Ti 25
So Wɔn a Wɔyɛ Nneɛma Bɔne Betumi Asakra?
SƐ OBIARA yɛ ade pa bere nyinaa a anka ɛbɛyɛ anigye paa, ɛnte saa?— Nanso obiara nni hɔ a ɔyɛ ade pa bere nyinaa. So wunim nea enti a ɛtɔ mmere bi a yɛn nyinaa yɛ nneɛma bɔne, bere a yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ mpo no?— Efisɛ wɔwo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. Nanso nnipa binom yɛ nneɛma pii a enye koraa. Wɔtan nnipa foforo, na wɔhyɛ da pira wɔn. So wususuw sɛ wobetumi asakra na wɔasua sɛ wɔbɛyɛ ade pa?—
Hwɛ aberante a ɔrehwɛ wɔn a wɔresiw Stefano abo no ntade nguguso so no. Ne Hebri din ne Saul, nanso ne Roma din de Paulo. N’ani agye sɛ wɔrekum Stefano a ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no suani no. Ma yɛnhwɛ nea enti a Saul yɛ nneɛma bɔne a ɛte saa no.
Saul yɛ Yudafo nyamesom kuw bi a wɔfrɛ wɔn Farisifo no muni. Farisifo no wɔ Onyankopɔn Asɛm, nanso wɔn ani ku wɔn nyamesom akannifo binom nkyerɛkyerɛ ho mmom. Eyi na ɛmaa Saul yɛɛ nneɛma bɔne no.
Bere a wɔkyeree Stefano wɔ Yerusalem no, na Saul wɔ hɔ. Wɔde Stefano kɔɔ asɛnnibea a na atemmufo no binom yɛ Farisifo. Ɛwom sɛ wɔkaa nsɛmmɔne pii faa Stefano ho de, nanso wammɔ hu. Ɔde akokoduru kasae, na odii atemmufo no adanse pa faa Yehowa Nyankopɔn ne Yesu ho.
Nanso saa atemmufo no ampɛ nea wɔtee no. Ná wonim Yesu ho nsɛm pii dedaw. Nokwarem no, bere tiaa bi ansa na eyi resi no, na wɔama wɔakum Yesu! Nanso ɛno akyi no, Yehowa san faa Yesu de no kɔɔ soro. Afei sɛ anka atemmufo no bɛsakra wɔn akwan no, wɔko tiaa Yesu asuafo no.
Atemmufo no kyeree Stefano, na wɔde no kɔɔ kurow no akyi. Wɔbɔɔ no hwee fam denneennen na wosiw no abo. Na sɛnea wuhu wɔ mfonini no mu no, Saul gyina hɔ rehwɛ. Osusuw sɛ ɛteɛ sɛ wokum Stefano.
So wunim nea enti a na Saul susuw saa no?— Ɛne sɛ, na Saul ayɛ Farisini ne nkwa nna nyinaa, na na osusuw sɛ Farisifo no nkyerɛkyerɛ na ɛyɛ nokware. Ná ɔhwɛ saa mmarima no suasua wɔn.—Asomafo no Nnwuma 7:54-60.
Bere a wokum Stefano no, dɛn na Saul yɛe?— Hwɛ, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtɔre Yesu asuafo a aka no ase! Ɔkɔɔ wɔn afie pɛɛ, kɔtwetwee mmarima ne mmea nyinaa. Na afei ɔma wɔde wɔn koguu afiase. Ɛmaa asuafo no pii tu fii Yerusalem, nanso wɔannyae Yesu ho asɛm ka.—Asomafo no Nnwuma 8:1-4.
Eyi maa Saul ani beree Yesu asuafo no so kɛse mpo. Enti ɔkɔɔ Ɔsɔfo Panyin Kaiafa nkyɛn kɔsrɛɛ hokwan a ɔde bɛkyere Kristofo a wɔwɔ Damasko kurow mu no. Ná Saul pɛ sɛ ɔde wɔn ba Yerusalem sɛ nneduafo ma wɔtwe wɔn aso. Nanso bere a ɔnam kwan so rekɔ Damasko no, anwonwade bi sii.
Hann bi pue fii soro, na ɛnne bi kae sɛ: “Saul, Saul, adɛn na wotaa me?” Ɛyɛ Yesu na na ɔrekasa fi soro! Hann no ano yɛɛ den araa ma ɛmaa Saul ani furae, enti na ɛsɛ sɛ nkurɔfo a wɔka Saul ho no suso ne mu de no kɔ Damasko.
