Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 34 kr. 177-181
  • Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛbɛba Yɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛbɛba Yɛn So?
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Ɛba Wɔ Owu Mu?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Yesu nyanee Lasaro
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Anidaso Ankasa Wɔ Hɔ Ma W’adɔfo a Wɔawuwu No
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 34 kr. 177-181

Ti 34

Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛbɛba Yɛn So?

SƐNEA wunim no yiye no, ɛnnɛ nnipa nyinyin, wɔyare, na wowuwu. Mmofra bi mpo wu. So ɛsɛ sɛ wusuro owu anaasɛ obi a wawu?— Sɛ yewu a wunim nea ɛba yɛn so?—

Wiɛ, obiara nni hɔ a ɔte ase nnɛ a wawu asan aba nkwa mu abɛka ho asɛm akyerɛ yɛn. Nanso bere a na Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no wɔ asase so no, na ɔbarima bi wɔ hɔ saa. Yebetumi asua nea ɛto wɔn a wowu no denam ne ho nsɛm a yɛbɛkenkan no so. Ná ɔbarima no yɛ Yesu adamfo a ɔte Betania, kurow ketewaa bi a ɛbɛn Yerusalem no mu. Na wɔfrɛ no Lasaro, na na ɔwɔ nuabeanom baanu, a wɔfrɛ wɔn Marta ne Maria. Ma yɛnhwɛ nea Bible ka sɛ esii.

Da bi Lasaro yaree denneennen. Saa bere no na Yesu wɔ akyirikyiri. Enti Marta ne Maria somaa obi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Yesu sɛ wɔn nua Lasaro yare. Wɔyɛɛ eyi efisɛ na wonim sɛ Yesu betumi aba na wama wɔn nua no ho atɔ no. Yesu nyɛ oduruyɛfo, nanso na Onyankopɔn ama no tumi a obetumi de asa yare biara.—Mateo 15:30, 31.

Nanso, ansa na Yesu bɛkɔ akɔhwɛ Lasaro no, na Lasaro yare no mu ayɛ den ma wawu. Nanso Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ Lasaro ada na Ɔbɛkɔ akonyan no. Asuafo no ante nea na Yesu kyerɛ no ase. Enti Yesu kaa no pen sɛ: “Lasaro awu.” Dɛn na eyi kyerɛ fa owu ho?— Yiw, ɛne sɛ owu te sɛ nnahɔɔ. Ɛyɛ nna a emu yɛ den araa ma enti onipa no nsõ dae mpo.

Afei Yesu reba Marta ne Maria nkyɛn. Na abusua no nnamfo pii nso aba hɔ dedaw. Esiane sɛ na wɔn nuabarima no awu nti na wɔaba sɛ wɔrebɛkyekye mmea no werɛ. Bere a Marta tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no. Ankyɛ na Maria nso fii adi kohyiaa Yesu. Ná ne werɛ ahow pii ma ɔresu, na ɔhwee ne nan ase. Ná nnamfo foforo a wodi Maria akyi no nso resu.

Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no bisaa faako a wɔde Lasaro akɔto. Yesu kaa saa no, nkurɔfo no de no kɔɔ ɔboda a na wɔasie Lasaro wom no ho. Bere a Yesu hui sɛ nnipa no nyinaa resu no, ɔno nso fii ase sui. Na onim sɛnea obi dɔfo wu a ɛyɛ yaw fa.

Na wɔde ɔbo asiw ɔboda no ano, enti Yesu kae sɛ: ‘Munyi ɔbo no mfi ɔboda no ano.’ So na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa?— Na Marta susuw sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa. Ɔka sɛ: ‘Awurade sesɛɛ de, wabɔn, na wadi nnannan.’

Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Manka mankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Nyankopɔn anuonyam?” Na Yesu kyerɛ sɛ Marta behu biribi a ɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Dɛn na na Yesu rebɛyɛ? Bere a woyii ɔbo no, Yesu bɔɔ Yehowa mpae denneennen. Afei Yesu de nne kɛse teɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!” So na obefi aba? So obetumi ayɛ saa?—

Wiɛ, so wubetumi anyan obi a wada?— Yiw, sɛ wofrɛ no denneennen a ɔbɛsɔre. Nanso, so wubetumi anyan obi a wada wɔ owu mu anaa?— Dabi. Ɛmfa ho sɛnea wobɛteɛm denneennen afa no, nea wawu no rente. Biribiara nni hɔ a me ne wo anaa onipa foforo biara betumi ayɛ de anyan owufo.

