Dwom 44
Fa Anigye Yɛ Otwa Adwuma no Bi
Nea Yɛaprente
1. Ɛb’re yi yɛ otwa b’re kɛse;
Ɛyɛ hokwan kɛse ma yɛn.
Nyankopɔn abɔfo ka yɛn ho
Na yɛreyɛ adwuma yi.
Kristo ayɛ nhwɛso ama yɛn;
Wadi kan adwuma no mu.
Hokwan a yɛanya yi yɛ anigye,
Sɛ yebetwa nnɔbae no bi.
2. Yɛn Nyankopɔn dɔ ne yɔnkodɔ
Pia yɛn ma yetwa nnɔbae no.
Otwa adwuma no gye ntɛmpɛ,
Efisɛ awiei no abɛn.
Yɛne Nyankopɔn yɛ adwuma,
Enti yenya anigye pii.
Yɛbɛka Ahenni ho asɛm no,
Na yebenya nhyira pii.
(Hwɛ Mat. 24:13; 1 Kor. 3:9; 2 Tim. 4:2 nso.)