Dwom 1
Yehowa Su Horow
Nea Yɛaprente
1. Yehowa, wo tumi yɛ kɛse.
Nkwa nsuti, wone hann Fibea no.
Abɔde ky’rɛ wo tumi kɛse no.
Yebehu pii da kɛse no.
2. W’ahengua no gyina trenee so.
Woma yehu wo trenee no nyinaa.
Sɛ yɛhwɛ w’Asɛm mu a, yebehu
Sɛ wo nyansa no yɛ kɛse.
3. Nea ɛkyɛn ne nyinaa ne wo dɔ.
Yɛn mu biara ntumi ntua ho ka.
Wo su nyinaa ne w’anuonyam din no,
Yɛde anigye bɛkamfo.
(Hwɛ Dw. 36:9; 145:6-13; Yak. 1:17 nso.)