.—2 Samuel 11:2-27.
Esiane sɛ Dawid nuu ne ho nti, Yehowa ankum no. Nanso, Dawid hyiaa ɔhaw pii. Na ne ba, Absalom pɛ sɛ otu Dawid ade so di hene. Enti sɛ nkurɔfo ba Dawid nkyɛn a, na Absalom de ne nsa gu wɔn kɔn mu few wɔn ano. Bible ka sɛ: ‘Absalom wiaa Israel mmarima koma.’ Onyaa saafo no ma wɔhwehwɛe sɛ anka ɔno mmom bedi wɔn so hene sen sɛ Dawid bedi wɔn so hene.—2 Samuel 15:1-12.
So woanya biribi ho akɔnnɔ pɛn te sɛ nea Akan, Dawid, ne Absalom nyae no?— Sɛ saa ade no yɛ obi foforo dea na sɛ wofa bere a wɔmmaa wo kwan a, ɛyɛ korɔnbɔ. So wokae ade a na owifo a odi kan, Satan hwehwɛ no?— Ná ɔpɛ sɛ nnipa som no sen sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn. Enti na Satan rebɔ korɔn bere a ɔmaa Adam ne Hawa tiee no no.
Sɛ obi wɔ biribi a, ɔno na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ ɔde yɛ. Sɛ nhwɛso no, ebia wo ne mmofra foforo bɛkɔ akodi agoru wɔ wɔn fie. So ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛfa biribi wɔ hɔ de aba wo fie?— Wuntumi, gye sɛ mmofra no papa anaa wɔn maame ka sɛ wubetumi afa ansa. Sɛ wofa biribi kɔ fie bere a woammisa wɔn a, ɛyɛ korɔnbɔ.
Dɛn na ɛbɛka wo sɛ wia ade?— Biribi a ɛnyɛ wo dea a wopɛ sɛ wofa. Sɛ onipa foforo anhu sɛ worefa mpo a, hena na ohu wo?— Yehowa Nyankopɔn. Na ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn kyi korɔnbɔ. Enti ɔdɔ a wubenya ama Onyankopɔn ne wo yɔnko nnipa no bɛboa wo na woanyɛ owifo da.
Bible da no adi pefee sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wubewia ade. Mesrɛ wo, kenkan Marko 10:17-19; Romafo 13:9; ne Efesofo 4:28.
[Mfonini wɔ kratafa 129]
Dɛn nti na Yuda wiaa ade?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 130]
Nneɛma bɔne bɛn na Akan ne Dawid redwennwen ho no?
[Mfonini wɔ kratafa 130]
Ɔkwan bɛn so na na Absalom yɛ owifo?