Nanso ɛsono Yesu. Ɔwɔ tumi titiriw bi a efi Onyankopɔn hɔ. Enti bere a Yesu frɛɛ Lasaro no, biribi a ɛyɛ nwonwa sii. Ɔbarima a wawu nnannan no fii ɔboda no mu bae! Wasan aba nkwa mu bio! Otumi home, nantew na ɔkasa bio! Yiw, Yesu nyanee Lasaro fii awufo mu.—Yohane 11:1-44.

Afei susuw ho hwɛ: Dɛn na ɛbaa Lasaro so bere a owui no? So ne fã bi—ɔkra anaa honhom bi—fii ne mu kɔtraa baabi? So Lasaro kra kɔɔ soro? So na nnannan no nyinaa ɔwɔ nkwa mu wɔ soro hɔ wɔ Onyankopɔn ne n’abɔfo kronkron no nkyɛn?—

Dabi, na onni hɔ. Kae sɛ Yesu kae sɛ, na Lasaro ada. Sɛ woda a ɛte dɛn? Sɛ woda hatee a, wunhu nea ɛkɔ so wɔ beae a woda no, ɛnte saa?— Na sɛ wosɔre a, wunhu bere tenten a wode ada, gye sɛ wohwɛ nyansadɔn ansa.

Saa na ɛte wɔ awufo fam. Wonnim biribiara. Wɔnte nka biara. Na wontumi nyɛ hwee. Saa na na ɛte wɔ Lasaro fam bere a owui no. Owu te sɛ nnahɔɔ a onipa no nkae biribiara. Bible ka sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Susuw eyi nso ho hwɛ: Sɛ na Lasaro wɔ soro saa nnannan no a, so anka ɔrenka biribiara mfa ho?— Na sɛ na ɔwɔ soro a, so anka Yesu bɛma wafi beae a ɛyɛ anigye saa asan aba asase so?— Dabida!

Nanso, nnipa pii ka sɛ yɛwɔ ɔkra, na wɔka sɛ ɔkra no kɔ so tra ase wɔ nnipa wu akyi. Wɔka sɛ na Lasaro kra te ase wɔ baabi. Nanso Bible no nka saa. Ɛka sɛ Onyankopɔn maa onipa a odi kan Adam bɛyɛɛ “ɔkra teasefo.” Na Adam yɛ ɔkra. Bible no san ka sɛ bere a Adam yɛɛ bɔne no, owui. Ɔbɛyɛɛ “ɔkra a wawu,” na ɔsan kɔɔ dɔte mu, faako a ofi bae no. Bible san ka sɛ wɔde bɔne woo Adam asefo nyinaa.—Genesis 2:7; 3:17-19; Numeri 6:6; Romafo 5:12.

Ɛnde, na ɛda adi pefee sɛ, yenni ɔkra a ɛsono ɛno ne nipadua no. Yɛn mu biara yɛ ɔkra. Na esiane sɛ nnipa nyaa bɔne fii onipa a odi kan, Adam hɔ nti, Bible ka sɛ: ‘Ɔkra a ɔyɛ bɔne no na obewu.’—Hesekiel 18:4.

Nnipa binom suro awufo. Wɔmmɛn amusiei mpo efisɛ wosusuw sɛ awufo no wɔ akra a afi wɔn nipadua mu a ebetumi ayɛ ateasefo bɔne. Nanso, so obi a wawu betumi ayɛ obi a ɔte ase bɔne?— Dabi, ontumi.

Nnipa binom gye di sɛ awufo betumi asan aba sɛ ahonhom abɛsra ateasefo. Enti wɔde nnuan sisi hɔ ma awufo no. Nanso nnipa a wɔyɛ saa no nnye nea Onyankopɔn ka fa awufo ho no nni ankasa. Sɛ yegye nea Onyankopɔn ka no di a, yɛrensuro awufo. Na sɛ yɛda Onyankopɔn ase ampa wɔ nkwa mu a yɛwɔ no ho a, yɛnam nneɛma a Onyankopɔn pɛ a yɛbɛyɛ so bɛma ada adi.

Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘So Onyankopɔn de mmofra a wɔawuwu no bɛsan aba nkwa mu? So ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa ampa?’ Ma yɛnka ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Ma yɛnkenkan tebea a awufo wom ne ɔkra a onipa yɛ no ho nsɛm pii wɔ Bible no mu wɔ Dwom 115:17; 146:3, 4; ne Yeremia 2:34.

[Mfonini wɔ kratafa 179]

Dɛn na Yesu ayɛ ama Lasaro?

[Mfonini wɔ kratafa 180]

Na Lasaro tebea te dɛn bere a owui no?

[Mfonini wɔ kratafa 181]

Dɛn nti na ntease nnim sɛ yebesuro awufo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena