Dwom 46
Yehowa Ne Yɛn Hene!
1. Fa anuonyam ma yɛn Nyankopɔn,
Na ɔsoro ma yehu ne trenee no.
Momma yɛnto anigye dwom mma Nyankopɔn.
Ma w’ani nku ne nnwuma no ho.
(NNYESO)
Ɔsoro ani nnye, Asase, monto dwom,
Efisɛ Yehowa yɛ Hene!
Ɔsoro ani nnye, Asase, monto dwom,
Efisɛ Yehowa yɛ Hene!
2. Monka n’anuonyam wɔ aman mu;
Ka ne nkwagye nnwuma akɛse no daa.
Yehowa yɛ Hene; Ɔfata ayeyi.
Yɛkotow n’ahengua no anim.
(NNYESO)
Ɔsoro ani nnye, Asase, monto dwom,
Efisɛ Yehowa yɛ Hene!
Ɔsoro ani nnye, Asase, monto dwom,
Efisɛ Yehowa yɛ Hene!
3. Wɔde ne nniso no asi hɔ.
Ɔde ne Ba no asi ahengua so.
Momma wiase anyame anim ngu ase.
Ayeyi nka yɛn Nyankopɔn no.
(NNYESO)
Ɔsoro ani nnye, Asase, monto dwom,
Efisɛ Yehowa yɛ Hene!
Ɔsoro ani nnye, Asase, monto dwom,
Efisɛ Yehowa yɛ Hene!
(Hwɛ 1 Be. 16:9; Dw. 68:20; 97:6, 7 nso.)