Dwom 17
Adansefo, Monkɔ Mo Anim!
1. Nyankopɔn asomfo gyina hɔ pintinn,
Wɔasiesie wɔn ho, na wɔka asɛmpa no.
Satan de n’ani asi yɛn so,
Nanso yɛn Nyankopɔn bɛhyɛ yɛn den daa.
(NNYESO)
Enti mo Adansefo, monkɔ mo anim!
Munni ah’rusi Nyankopɔn adwuma mu!
Monka mmaa nyinaa, Paradise no abɛn,
Ɛrenkyɛ, ne nhyira nyinaa bɛba.
2. Yah asraafo renni nneɛma pii akyi;
Yɛnhwehwɛ wiase ne atumfoɔ anuonyam.
Yɛmma nkekae mma yɛn ho da.
Yebekura yɛn mũdi mu daa nyinaa.
(NNYESO)
Enti mo Adansefo, monkɔ mo anim!
Munni ah’rusi Nyankopɔn adwuma mu!
Monka mmaa nyinaa, Paradise no abɛn,
Ɛrenkyɛ, ne nhyira nyinaa bɛba.
3. Nnipa bebree mfa Ahenni no nyɛ hwee;
Wɔasɛe din kɛse no, na wɔagu ho fĩ paa.
Momma yɛntew din kronkron no ho;
Ma yɛmmɔ din no nkyerɛ obiara.
(NNYESO)
Enti mo Adansefo, monkɔ mo anim!
Munni ah’rusi Nyankopɔn adwuma mu!
Monka mmaa nyinaa, Paradise no abɛn,
Ɛrenkyɛ, ne nhyira nyinaa bɛba.
(Hwɛ Filip. 1:7; 2 Tim. 2:3, 4; Yak. 1:27 nso.)