Nea Mmofra Hia Fi Awofo Hɔ
ƆWOFO biara nya dwumadi bi a ɛyɛ den sɛ nnipa betumi ate ase awie mu kyɛfa. Wɔn baanu no mu biara de biribi ma. Ne saa nti nea enyin wɔ maame no yam no yɛ onipa mũ. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ wɔwo akokoaa a, nkurɔfo ka adeyɛ no ho asɛm sɛ “awo yɛ anwonwade.”
Nokwarem no, abawo yɛ ɔwofo asɛyɛde mfitiase ara kwa. Mfiase no, ɛkame ayɛ sɛ wɔyɛ biribiara ma nkokoaa no, nanso bere a wonyin no, wohia nea ɛsen honam fam mmoa a wɔde bɛma wɔn. Wohia mmoa na ama wɔatumi anyin wɔ adwene, nkate, abrabɔ, ne honhom fam.
Sɛ mmofra betumi anyin yiye a, wohia wɔn awofo dɔ titiriw. Ɛwom sɛ wɔn ano a wɔde bɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔdɔ wɔn no ho hia de, nanso ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nnwuma di ho adanse. Yiw, mmofra hia awofo nhwɛso pa. Wohia akwankyerɛ ne nnyinasosɛm a wɔde bɛbɔ wɔn bra. Na wohia eyi fi wɔn mmofraase pɛɛ. Sɛ wɔammoa mmofra ntɛm ma ɛka akyi dodo a, nsɛm a ɛyɛ awerɛhow betumi asisi sɛnea ɛtaa sisi ankasa no.
Bible mu na yebetumi anya nnyinasosɛm ahorow a eye sen biara. Akwankyerɛ a egyina Bible so no so wɔ mfaso soronko. Mmofra nam akwankyerɛ a ɛte saa so hu sɛ nea wɔreka akyerɛ wɔn no nyɛ onipa bi asɛm, na mmom, ɛyɛ wɔn Bɔfo, wɔn soro Agya no, nsɛm. Eyi ma afotusɛm no bɛyɛ nea tumi wom sen biara.
Bible hyɛ awofo nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden mfa nnyinasosɛm ahorow a ɛteɛ nnua wɔn mma adwenem. Nanso, bere a mmofra nyinyin no, ɛtaa yɛ den ma awofo sɛ wɔbɛka nneɛma bi a ɛho hia paa ho asɛm akyerɛ wɔn. Wɔasiesie Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma yi na aboa ma tebea a ɛte saa ansɔre. Ɛbɛma wo ne wo mma anya honhom fam nsɛm a mobɛbom akenkan. Nanso nea ɛsen saa no, ɛsɛ sɛ ɛma mmofra ne wɔn a wɔne wɔn kenkan nhoma yi no tumi bɔ nkɔmmɔ.
Wubehu sɛ nhoma no hwehwɛ sɛ mmofra ma nsɛm ho mmuae. Wɔde nsɛmmisa pii ahyehyɛ mmeae a ɛfata wɔ nhoma no mu. Sɛ wudu nsɛmmisa yi so a, wubehu sɛ wɔasan hɔ (—). Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wugyina na wohyɛ abofra no nkuran ma ɔkyerɛ n’adwene. Mmofra pɛ sɛ wonya biribiara yɛ mu kyɛfa. Sɛ abofra no annya biribi yɛ mu kyɛfa saa a, ɛnkyɛ na n’anigye asa.
Nanso, nea ehia sen biara no, nsɛmmisa yi bɛboa ma woatumi ahu nea ɛwɔ abofra no adwenem. Ɛwom, abofra no betumi ama mmuae a ɛnteɛ. Nanso wɔatintim nsɛm a edi asɛmmisa biara so no na aboa abofra no ma wasusuw nneɛma ho yiye.
Ade titiriw a ɛwɔ nhoma no mu ne mfonini bɛboro 230 a ɛwom no. Wɔabisa nsɛm wɔ mfonini ahorow yi dodow no ara ase a ɛhwehwɛ sɛ abofra no bua, a egyina nea ohu ne nea wakenkan no so. Enti wo ne abofra no nsusuw mfonini ahorow no ho. Ebetumi ayɛ ade a wɔnam so kyerɛkyerɛ a ebesi nneɛma a wɔrekyerɛkyerɛ no so dua yiye.
Sɛ abofra no sua akenkan a, hyɛ no nkuran ma ɔnkenkan nhoma no nkyerɛ wo, na ɔnkenkan wɔ n’ankasa tirim nso. Dodow a ɔkenkan no, dodow no ara na emu afotu pa no bɛka n’adwene ne ne koma mu. Nanso nea ɛbɛyɛ na ɔdɔ ne obu a ɛwɔ wo ne wo ba no ntam mu ayɛ den no, bɔ mmɔden sɛ ɔkwan biara so, mobɛbom akenkan na moayɛ saa daa.
Ɛkame ayɛ sɛ mfe kakra bi a atwam ni no obiara ansusuw sɛ ɛbɛba saa, wɔka anaasɛ woyi nna mu ɔbrasɛe, ahonhonsɛmdi, ne nneyɛe ahorow a ɛmfata kyerɛ mmofra. Enti wohia ahobammɔ, na ɛno na nhoma yi rebɔ mmɔden sɛ ɛde bɛma wɔ nidi mu ne ɔkwan a emu da hɔ so. Nanso, ade titiriw a mmofra hia ne sɛ awofo bɛma wɔahu nyansa Fibea, yɛn soro Agya, Yehowa Nyankopɔn. Eyi na Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no, yɛe bere nyinaa. Yɛwɔ awerɛhyem ankasa sɛ nhoma yi bɛboa wo ne w’abusua ma moabɔ mo bra ma asɔ Yehowa ani, na moanya so nhyira a enni awiei.