Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gl kr. 30-31
  • Yerusalem ne Asɔrefie a na Yesu Nim No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yerusalem ne Asɔrefie a na Yesu Nim No
  • “Hwɛ Asase Pa No”
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • B11 Asɔrefi a Yesu Bɛtoe No
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Yerusalem ne Salomo Asɔrefie No
    “Hwɛ Asase Pa No”
“Hwɛ Asase Pa No”
gl kr. 30-31

Yerusalem ne Asɔrefie a na Yesu Nim No

Yerusalem/Herode Asɔrefie

YESU awo akyi pɛɛ no, Yosef ne Maria de no kɔɔ kurow a na ne soro Agya de Ne din ato so—Yerusalem—mu. (Luka 2:22-39) Bere a Yesu dii mfirihyia 12 no, ɔkɔɔ hɔ bio kodii Twam. Ne nyansa maa asɔrefie hɔ akyerɛkyerɛfo no ho dwiriw wɔn. (Luka 2:41-51) Saa asɔrefie a na ɛyɛ Herode Ɔkɛseɛ no adansi adwuma no fã no si dii bɛboro “mfirihyia aduanan asia.”—Yoh. 2:20.

Wɔ Yesu som adwuma no mu no, okodii afahyɛ ahorow wɔ Yerusalem, baabi a na ɔtaa kyerɛkyerɛ nkurɔfo akuwakuw no. Mprenu na ɔpamoo sikasesafo ne aguadifo fii asɔrefie no abangua so.—Mat. 21:12; Yoh. 2:13-16.

Yesu saa ɔbarima bi a na wahu amane mfirihyia 38 yare wɔ asɔrefie no atifi fam, wɔ Betesda tare no ho. Onyankopɔn Ba no buee onifuraefo bi ani nso, ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔhohoro so wɔ Siloa ɔtare no mu wɔ kurow no anafo fam.—Yoh. 5:1-15; 9:1, 7, 11.

Ná Yesu taa kɔsra ne nnamfo Lasaro, Maria, ne Marta wɔ Betania a ɛwɔ Yerusalem apuei fam “bɛyɛ akwansin abien” no. (Yoh. 11:1, 18, NW, ase hɔ asɛm; 12:1-11; Luka 10:38-42; 19:29; hwɛ “Yerusalem Mpɔtam,” kratafa 18.) Aka nna kakra ma Yesu awu no, ɔfaa Ngo Bepɔw so kɔɔ Yerusalem. Twa ho mfonini wɔ w’adwenem sɛ ogyinae hwɛɛ kurow no atɔe fam na osu guu so. (Luka 19:37-44) Ɛbɛyɛ sɛ ohuu kurow no sɛnea wuhu wɔ kratafa a edi hɔ atifi no. Afei ɔtraa afurum ba so kɔɔ Yerusalem, a ɛda adi sɛ ɔfaa kurow no apon a ɛwɔ apuei fam no biako mu. Nnipakuw no bɔ gyee no so sɛ Israel Hene a ɔreba.—Mat. 21:9-12.

Nsɛntitiriw a esisii ansa na Yesu rewu no nyinaa sisii wɔ Yerusalem anaa mmeae a ɛbɛn hɔ: Getsemane turom, baabi a Yesu bɔɔ mpae; Sanhedrin asa no so; Kaiafa fie; Amrado Pilato aban, ne awiei koraa no, Golgota.—Marko 14:32, 5:1, 16, 22; Yoh 18:1, 13, 24, 28.

Wɔ Yesu wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛe wɔ Yerusalem ne mmeae a ɛbɛn hɔ. (Luka 24:1-49) Afei, ɔforo kɔɔ soro wɔ Ngo Bepɔw no so.—Aso. 1:6-12.

[Asɛm a Wɔahyehyɛ wɔ kratafa 31]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Yerusalem/Herode Asɔrefie

Asɔrefie No Afã Horow

1. Kronkron mu Kronkronbea

2. Kronkronbea

3. Ɔhyew Afɔremuka

4. Ogu Po

5. Asɔfo Abangua

6. Israel Abangua

7. Mmea Abangua

8. Amanaman Mufo Abangua

9. Ɔfasu (Soreg)

10. Adehye Abrannaa

11. Salomo Abrannaa

ASƆREFIE

Ɔpon

Asɔfo Abangua

Ɔpon

Ɔhyew

Kronkron mu Afɔremuka Israel Mmea

Kronkronbea Kronkronbea Abangua Abangua

Ogu

Po

Ɔpon Salomo

Ɔfasu (Soreg) Abrannaa

Amanaman Mufo

Ɔpon

Adehye Abrannaa

Apon

Antonia Aban

Ɛtwene

Sanhedrin Asa?

TYROPOEON BON

Siloa Ɔtare

Nsuka

Kaiafa Fie?

Amrado Aban

Golgota?

Golgota?

Betesda Ɔtare

Getsemane Turo?

NGO BEPƆW

KIDRON BON

Gihon Nsuaniwa

En-Rogel

HINOM BON (GEHENA)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Nnɛyi Yerusalem de rekɔ apuei fam: (A) asɔrefie mpɔtam, (B) Getsemane turo, (D) Ngo Bepɔw, (E) Yuda sare so, (Ɛ) Ɛpo a Awu

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛnea na wofi Ngo Bepɔw no so hu atɔe fam wɔ Yesu bere so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena