Dwom 7
Kristofo Ahosohyira
Nea Yɛaprente
1. Ampa Yehowa na ɔbɔɔ
Amansan yi nyinaa.
Ɔbɔɔ soro ne asase;
Ne nnwuma yɛ nwonwa.
Wama yɛanya nkwa home,
Wakyerɛ obiara
Sɛ ɔno na ayeyi sɛ no;
Ɛsɛ sɛ yɛsom no daa.
2. Yesu ma wɔbɔɔ no asu;
Ɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn.
Ɔde too n’Agya anim sɛ:
‘W’apɛde na mɛyɛ.’
Ofi Yordan mu pue bae no,
Wɔde honhom sraa no.
Odii nokware yɛɛ osetie.
Ohyiraa ne ho so daa.
3. O Yehowa yɛaba w’anim,
Yɛkamfo wo din no.
Ɛnnɛ yɛapa yɛn ho akyi,
Yɛde yɛn ho ma wo.
Wode wo Ba no ama yɛn;
Ɔtɔɔ yɛn aboɔden.
Yɛrentena ’se mma yɛn ho bio,
Yɛbɛsom wo daa nyinaa.
(Hwɛ Mat. 16:24; Mar. 8:34; Luka 9:23 nso.)