Ti 28
Sɛnea Wubehu Nea Ɛsɛ sɛ Wutie No
ƐTƆ mmere bi a, ɛyɛ den sɛ yebehu nea ɛsɛ sɛ yetie no. Ebia wo maame anaa wo papa bɛka akyerɛ wo sɛ yɛ biribi. Nanso wo sukuu kyerɛkyerɛfo anaa polisini betumi aka akyerɛ wo sɛ yɛ biribi foforo. Sɛ ɛba saa a, wɔn mu hena na wubetie no?—
Yɛadi kan akenkan Efesofo 6:1-3 afi Bible mu wɔ nhoma yi Ti 7. Ɛka wɔ hɔ sɛ, ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo. Kyerɛwsɛm no ka sɛ: ‘Muntie mo awofo asɛm Awurade mu.’ So wunim nea ‘Awurade mu’ no kyerɛ?— Awofo a wɔwɔ Awurade mu no kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wotie Onyankopɔn mmara.
Nanso mpanyimfo binom nnye Yehowa nni. Enti sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi ka sɛ ɛteɛ sɛ wuwia wɔ sukuu sɔhwɛ mu anaasɛ wofa biribi fi sotɔɔ mu a wuntua ka nso ɛ? So ɛteɛ sɛ abofra bi besisi afoforo anaa obewia ade?—
Kae sɛ bere bi Ɔhene Nebukadnesar hyɛe sɛ obiara nkotow sika honi a ɔde asi hɔ no. Nanso Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego ankotow. So wunim nea enti?— Efisɛ Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ nnipa som Yehowa nkutoo.—Exodus 20:3; Mateo 4:10.
Yesu wui akyi no, wɔde n’asomafo no kogyinaa Sanhedrin, Yudafo nyamesom asɛnnibea no anim. Ɔsɔfo Panyin Kaiafa kae sɛ: “Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ [Yesu] din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo kyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma.” Dɛn nti na asomafo no antie Sanhedrin no?— Bere a Petro regyina asomafo no nyinaa ananmu akasa no, obuaa Kaiafa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.’—Asomafo no Nnwuma 5:27-29.
Saa bere no, na Yudafo nyamesom akannifo no wɔ tumi paa. Nanso na wɔn man no hyɛ Roma aban nniso ase. Na wɔfrɛ saa aban no sodifo no Kaesare. Ɛwom sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ Kaesare bedi wɔn so de, nanso Roma aban no yɛɛ nneɛma pa pii maa ɔman no. Saa ara nso na aban a ɛwowɔ hɔ nnɛ no nso yɛ nneɛma pa ma wɔn manfo. So wunim saa nneɛma yi bi?—
Aban yɛ akwan a yɛfa so tu kwan, na wotua polisifo ne odumgyafo ka ma wɔbɔ yɛn ho ban. Afei nso wotumi sisi sukuu ma mmofra ne baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Egye sika pii na ama aban atumi ayɛ saa nneɛma yi. So wunim faako a aban nya sika no fi?— Efi ɔmanfo hɔ. Wɔfrɛ sika a ɔmanfo tua ma aban no, tow.
Bere a na Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no wɔ asase so no, Yudafo no pii ampɛ sɛ wobetua tow ama Roma aban no. Enti da bi asɔfo no bɔɔ mmarima bi paa sɛ wonkobisa Yesu nsɛm bi mfa nto no brada. Asɛmmisa no ne sɛ: ‘So ɛteɛ sɛ yetua tow ma Kaesare anaasɛ ɛnteɛ?’ Eyi yɛ asɛmmisa a wɔde to brada paa. Sɛ Yesu bua sɛ ‘Yiw, ɛsɛ sɛ mutua tow a,’ Yudafo pii ani rennye ho. Nanso Yesu anka sɛ, ‘Dabi, enhia sɛ mutua tow.’ Anka ɛbɛyɛ nea ɛnteɛ sɛ ɔbɛka saa.
Enti dɛn na Yesu yɛe? Wiɛ, ɔkae sɛ: “Momfa denare mmɛkyerɛ me!” Bere a wɔde bi brɛɛ Yesu no, obisaa wɔn sɛ: ‘Hena mfonini ne ne din na ɛwɔ so yi?’ Ɛnna mmarima no kae sɛ: “Kaesare de.” Enti Yesu kae sɛ: “Ɛnde momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn.”—Luka 20:19-26.
