“Asase Pa a Ɛtrɛw”
ONYANKOPƆN ka kyerɛɛ Mose wɔ nwura a na ɛrehyew no ho sɛ ‘Ɔrebeyi Ne nkurɔfo afi Misrifo nsam, na ɔde wɔn akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so.’—Ex. 3:8.
Ebia mfonini abien a wɔde kɔmputa ayɛ yi bɛboa wo ma woahu Bɔhyɛ Asase no amantam ne ne tebea a egu ahorow no. (Wɔama asase no so mmepɔw no ayeyɛ atenten sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahu no yiye.) Hwɛ akontaabu pon a wɔde kɔla ayɛ no na hu sɛnea na asase no wɔ soro sen po.
Sɛnea wɔakyekyɛ amantam no mu no ma yehu ɔkwan biako a wɔfaa so hyehyɛɛ asase no amantam no nnidiso nnidiso. Wubetumi ahu amantam no ho nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma wɔ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (Adesua 1, kratafa 270-8) ne Insight on the Scriptures (Po 2, kratafa 568-71) mu.a
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo na wotintimii.
[Nsɛm a Wɔahyehyɛ/Asase mfonini wɔ kratafa 12, 13]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Sɛnea Wɔakyekyɛ Amantam No mu
Asase no so Mmeaemmeae
A. Ɛpo Kɛse no Ano
B. Yordan Atɔe Fam Nsasetaw
1. Aser Asasetaw
2. Dor Mpoano Asase Teaa
3. Saron Mmoa Adidibea
4. Filistea Asasetaw
5. Apuei Fam Atɔe Mfinimfini Bon No
a. Megido Asasetaw
b. Yesreel Bon
D. Yordan Atɔe Fam Mmepɔw
1. Galilea Mmepɔw
2. Karmel Mmepɔw
3. Samaria Mmepɔw
4. Sefela (nkoko)
5. Yuda Man Mmepɔwmmepɔw No
6. Yuda Sare So
7. Negeb
8. Paran Sare So
E. Araba (Obon Kɛse)
1. Hula Suka
2. Galilea Po Dabere
3. Yordan Bon
4. Nkyene Po (Ɛpo a Awu)
5. Araba (Nkyene Po anafo fam)
Ɛ. Yordan Apuei Fam Mmepɔw/Nkoko Tamaa
1. Basan
2. Gilead
3. Amon ne Moab
4. Edom Nkoko Tamaa
F. Lebanon Mmepɔw
[Asase mfonini]
Bepɔw Hermon
Dan
Yerusalem
Beer-Seba
Sɛnea Bɔhyɛ Asase No So Te
mita anammɔn (anam)
2,500 7,500
2,000 6,000
1,500 4,500
1,000 3,000
500 1,500
0 0 (Baabi a Ɛpo Deda)
-500 -1,500
Filistea Asasetaw
Sefela
Yuda Man Mmepɔwmmepɔw No
Yuda Sare So
Obon Kɛse
Nkyene Po
Moab Asase
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Bepɔw Hermon (mita 2,814; anammɔn 9,232)
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Nkyene Po no ano; asase so beae a ɛwɔ fam paa (ɛwɔ fam sen po bɛyɛ mita 400, anammɔn 1,300)