Dwom 100
Yɛn Ne Yehowa Dɔm No!
(Yoel 2:7)
1. Yɛn ne Yehowa dɔm no,
Yɛafi Satan nsa,
Yɛka Ahenni asɛm,
Sɛ Yesu di Hene.
Yɛkɔ so nokware mu,
Yetu yɛn ho ma.
Ɛma yesi yɛn bo,
Enti yensuro.
(NNYESO)
Yɛn ne Yehowa dɔm no,
Yɛka Kristo ho;
Nyankopɔn di Hene,
Yɛka ho asɛm.
2. Yɛn ne Yehowa nkoa no,
Yɛhwehwɛ ne nguan,
Wɔn a wɔyɛ ankonam,
Na wɔn werɛ ahow.
Yɛma wɔn aw’rɛkyekye.
Yɛtaa kɔ wɔn nkyɛn;
Yɛfrɛ wɔn sɛ wɔmmra
Faako a yehyia.
(NNYESO)
Yɛn ne Yehowa dɔm no,
Yɛka Kristo ho;
Nyankopɔn di Hene,
Yɛka ho asɛm.
3. Yehowa dɔm kɛse no,
Kristo di wɔn so,
Wɔhyɛ akode nyinaa,
Wɔgyina wɔn nan so.
Yɛbɛhwɛ yɛn ho yie paa
Agyina pintinn.
Sɛ yehyia ɔhaw a,
Yedi nokware.
(NNYESO)
Yɛn ne Yehowa dɔm no,
Yɛka Kristo ho;
Nyankopɔn di Hene,
Yɛka ho asɛm.
(Hwɛ Efe. 6:11, 14; Filip. 1:7; Filem. 2 nso.)