Dwom 45
Kɔ W’anim!
1. Kɔ w’anim kosi sɛ wo ho bɛkokwaw!
Yɛn Nyankopɔn pɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ yɛn anim.
Bɔ mmɔden yɛ asɛnka adwuma no.
Nyankopɔn behyira wo.
Obiara betumi ayɛ bi.
Ɛno ne adwuma Yesu yɛe.
Fa wo ho to Nyankopɔn so daa nyinaa;
Gyina pintinn trenee mu.
2. Kɔ w’anim; fa ahoɔden ka asɛm no!
Ka nkwagye asɛmpa kyerɛ nnipa nyinaa.
Kamfo Yehowa Nyankopɔn yɛn Hene;
Ka asɛm apon ano.
Atamfo pɛ sɛ yɛn koma tu.
Kɔ w’anim, ka ma obiara nte,
Efisɛ Kristo Ahenni no aba.
Kɔ so ky’rɛky’rɛ daa nyinaa.
3. Kɔ w’anim, na yɛ sankɔhwɛ b’re nyinaa,
Ma w’asɛnka nkɔ so, na adwuma pii wɔ hɔ.
Ma wo Nyankopɔn honhom no nkanyan wo.
Hwehwɛ ne hɔ anigye.
Dɔ nnipa wunya wɔn no nyinaa.
Ma wo nky’rɛky’rɛ no nkã wɔn koma.
Boa wɔn nyinaa ma wɔnkɔ wɔn anim daa,
Nokware hann bɛhyerɛn.
(Hwɛ Filip. 1:27; 3:16; Heb. 10:39 nso.)