Ti 40
Sɛnea Yɛbɛma Onyankopɔn Ani Agye
DƐN na yebetumi ayɛ ama Onyankopɔn ani agye? So yebetumi ama no biribi?— Yehowa ka sɛ: “Kwae mu mmoa nyinaa wɔ me.” Ɔka nso sɛ: “Me na dwetɛ wɔ me, na sika wɔ me.” (Dwom 24:1; 50:10; Hagai 2:8) Nanso, biribi wɔ hɔ a yebetumi de ama Onyankopɔn. Ɛyɛ dɛn?—
Yehowa de yɛn pɛ ama yɛn sɛ ebia yɛbɛsom no anaasɛ yɛrensom no. Ɔnhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ. Ma yɛnhwɛ sɛ yebehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛpaw sɛ yɛbɛsom no anaasɛ yɛrensom no.
Ebia wunim ade a wɔfrɛ no robɔt no. Ɛyɛ afiri bi a wɔayɛ a nea ne yɛfo no pɛ sɛ ɛyɛ biara na ɛyɛ. Enti robɔt ntumi mpaw nea ɔbɛyɛ. Anka Yehowa betumi ayɛ yɛn nyinaa ma yɛayɛ sɛ robɔt. Anka obetumi abɔ yɛn ma yɛayɛ nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ nkutoo. Nanso Onyankopɔn anyɛ saa. So wunim nea enti a ɛte saa?— Ɛne sɛ, agode ahorow bi yɛ robɔt. Sɛ wumia biribi so a, agode no yɛ nea ɔyɛfo no yɛe sɛ ɛnyɛ no. So woahu agode bi a ɛte saa pɛn?— Mpɛn pii no, ɛfono nkurɔfo sɛ wɔde agode bi a ɛyɛ nea wɔyɛe sɛ ɛnyɛ nkutoo no bedi agoru. Onyankopɔn mpɛ sɛ yetie no esiane sɛ yɛyɛ robɔt a wahyehyɛ yɛn sɛ yɛnsom no nti. Yehowa pɛ sɛ yegyina ɔdɔ a yɛwɔ ma no so ne osetie a yɛpɛ sɛ yɛyɛ ma no so som no.
Wususuw sɛ yɛn soro Agya no te nka dɛn bere a yefi yɛn pɛ mu som no no?— Wiɛ, ka kyerɛ me, ɔkwan bɛn so na sɛnea woyɛ w’ade ka w’awofo?— Bible ka sɛ ɔba nyansafo “ma n’agya ani gye,” na ɔba kwasea yɛ ne “na awerɛhow.” (Mmebusɛm 10:1) So woahyɛ no nsow sɛ sɛ woyɛ ade a wo maame ne wo papa ka kyerɛ wo a, ɛma wɔn ani gye?— Nanso sɛ woantie wɔn a, wɔte nka dɛn?—
Afei ma yensusuw yɛn soro Agya, Yehowa ho nhwɛ. Ɔkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi ama n’ani agye. Dɛn nti na womfa wo Bible na wummue Mmebusɛm 27:11. Ɛhɔ na Onyankopɔn kasa kyerɛ yɛn sɛ: ‘Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.’ So wunim nea ahohora a wɔbɔ obi no kyerɛ?— Wiɛ, obi betumi aserew wo de abɔ wo ahohora aka sɛ woantumi anyɛ biribi a wokae sɛ wobɛyɛ no. Ɔkwan bɛn so na Satan bɔ Yehowa ahohora?— Ma yɛnhwɛ.
Kae sɛ yesuae wɔ nhoma yi Ti 8 sɛ Satan pɛ sɛ Odi Biribiara So, ne sɛ ɔpɛ sɛ obiara tie no. Satan ka sɛ nkurɔfo som Yehowa esiane sɛ sɛ wɔsom Yehowa a, ɔbɛma wɔn daa nkwa nti. Bere a Satan nyaa Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden no, Satan twaa Onyankopɔn mpoa. Ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: ‘Nea nkurɔfo nya fi wo nkyɛn nti na wɔsom wo. Wo de ma me kwan na hwɛ sɛ merennan obiara mfi wo nkyɛn anaa.’
Ɛyɛ nokware sɛ saa nsɛm no ankasa nni Bible mu de. Nanso sɛ yɛkenkan ɔbarima Hiob ho asɛm a, ɛbɛda adi pefee sɛ Satan kaa biribi a ɛte saa kyerɛɛ Onyankopɔn. Sɛ́ na Hiob bedi nokware ama Onyankopɔn anaasɛ ɔrenni no ho hia Satan ne Yehowa nyinaa. Ma yemmue yɛn Bible nkɔ Hiob Ti 1 ne 2 nkɔhwɛ nea esii.
Hyɛ no nsow wɔ Hiob ti 1 sɛ bere a abɔfo no kohyiaa Yehowa anim wɔ soro no, na Satan wɔ hɔ. Enti Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wufi bae yi?” Satan buae sɛ ofi asase so kyini na ɛbae. Ɛnna Yehowa bisae sɛ: ‘So woadwen Hiob ho sɛ ɔsom me na oyi ne ho fi bɔne ho?’—Hiob 1:6-8.
Ntɛm ara na Satan kaa nsɛm de yiyii ano. ‘Esiane sɛ Hiob nhyia ɔhaw biara nti na ɔsom wo. Sɛ wuyi wo nsa fi ne so a, ɔbɛdome wo.’ Enti Yehowa buaa no sɛ: ‘Yoo Satan, wubetumi ayɛ Hiob nea wopɛ biara, nanso hwɛ na woampira no.’—Hiob 1:9-12.
Dɛn na Satan bɛyɛ?— Ɔmaa nkurɔfo wiaa Hiob anantwi ne mfurum, na wokunkum wɔn a wɔhwɛ wɔn so no. Afei anyinam paee kunkum nguan no ne wɔn a wɔhwɛ wɔn so nyinaa. Akyiri yi, nkurɔfo bae bewiaa mfurum no, na wokunkum wɔn a na wɔrehwɛ wɔn so no. Awiei koraa no, Satan maa ahum dwiriw ɔdan a na Hiob mma du no nyinaa wom no gui, na ekunkum wɔn nyinaa. Eyinom akyi no, Hiob anyae Yehowa som.—Hiob 1:13-22.
Bere a Yehowa hyiaa Satan bio no, Yehowa kae sɛ na Hiob da so ara di no nokware. Satan yii ano kae sɛ: ‘Sɛ woma me kwan ma mede me nsa ka ne honam a, ɔbɛdome wo.’ Enti Yehowa maa Satan de ne nsa kaa Hiob honam, nanso ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ ɔnhwɛ na wankum no.
Satan de ne nsa kaa Hiob ma akuru tutuu ne honam nyinaa. Ɛmaa ne ho bɔnee ma enti na obiara mpɛ sɛ ɔbɛbɛn no. Hiob yere mpo ka kyerɛɛ no sɛ: “Dome Onyankopɔn, na wu!” Wɔn a wɔyɛɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ Hiob nnamfo no ba bɛhwɛɛ Hiob, nanso wɔmaa ne werɛ how kɛse denam ka a wɔkae sɛ ɛbɛyɛ sɛ wayɛ nneɛma bɔne bi nti na ɔhaw yi nyinaa aba no so no. Nanso, ɔhaw ne ɛyaw a Satan ma ɛbaa Hiob so nyinaa akyi no, Hiob de nokwaredi som Yehowa.—Hiob 2:1-13; 7:5; 19:13-20.
Wote nka sɛ Hiob nokwaredi no maa Yehowa tee nka dɛn?— Ɛmaa n’ani gyei efisɛ na Yehowa betumi aka akyerɛ Satan sɛ: ‘Hwɛ Hiob! Ofi ne pɛ mu na ɔsom me.’ So wobɛyɛ sɛ Hiob, obi a Yehowa betumi de wo ayɛ nhwɛso ama Satan ayɛ ɔtorofo?— Nokwarem no, ɛyɛ hokwan sɛ yebenya biribi de abua Satan asɛm a ɔka sɛ obetumi adan obiara afi Yehowa som ho no. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu buu no sɛ ɛyɛ hokwan.
Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no amma Satan annya No amma wanyɛ biribi bɔne biara. Wode susuw sɛnea ne nhwɛso no maa N’agya ani gyei no ho hwɛ! Ná Yehowa betumi de ne nsa akyerɛ Yesu so abua Satan sɛ: ‘Hwɛ me Ba no! Odii me nokware kosii ase esiane sɛ ɔdɔ me nti!’ Afei susuw sɛnea Yesu dii ahurusi sɛ ɔmaa N’agya koma ani gyei no ho hwɛ. Esiane saa anigye no nti, Yesu gyinaa asɛndua ho wu mpo ano.—Hebrifo 12:2.
So wopɛ sɛ woyɛ sɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kɛse no na woma Yehowa ani gye?—Ɛnde kɔ so sua nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ, na ma ne koma ani nnye denam yɛ a wobɛyɛ so!
Kenkan nea Yesu yɛe maa Onyankopɔn ani gyei ne nea ehia sɛ yɛn nso yɛyɛ wɔ Mmebusɛm 23:22-25; Yohane 5:30; 6:38; 8:28; ne 2 Yohane 4.
[Mfonini wɔ kratafa 207]
Dɛn nti na Onyankopɔn anyɛ yɛn sɛ robɔt yi?
[Mfonini wɔ kratafa 208]
Wobɛyɛ dɛn atumi ama Yehowa ne w’awofo nyinaa ani agye?
[Mfonini wɔ kratafa 209]
Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi no, ɔkwan bɛn so na Satan twaa Yehowa mpoa?
[Mfonini wɔ kratafa 210]
Dɛn na Hiob gyinaa ano, na dɛn nti na eyi maa Onyankopɔn ani gyei?