Nnansa akyi no, Yesu daa ne ho adi wɔ anisoadehu mu kyerɛɛ n’asuafo a wɔwɔ Damasko no mu biako a wɔfrɛ no Anania. Yesu ka kyerɛɛ Anania sɛ ɔnkɔ Saul nkyɛn nkobue n’ani no mma no, na ɔnkasa nkyerɛ no. Bere a Anania kasa kyerɛɛ no no, Saul gyee Yesu ho nokwasɛm no dii. Ohuu ade bio. N’asetra kwan nyinaa sakrae, na ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn somfo nokwafo.—Asomafo no Nnwuma 9:1-22.
Afei woahu nea enti a na Saul yɛ nneɛma bɔne no?— Efisɛ na wɔakyerɛkyerɛ no nneɛma a ɛnteɛ. Odii nnipa a na wonni Onyankopɔn nokware akyi. Na na ɔwɔ nkurɔfokuw a wɔde nnipa nsusuwii di Onyankopɔn Asɛm anim no mu. Nanso dɛn nti na Saul sakraa n’asetra kwan na ofii ase yɛɛ papa, ɛmfa ho sɛ na Farisifo a aka no kɔ so ko tia Onyankopɔn no?— Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Saul ntan nokware no ankasa. Enti bere a wɔkyerɛɛ no nea ɛteɛ no, na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ.
So wunim nea akyiri yi Saul bɛyɛe?— Yiw, ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo, Yesu somafo. Na kae sɛ, Paulo kyerɛw Bible mu nhoma pii sen obiara.
Nnipa pii te sɛ Saul a wobetumi asakra. Nanso ɛnyɛ mmerɛw efisɛ obi wɔ hɔ a ɔreyɛ adwuma denneennen sɛ ɔbɛma nkurɔfo ayɛ nneɛma bɔne. So wunim onii ko?— Yesu kaa ne ho asɛm bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Saul wɔ Damasko kwan so no. Ɛhɔ no, Yesu fi soro kasa kyerɛɛ Saul sɛ: ‘Meresoma wo na woabue nkurɔfo ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn.’—Asomafo no Nnwuma 26:17, 18.
Yiw, ɛyɛ Satan Ɔbonsam na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma obiara ayɛ nneɛma bɔne no. So ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ ade a ɛteɛ?— Yɛn nyinaa te nka saa. Satan ma ɛyɛ den. Nanso biribi foforo wɔ hɔ a enti ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no. So wunim nea enti a ɛte saa?— Efisɛ wɔwo yɛn bɔne mu.
Ɛyɛ saa bɔne yi na ɛtaa ma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ ade a ɛnteɛ sen sɛ yɛbɛyɛ ade a ɛteɛ no. Enti dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?— Ɛsɛ sɛ yɛpere sɛ yɛbɛyɛ ade a ɛteɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu dɔ yɛn, na ɔbɛboa yɛn.
Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ nkurɔfo a na wɔayɛ nneɛma bɔne nanso na wɔasakra no. Na onim sɛnea wɔbrɛe ansa na wɔresakra no. Sɛ nhwɛso no, na mmea binom wɔ hɔ a wɔne mmarima pii anya nna mu nkitahodi. Nanso, na eyi yɛ bɔne. Bible frɛ saa mmea yi nguaman, anaa tuutuufo.
Bere bi, ɔbea bi a ɔte saa tee Yesu ho asɛm, na ɔbaa baabi a na ɔte wɔ Farisini bi fie. Ohwiee ngo guu Yesu nan ho na ɔde ne ti nhwi popaa ne nusu fii Yesu nan ho. Onuu ne ho paa wɔ ne bɔne ho, enti Yesu de kyɛɛ no. Nanso Farisini no susuwii sɛ na ɛnsɛ sɛ wɔde kyɛ no.—Luka 7:36-50.
So wunim nea Yesu ka kyerɛɛ Farisifo no binom?— Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nguaman redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Mateo 21:31) Yesu kaa saa efisɛ nguaman no gyee no dii, na wɔsakra fii wɔn akwammɔne ho. Nanso Farisifo no kɔɔ so yɛɛ Yesu asuafo no bɔne.
Enti sɛ Bible ma yehu sɛ nea yɛreyɛ yɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsakra. Na sɛ yehu nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ a, ɛsɛ sɛ yɛde anigye yɛ. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma Yehowa ani agye yɛn ho, na wama yɛn daa nkwa.
Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati sɛ yɛbɛyɛ bɔne no, ma yɛn nyinaa nkenkan Dwom 119:9–11; Mmebusɛm 3:5-7; ne 12:15.
[Mfonini wɔ kratafa 133]
Dɛn nti na Saul susuw sɛ ɛteɛ sɛ wokum Stefano?
[Mfonini wɔ kratafa 135]
Hena na ɔrekasa kyerɛ Saul no, na ɔsoma no sɛ ɔnkɔyɛ dɛn?
[Mfonini wɔ kratafa 136]
Dɛn nti na Yesu de ɔbea yi a wayɛ nneɛma bɔne no bɔne kyɛɛ no?