Wiɛ, na obiara ntumi nnya mfomso biara wɔ saa mmuae no ho. Sɛ Kaesare yɛ nneɛma ma nkurɔfo a, ɛnde na ɛteɛ sɛ wɔde sika a Kaesare ayɛ no tua saa nneɛma no ho ka. Enti saa kwan yi so no, Yesu kyerɛe sɛ ɛteɛ sɛ yetua tow ahorow ma aban wɔ nneɛma a yenya fi wɔn nkyɛn no ho.
Nanso, ebia na wunnyinii sɛ wubetua tow. Nanso biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wode ma aban. So wunim dekode?— Osetie a wobɛyɛ ama aban mmara horow. Bible ka sɛ: ‘Muntie tumi a ɛwɔ anuonyam no.’ Saa atumfo yi na wɔwɔ tumi wɔ aban mu. Enti Onyankopɔn na ɔka sɛ ɛsɛ sɛ yedi aban mmara so.—Romafo 13:1, 2.
Wobetumi ahyɛ mmara sɛ yɛnntow krataa anaa nneɛma foforo mpete karkwan so. So ɛsɛ sɛ wudi saa mmara no so?— Yiw, Onyankopɔn pɛ sɛ wudi so. So ɛsɛ sɛ wutie polisifo nso?— Aban tua polisifo ka ma wɔbɔ nkurɔfo ho ban. Tie a yebetie wɔn no te sɛ nea yɛretie aban no ara pɛ.
Enti sɛ worebetwa karkwan mu na sɛ polisini ka sɛ: “Twɛn!” a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?— Sɛ afoforo tu mmirika twa kwan mu a, so ɛsɛ sɛ wutwam bi?— Ɛsɛ sɛ wotwɛn, sɛ wo nkutoo mpo na aka wo a wugyina hɔ a. Onyankopɔn ka kyerɛ wo sɛ yɛ osetie.
Ebia na asɛm bi asi mo mpɔtam, na ebia polisini bi bɛka sɛ: “Obiara nnkɔ karkwan mu. Obiara mmpue.” Nanso ebia wobɛte sɛ wɔreteɛteɛm, na wunhu nea ɛrekɔ so. So ɛsɛ sɛ wupue kɔ abɔnten kɔhwɛ?— So eyi bɛkyerɛ sɛ woretie “tumi a ɛwɔ anuonyam no”?—
Wɔ mmeae pii no, aban no sisi sukuu ahorow na wotua akyerɛkyerɛfo ka. Enti wususuw sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wutie ɔkyerɛkyerɛfo no?— Susuw ho hwɛ. Aban na otua ɔkyerɛkyerɛfo ka ma ɔkyerɛ ade, sɛnea otua polisini ka ma ɔbɔ nkurɔfo ho ban no. Enti polisini anaa ɔkyerɛkyerɛfo a wubetie n’asɛm no te sɛ nea woreyɛ osetie ama aban.
Na sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ka kyerɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wokotow ohoni bi nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ?— Hebrifo mmerante baasa no ankotow ohoni no ɛmfa ho sɛ Ɔhene Nebukadnesar ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa no. So wokae nea enti a wɔanyɛ saa no?— Efisɛ na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn so asoɔden.
Abakɔsɛm kyerɛwfo bi a wɔfrɛ no Will Durant kyerɛw tete Kristofo no ho asɛm na ɔkae sɛ ‘wɔamfa ɔsom a ɛsen biara amma Kaesare.’ Mmom no, wɔde maa Yehowa! Enti kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn di kan wɔ yɛn asetra mu.
Yetie aban efisɛ saa na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ. Nanso sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ biribi a Onyankopɔn ka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka?— Ɛsɛ sɛ yɛka nea asomafo no ka kyerɛɛ ɔsɔfo panyin no bi: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 5:29.
Bible kyerɛkyerɛ sɛ yemmu mmara. Kenkan nea wɔakyerɛw wɔ Mateo 5:41; Tito 3:1; ne 1 Petro 2:12-14 no.
[Mfonini wɔ kratafa 148]
Dɛn na Petro reka akyerɛ Kaiafa no?
[Mfonini wɔ kratafa 149]
Ɔkwan bɛn so na Yesu buaa mmarima yi bradato no?
[Mfonini wɔ kratafa 151]
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie polisini?