Dwom 117
Yɛmma Yehowa Nkyerɛkyerɛ Yɛn
Nea Yɛaprente
1. Fa anigye sua Yehowa asɛm no daa.
Honhom kronkron se, ‘Bɛnom nkwa nsu kwa.’
Nyankopɔn ama yɛn akwanky’rɛ pa.
Wɔn a nokware kɔm de wɔn bɛmee.
2. Ɛnsɛ sɛ yɛkwati sɛ yebehyia mu da;
Brɛ w’aso ase na sua adepa.
Nyankopɔn honhom, yɛn nuanom wɔ hɔ,
Wɔhyɛ yɛn den ma yɛnantew hann mu.
3. Ano a ɛto ayeyi nnwom hyɛ den paa!
Asuafo tɛkrɛma so dwom yɛ dɛ!
Yɛne yɛn nuanom behyia da biara.
Momma yɛntena wɔn mu daa nyinaa.
(Hwɛ Heb. 10:24, 25; Adi. 22:17 nso.)